Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Norway

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Norway

MFE kakra a atwam no, na awarefo bi a aka kakra ma wɔadi mfe 50 a wɔfrɛ wɔn Roald ne Elsebeth te Bergen. Ɛno ne Norway kurow a ɛto so abien a ɛso paa. Na wodi yiye wɔ asetenam. Na wɔne wɔn babea Isabel ne wɔn babarima Fabian nyinaa som fɛfɛɛfɛ wɔ asafo no mu. Na Roald yɛ asafo mu panyin, na na ne yere Elsebeth yɛ ɔkwampaefo; na Isabel ne Fabian nso yɛ adawurubɔfo a wɔbɔ mmɔden.

September 2009 no, abusua yi sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ akodi nnawɔtwe biako wɔ akuraa bi ase akɔka asɛm no wɔ hɔ. Enti Roald ne ne yere Elsebeth ne wɔn babarima Fabian a na wadi mfe 18 no tuu kwan kɔɔ Nordkyn. Ɛyɛ supɔw bi a ɛwɔ Finnmark mantam mu wɔ Arctic Circle atifi. Wɔkaa asɛm no wɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Kjøllefjord ase. Na anuanom mmarima ne mmea foforo nso aba akuraa no ase rebɛka asɛm no, na wɔne wɔn boom yɛɛ adwuma. Roald kae sɛ: “Nnawɔtwe no fii ase no, ɛyɛɛ me dɛ sɛ mitumi totoo me nneɛma yiye de me  ho hyɛɛ dwumadi titiriw yi mu.” Nanso saa nnawɔtwe no ara, Roald tee asɛm bi ma egyaw no adwinnwen. Asɛm bɛn na esii?

ASƐM NO PEM NO!

Roald Kae sɛ: “Da bi, ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Finnmark a wɔfrɛ no Mario bisaa me asɛm bi a na menhwɛ kwan. Ɔkae sɛ asafo bi wɔ Lakselv a adawurubɔfo 23 wom, na obisae sɛ yebetumi akɔboa anaa.” Asɛm no pem Roald. Ɔkae sɛ: “Ná me ne Elsebeth asusuw ho sɛ yebetu akɔ baabi a wohia mmoa akɔka asɛm no. Nanso ɛnyɛ saa bere no, efisɛ na yɛpɛ sɛ mmofra no tew wɔ ho ansa.” Nanso nna kakra a Roald dii wɔ hɔ no maa ɔno ankasa hui sɛ nnipa pii pɛ Yehowa ho asɛm atie. Seesei na wohia mmoa na ɛnyɛ daakye. Roald kae sɛ: “Asɛm no ne me tiboa dii apere, na egyaw me kɔdaanna.” Mario de Roald ne n’abusua twaa kwan kilomita 240 (kwansin 150) kɔɔ Lakselv a ɛwɔ Kjøllefjord anafo. Ná Mario pɛ sɛ abusua no ankasa de wɔn ani kɔhwɛ asafo ketewa a ɛwɔ hɔ no.

Asafo mu mpanyimfo abien na wɔwɔ Lakselv. Bere a ahɔho yi koduu hɔ no, ɔpanyin biako a wɔfrɛ no Andreas de wɔn kokyinkyin kurom hɔ, na ɔkɔkyerɛɛ wɔn Ahenni Asa a ɛwɔ hɔ. Anuanom a wɔwɔ hɔ no gyee wɔn fɛw so, na wɔka kyerɛɛ Roald ne Elsebeth sɛ, sɛ wɔn abusua no tu ba hɔ bɛboa wɔn ma wɔyɛ Ahenni adwuma no a, anka wɔn ani begye paa. Andreas serewee, na ɔkae sɛ yɛapɛ adwuma wɔ ha ama Roald ne Fabian dedaw! Nea aka ara ne sɛ wɔbɛkɔ ma wɔabisabisa wɔn nsɛm. Dɛn na Roald ne n’abusua bɛyɛ?

GYINAE BƐN NA WOBESI?

Asɛm a Fabian dii kan kae ne sɛ: “Me de, enni me mu sɛ metu aba ha.” Na ɔwɔ nnamfo a ɔne wɔn abɔ ara fi ne mmofraase wɔ n’asafo mu, na na ɛhaw no sɛ obegyaw wɔn hɔ. Bio, na n’ani nnye ho sɛ obetu akɔtena akuraase. Na ɔresua anyinam mfiri ho adwuma, na na ɔmpɔn ne ho. Wobisaa Isabel (a saa bere no na wadi mfe 21) nso sɛ n’adwene yɛ no dɛn? Ɔde anigye buae sɛ: “Ɛno ara ne ade a ɛda me koma so sɛ mɛyɛ!” Nanso Isabel kae sɛ: “Mesan dwenee asɛm no ho bio, na mibisaa me ho sɛ, ‘Mekɔ a, ebesi me dɛn ni? M’ani begyina me nnamfo anaa? Minya biribiara a mepɛ wɔ m’asafo mu, enti mentena ha yi ara anaa?’” Elsebeth nso ɛ, asɛm bɛn na ɔkae? Ɔkae sɛ: “Me de, mihu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn abusua no tu ba ha bɛboa nanso nea mesan dwen ho ne yɛn fie a yɛasiesie nnansa yi ara ne nneɛma a yɛde mfe 25 apɛ agu mu no.”

Elsebeth ne Isabel

Bere a Roald ne n’abusua dii nnawɔtwe biako wɔ Finnmark no, wɔsan twaa kwan kilomita 2,100 (akwansin 1,300) kɔɔ Bergen. Wɔkɔe no na wɔda so ara dwen wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea a wɔwɔ Lakselv no ho. Elsebeth kae sɛ: “Mebɔɔ ho mpae kyerɛɛ Yehowa mpɛn pii, na me ne nnamfo a yenyae wɔ hɔ dii nkitaho. Mede foto kɔma wɔn na wɔn nso de bi abrɛ me; minya suahu bi a meka kyerɛ wɔn; wɔn nso nya bi a wɔka kyerɛ me.” Roald nso kae sɛ: “Mihu sɛ ɛnyɛ gyinae a yesi no gya-so-gya-so; mihia bere. Afei nso na ɛsɛ sɛ mihu sɛ, sɛ yetu kɔ a, yebenya adwuma bi ayɛ ahwɛ yɛn ho. Yɛbɛyɛ dɛn anya nea yehia? Mebɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii, na me ne m’abusua ne anuanom a wɔn ho akokwaw susuw ho.” Fabian kae sɛ: “Madwen asɛm no ho ara, na mihu sɛ biribiara nni hɔ a ɛtwe me san. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa, na nkakrankakra m’ani begyee ho sɛ mɛkɔ.” Isabel nso ɛ? Ofii akwampae adwuma ase wɔ ne kurom, na sɛ wotu kɔ ampa a, aboa no. Ɔyɛɛ akwampae adwuma no asram asia, na saa bere no nyinaa ogyee bere suaa Bible. Enti afei de na wayɛ krado sɛ ɔbɛkɔ.

WOTUU ANAMMƆN

Afei bere a abusua no sii pi sɛ wobetumi akɔsom wɔ baabi a adawurubɔfo nnɔɔso no, wotuu ho anammɔn. Na Roald ani gye adwuma a ɔyɛ no ho efisɛ na sika wom nanso ɔka kyerɛɛ n’adwumawura sɛ ɔpɛ sɛ ɔsrɛ kwan afe biako fi adwumam a ɔrennye akatua. Nanso n’adwumawura ne no yɛɛ nhyehyɛe bi—ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra adwuma nnawɔtwe abien na ɔmfa nnawɔtwe asia a edi hɔ no. Eyi kɔɔ so ara afe biako. Roald kae sɛ: “M’akatua so tewee de, nanso nhyehyɛe no boae.”

Elsebeth kae sɛ: “Me kunu ka kyerɛɛ me sɛ memmɔ mmɔden mpɛ dan wɔ Lakselv na memfa yɛn fie a ɛwɔ Bergen no mma ahan. Egyee bere pii nanso yenyaa bi. Akyiri yi mmofra no nyaa adwuma kakra  yɛe, na wɔsɔɔ yɛn asen ma yetuaa aduan ne kar ho ka.”

Isabel nso kae sɛ: “Kurow a yetu kɔɔ mu no yɛ kurow ketewa, enti na ɛyɛ den sɛ menya adwuma ayɛ de ahwɛ me ho ayɛ akwampae adwuma no. Ɛtɔ bere bi a na m’abam reyɛ abu.” Nanso Isabel nyaa nnwuma nketenkete bi yɛe, na ɛboaa no ma ɔtotɔɔ nea ohia. Afe a edi kan mu no, ɔsesaa adwuma mpɛn akron. Fabian nso ɛ, ɔbra no sii no dɛn? Ɔkae sɛ: “Manwie anyinam mfiri ho adwuma a na meresua no, enti yɛbaa Lakselv no, metoaa so. Akyiri yi mekyerɛw ho sɔhwɛ twae, na minyaa adwuma bi a na meyɛ no nkakrankakra.”

NEA AFOFORO YƐ DE TRƐW WƆN SOM MU

Marelius ne Kesia redi Samini bea bi adanse wɔ Norway

Marelius ne ne yere Kesia nso pɛ sɛ wɔkɔboa wɔ baabi a wohia mmoa ma wɔaka asɛm no. Seesei Marelius adi mfe 29, na ɔka sɛ: “Mekɔ ɔmantam nhyiam a, wɔtaa ka akwampae adwuma ho asɛm na afoforo nso ka osuahu a wɔanya, na eyi na ɛmaa me kɔn dɔe sɛ mɛtrɛw me som mu.” Seesei Kesia nso adi mfe 26, na na ɛyɛ no den sɛ obegyaw n’abusua hɔ akɔ baabi a wohia mmoa. Ɔkae sɛ: “Ná ɛhaw me sɛ megyaw m’adɔfo hɔ akɔ akyirikyiri akɔboa.” Afei nso na Marelius de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma de tua ofie a wɔte mu ho ka. Ɔkae sɛ: “Yɛbɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii srɛɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ nsakrae a ehia. Ɔboaa yɛn na yetumi tu kɔe.” Ansa na wɔrebɛkɔ no, wɔbɔɔ mmɔden de bere pii sua Bible. Afei wɔtɔn wɔn fie, wogyaee wɔn adwuma, na August 2011 mu no, wotu kɔɔ Alta wɔ Norway atifi fam. Wɔkɔɔ hɔ no, wɔpɛɛ nnwuma bi yɛe de hwɛɛ wɔn ho sɛnea wobetumi akɔ so ayɛ akwampae adwuma no. Ná Marelius hwɛ sika so wɔ adwuma bi mu, ɛnna Kesia nso yɛ adwuma wɔ sotɔɔ bi mu.

Knut ne Lisbeth yɛ awarefo a seesei wɔadi boro mfe 30. Anuanom suahu a wɔkenkan wɔ Yearbook mu no kaa wɔn koma paa. Anuanom a wɔkenkan wɔn suahu no tuu wɔn ho mae kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii. Lisbeth kae sɛ: “Wɔn suahu no maa yɛn kɔn dɔe sɛ yɛbɛkɔ amannɔne akɔyɛ asɛnka adwuma no. Nanso na mintumi nsi pi efisɛ na minnye nni sɛ metumi ayɛ.” Nanso wɔante antena, wotuu ho anammɔn. Knut kae sɛ: “Yɛtɔn yɛn fie, na yɛne me maame kɔtenae sɛnea yebetumi asie sika kakra. Akyiri yi yɛkɔtenaa Lisbeth maame nkyɛn wɔ Bergen sɛnea yebetumi ne Borɔfo asafo a ɛwɔ hɔ abɔ afe biako. Ná Borɔfo asafo no bɛboa yɛn ma yɛahu amannɔne asetena ani so kakra.” Afei de na Knut ne Lisbeth ayɛ krado sɛ wobetu, na wotui nso—wɔkɔɔ Uganda. Afe biara na wɔsan kɔ Norway kɔyɛ adwuma asram abien de pɛ sika kakra. Ná ɛboaa wɔn ma wɔde bere a aka no nyinaa kaa asɛm no wɔ Uganda.

“MONKA NHWƐ NA MUNHU SƐ YEHOWA YE”

“Ɔdɔ a ɛwɔ yɛn abusua mu no ayɛ kɛse.”—Roald

Bere a anuanom tuu wɔn ho mae no, esii wɔn dɛn? Roald kae sɛ: “Yɛn abusua no nya bere pii bom yɛ nneɛma wɔ akuraa ha sen Bergen. Ɔdɔ a ɛwɔ yɛn  abusua no mu ayɛ kɛse. Mihu sɛ mmofra no ayɛ den wɔ Yehowa som mu, na eyi yɛ nhyira ankasa.” Ɔka kaa ho sɛ: “Seesei yɛnhaw yɛn ho pii wɔ honam fam nneɛma ho bio. Kan no na yesusuw sɛ yehia honam fam nneɛma pii, nanso yɛahu sɛ pii ho nhia.”

Elsebeth hui sɛ ehia sɛ osua kasa foforo. Dɛn ntia? Efisɛ Karasjok wɔ Lakselv Asafo no asasesin mu, na Samifo na wɔte hɔ. Samifo na wɔtete Norway, Sweden, Finland, ne Russia aman no atifi fam. Enti Elsebeth suaa Sami kasa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aka asɛmpa no akyerɛ saafo no. Seesei wate kasa no kakra a otumi de bɔ nkɔmmɔ. So n’ani ka asasesin foforo yi mu? Ɔde anigye kae sɛ: “Me ne nnipa baasia na esua Bible. Sɛ ɛnyɛ ha na mɛtena a, ɛhe bio!”

Seesei Fabian yɛ daa kwampaefo na ɔsan yɛ asafo mu somfo. Ɔkae sɛ ɔne Isabel aboa mmabun baasa a wɔwɔ asafo foforo no mu ma seesei wɔde wɔn ho hyɛ asafo no dwumadi nyinaa mu. Saa mmabun baasa no nyinaa reyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Wɔn mu baanu abɔ asu, na wɔyɛɛ akwampaefo boafo wɔ March 2012 mu. Fabian ne Isabel boaa ɔbabun bi a na wayɛ mmerɛw wɔ nokware no, na ɔdaa wɔn ase sɛ wɔaboa no ma wasan agyina ne nan so bio. Fabian kae sɛ: “Asɛm a ɔkae no kaa me koma paa. Sɛ wutumi boa obi a, wuhu sɛ wo koma atɔ wo yam!” Isabel nso kae sɛ: “Adwuma yi ama ‘maka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye ampa.’” (Dw. 34:8) Ɔde kaa ho sɛ: “Nokwasɛm ni, m’ani ka ha paa!”

Marelius ne Kesia ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, nanso wɔn ani gye paa. Asafo a wɔkɔɔ mu wɔ Alta no kura adawurubɔfo 41. Marelius kae sɛ: “Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi a, yehu sɛ yɛn asetena asesa ma ayɛ fɛ kwa. Yɛda Yehowa ase sɛ yɛanya hokwan reyɛ akwampae adwuma no wɔ ha. Biribiara nni hɔ a ɛma akomatɔyam saa.” Kesia ka too so sɛ: “Mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so korakora, na wahwɛ me so abesi nnɛ. Afei seesei a me ne m’abusuafo nte faako no, da biara a mɛkɔ akɔsra wɔn no m’ani gye paa.”

Knut ne Lisbeth ne abusua bi resua ade wɔ Uganda

Na Knut ne Lisbeth nso ɛ? Nneɛma rekɔ dɛn ma wɔn wɔ Uganda? Knut kae sɛ: “Egyee bere kakra ansa na yɛn ho regye hɔ. Ɛnyɛ daa na yenya nsu ne anyinam ahoɔden, na ɛtɔ da bi a na yɛn yafunu aka ne ho kakra, nanso anigyesɛm ne sɛ yetumi yɛ Bible adesua dodow biara a yɛpɛ!” Lisbeth kae sɛ: “Asasesin bi bɛn yɛn a obiara nkɔkaa asɛm no wɔ hɔ da. Nanso sɛ yɛkɔ hɔ a, yehu sɛ nkurɔfo rekenkan Bible, na wɔka sɛ yɛnkyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ wokyerɛkyerɛ ahobrɛasefo a wɔte saa Bible mu asɛm a, wunya anigye a enni kabea!”

Sɛ yɛn Kannifo Kristo Yesu te soro na ohu sɛ adwuma a ofii ase wɔ asase so no, yɛatumi ayɛ akɔ wiase afanan nyinaa a, n’ani gye paa! Nokwasɛm ni, Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ani gye ho sɛ wobetu wɔn ho ama koraa adi Yesu ahyɛde yi so: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—Mat. 28:19, 20.