Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Myanmar

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Myanmar

YESU kaa sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa Wura no na ɔnsoma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Luka 10:2) Saa asɛm a Yesu kae bɛyɛ mfe 2,000 a atwam no, ɛfa tebea a ɛwɔ Myanmar nnɛ ho pa ara. Adɛn nti na yɛreka saa? Adawurubɔfo bɛyɛ 4,200 pɛ na wɔreka asɛmpa no akyerɛ nnipa ɔpepem 55 wɔ Myanmar.

Nanso, Yehowa a ɔne “otwa Wura no” aka anuanom mmarima ne mmea ɔhaha pii a wofi aman ahorow so koma ama wɔaba ɔman a ɛwɔ Asia Anafo fam apuei yi reboa asɛnka adwuma no. Dɛn na ɛma wotu fii wɔn man mu? Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotu fii wɔn man mu kɔɔ Myanmar? Nhyira bɛn na wɔanya? Momma yɛnhwɛ.

“MOMMRA, YEHIA AKWAMPAEFO PII!”

Kazuhiro yɛ ɔkwampaefo wɔ Japan. Mfe bi a atwam no, n’ani so birii no ma otwa hwee ma ade tɔɔ no so, na wɔde no kɔɔ ayaresabea. Dɔkota ka kyerɛɛ Kazuhiro sɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kar mfe mmienu. Asɛm no maa Kazuhiro ho dwiriw no. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn akɔ so ayɛ akwampae adwuma a m’ani gye ho pa ara no?’ Ɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Yehowa sɛ ommue kwan bi mma no mma ontumi nkɔ so nyɛ akwampae adwuma no.

Kazuhiro ne Mari

Kazuhiro kaa sɛ: “Bosome baako akyi no, m’adamfo bi a na ɔreyɛ ɔsom adwuma no wɔ Myanmar tee m’asɛm no. Ɔfrɛɛ me ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Myanmar de, bɔs pa ara na yɛforo kɔ baabiara. Sɛ woba ha a, wubetumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no a ɛrenhia sɛ wunya kar!’ Mibisaa me dɔkota no sɛ me tebea no bɛma matumi akɔ Myanmar anaa. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ dɔkota no kaa sɛ: ‘Dɔkota bi a ɔwɔ amemene ho nimdeɛ pa ara fi Myanmar reba Japan saa bere yi. Mɛka wo ho asɛm akyerɛ no. Sɛ ɛkɔba sɛ wutwa hwe bio a, obetumi ahwɛ wo.’ Mefaa asɛm a dɔkota no kae no sɛ Yehowa abua mpae a mebɔe no.”

Ntɛm ara na Kazuhiro de e-mail kɔɔ Myanmar baa dwumadibea de bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ, ɔne ne yere pɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma wɔ Myanmar. Nnanum pɛ akyi no, baa dwumadibea no maa wɔn mmuae sɛ, “Mommra, yehia akwampaefo pii!” Kazuhiro ne ne yere Mari tɔn wɔn kar mmienu, wokogyee tumi krataa a ɛbɛma wɔatumi atena ɔman no mu, na wɔtɔɔ tekiti a wɔde bɛforo wimhyɛn. Ɛnnɛ, wɔde anigye resom wɔ kuw bi a wɔka mum kasa mu wɔ Mandalay. Kazuhiro ka sɛ: “Asɛm yi ama yɛahu sɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 37:5 no mu ayɛ den. Ɛka sɛ: ‘Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.’”

YEHOWA BUEE KWAN NO

Afe 2014 no, Yehowa Adansefo yɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Myanmar. Afoforo fi amannɔne kɔɔ nhyiam no bi. Wɔn mu baako ne onuawa Monique a ofi United States; wadi mfe 34. Ɔka sɛ: “Bere a mifi nhyiam no kɔɔ me kurom no, mebɔɔ Yehowa mpae wɔ biribi foforo a mepɛ sɛ meyɛ wɔ m’asetena mu ho. Me ne m’awofo nso bɔɔ botae a mede asisi m’anim wɔ Yehowa som mu ho nkɔmmɔ. Yɛn nyinaa gye toom sɛ ɛsɛ sɛ mesan kɔ Myanmar. Nanso egyee bere kakra, na mebɔɔ ho mpae pii ansa na meresi gyinae koraa sɛ mɛkɔ.” Monique kyerɛɛ nea enti a egyee no bere kakra.

Monique ne Li

Bible ka sɛ: “Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ ‘wɔnsẽsẽ wɔn ho.’ Enti mekaa no me tirim sɛ: ‘Metumi atu akɔtena hɔ anaa? Metumi ahwɛ me ho wɔ saa man no mu a meremfa bere pii nyɛ honam fam adwuma?’” Onuawa no kaa sɛ: “Ankyɛ koraa na mihui sɛ minni sika a metumi de atu kwan akɔ ɔman a ɛwɔ akyirikyiri saa no so.” Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na otumi tu kɔtenaa hɔ?—Luka 14:28.

Monique kaa sɛ: “Da bi, m’adwumawura kaa sɛ mimmehu no. Ehu kaa me, na ɛyɛ me sɛ ɔrebeyi me adi. Mmom no, nea ɛkɔbae ne sɛ, ɔdaa me ase sɛ mereyɛ adwuma pa. Afei, ɔka kyerɛɛ me sɛ wayɛ nhyehyɛe sɛ adwumakuw no nkyɛ me sika. Sika a wɔde kyɛɛ me no, ɛno pɛpɛɛpɛ na na mihia de atuatua me ho aka!”

Monique ayɛ ɔsom adwuma no wɔ Myanmar fi December 2014. Ɔman a wohia asɛmpakafo pii a Monique reyɛ asɛnka adwuma wɔ hɔ no, ɔte nka sɛn? Ɔka sɛ: “M’ani agye pa ara sɛ mebaa ha. Meyɛ Bible adesua mmiɛnsa. Wɔn a me ne wɔn sua ade no baako adi mfe 67. Bere nyinaa serew na ɔde kyia me, na ɔyɛ me atuu. Bere a ohui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa no, ɛkaa ne koma ma osui. Ɔbea a me ne no sua ade no kaa sɛ: ‘Wei ne nea edi kan wɔ m’asetenam a mate sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Manyin sen wo koraa, nanso wo na woakyerɛ me biribi a ɛho hia sen biara.’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ me nso misui. Osuahu a ɛte sei ma wunya akomatɔyam bere a woreyɛ ɔsom adwuma no wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii.” Nnansa yi, Monique nyaa hokwan kɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu.

Ade foforo a ɛhyɛ ebinom nkuran ma wɔba Myanmar ne ɔman no ho asɛm a ɛbaa afe 2013 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu no. Ná onuawa bi a ne din de Li te Asia dedaw. Wadi mfe 30 ne kakra. Ná ɔde ne bere nyinaa yɛ honam fam adwuma, nanso Yearbook no mu asɛm no kaa ne koma ma osusuw ho sɛ ɔbɛkɔ akɔsom wɔ Myanmar. Ɔkaa sɛ: “Afe 2014, bere a mekɔɔ nhyiam titiriw wɔ Yangon no, mihyiaa awarefo bi a na wɔresom wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Ná wɔka asɛmpa no kyerɛ Chinafo a wɔte Myanmar. Esiane sɛ na meka China kasa nti, meyɛɛ m’adwene sɛ metu akɔ Myanmar akɔboa kuw bi a ɛwɔ hɔ a wɔka China kasa. Me ne Monique tu kɔɔ Mandalay. Yehowa boaa yɛn ma yenyaa adwuma a ɛrennye yɛn bere pii. Yɛn mmienu nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo wɔ sukuu baako mu, na yenyaa dan wɔ baabi a ɛbɛn sukuu no. Ɛwom sɛ ewim yɛ hyew, na ahokyere kakra wɔ ha de, nanso m’ani gye wɔ ɔsom adwuma no mu pa ara. Nnipa a wɔwɔ Myanmar asetena nyɛ kyenkyenee, nanso wobu ade, na wogye bere tie asɛmpa no. Ɛyɛ anigye pa ara sɛ yehu sɛ Yehowa ama asɛnka adwuma no renya nkɔso ntɛmntɛm. Migye di pa ara sɛ, na Yehowa pɛ sɛ meba Mandalay ha.”

YEHOWA TIE MPAEBƆ

Anuanom bebree a wɔreboa wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii ahu sɛ mpaebɔ yɛ adwuma pa ara. Yɛnhwɛ Jumpei ne ne yere Nao. Jumpei adi mfe 37, na Nao adi mfe 35. Ná wɔwɔ asafo bi a wɔka mum kasa mu wɔ Japan. Adɛn nti na wotu kɔɔ Myanmar? Jumpei ka sɛ: “Efi bere tenten na me ne me yere de yɛɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ ɔman bi a wohia asɛmpakafo pii mu akɔyɛ ɔsom adwuma no. Onua bi a na yɛne no wɔ asafo bi a wɔka mum kasa mu wɔ Japan tu kɔɔ Myanmar. Ɛwom sɛ na yɛn sika a yɛde asie sua de, nanso May 2010 no, yɛn nso yetu kɔɔ Myanmar. Anuanom a wɔwɔ Myanmar no gyee yɛn fɛw so!” Onua no te nka sɛn wɔ asɛmpa no a wɔka kyerɛ wɔn a wɔyɛ mum wɔ Myanmar no ho? Ɔkaa sɛ: “Wotie asɛmpa no pa ara. Sɛ yeyi mum kasa video kyerɛ afiewuranom a wɔyɛ mum no a, wɔn ho dwiriw wɔn. Yɛn ani agye pa ara sɛ yesii gyinae baa ha bɛsom Yehowa!”

Nao ne Jumpei

Jumpei ne Nao sikasɛm rekɔ sɛn? Jumpei ka sɛ: “Mfe mmiɛnsa akyi no, na yɛadi yɛn sika dodow no ara, enti na yenni sika a yɛde betua yɛn dan ka afe a edi hɔ no. Me ne me yere fii yɛn koma mu bɔɔ mpae pii. Yɛn nsa kaa krataa bi fii baa dwumadibea bere a na yɛn ani nna. Wɔkae sɛ yɛnkɔsom sɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw! Yɛde yɛn ho too Yehowa so, na yehui sɛ wannyaw yɛn. Wahwɛ yɛn wɔ akwan nyinaa mu.” Nnansa yi, Jumpei ne Nao nso kɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu.

YEHOWA AKA NNIPA PII KOMA

Simone yɛ onua a wadi mfe 43 a ofi Italy. Ne yere Anna nso adi mfe 37, na ofi New Zealand. Dɛn na ɛkaa wɔn ma wotu kɔɔ Myanmar? Anna ka sɛ: “Ɛyɛ afe 2013 Yearbook mu asɛm a ɛfa Myanmar ho no!” Simone nso ka sɛ: “Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛwɔ Myanmar ha. Ɛha asetena yɛ mmerɛw koraa, na mitumi de bere pii yɛ Yehowa adwuma. Ɛyɛ yɛn anika sɛ yɛahu sɛ Yehowa boa yɛn bere a yɛresom wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii no.” (Dw. 121:5) Anna toaa so sɛ: “M’ani nnyee sei da. Yɛnhwehwɛ nneɛma pii wɔ yɛn asetena mu. Enti, mitumi nya bere pii ma me kunu, na yɛn ntam ayɛ kama. Yɛanya nnamfo a wɔsom bo pa ara. Nnipa a wɔwɔ ha no nni Adansefo ho adwemmɔne, na sɛnea wotie asɛmpa no yɛ nwonwa!” Adɛn nti na yɛreka saa?

Simone ne Anna

Anna toaa so sɛ: “Da koro, midii osuani bi a ɔkɔ sukuupɔn adanse, na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan ahyia bio. Mihuu no bio no, ɔde n’adamfo baako kaa ne ho bae. Bere a edi hɔ no, ɔne sukuufo no kakra bae. Akyiri yi, wɔn a ɔne wɔn bae no, na wɔdɔɔso. Seesei, me ne wɔn mu nnum sua ade.” Simone kaa sɛ: “Nnipa a wɔwɔ asasesin yi mu pɛ nnipa pa ara, na wɔpɛ sɛ wosua nneɛma pii nso. Nnipa pii ani gye asɛm no ho. Yennya bere mpo mma wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho nyinaa.”

Sachio ne Mizuho

Nanso, dɛn na ebinom yɛe ansa na wɔresi gyinae atu akɔ Myanmar? Mizuho fi Japan. Ɔka sɛ: “Efi bere tenten na na me ne me kunu Sachio de ayɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ akɔsom wɔ ɔman bi a wohia adawurubɔfo pii mu. Nanso, na ɔman bɛn mu na yɛbɛkɔ? Bere a yɛkenkan Myanmar ho asɛm a ɛbaa afe 2013 Yearbook mu wiei no, osuahu ahorow a ɛka koma a ɛwom no kanyan yɛn pa ara. Enti yefii ase susuw ho sɛ, yebetumi akɔsom wɔ Myanmar anaa.” Sachio ka too so sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛde nnawɔtwe baako bɛkɔ akɔhwɛ Yangon, kurow kɛse a ɛwɔ Myanmar no. Yɛbɛka sɛ, yɛkɔhwɛɛ sɛnea asase no te. Saa bere tiaa a yɛde kɔhwɛɛ hɔ no ma yehui sɛ, ɛsɛ sɛ yetu kɔ hɔ.”

WUBETUMI AGYE ƆFRƐ NO SO?

Jane, Danica, Rodney, ne Jordan

Rodney ne ne yere Jane fi Australia. Wɔn mmienu nyinaa adi boro mfe 50. Wɔn ba barima din de Jordan, na wɔn babea nso din de Danica. Efi afe 2010 no, wɔn nyinaa resom wɔ Myanmar. Wɔresom wɔ hɔ sɛ adawurubɔfo wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Rodney kaa sɛ: “Onyankopɔn asɛm ho kɔm a ɛde nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no kaa yɛn koma pa ara. Mɛkamfo akyerɛ mmusua foforo pa ara sɛ wɔnkɔsom wɔ baabi a ɛte sɛ Myanmar.” Adɛn ntia? “Saa a yɛyɛe no aboa yɛn abusua ama yɛabɛn Yehowa pa ara! Tɛlɛfon, kar ahorow, nnwuma, ne nea ɛkeka ho na agye mmabun pii adwene. Yɛn mma no ayere wɔn ho resua nsɛmfua foforo a wɔde bɛkɔ asɛnka. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesua sɛnea wɔne nkurɔfo a wonnim Bible mu besusuw nsɛm ho, ne sɛnea wɔbɛma mmuae wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ wɔ ɛhɔnom kasa mu ase. Wɔde wɔn ho ahyɛ nneɛma foforo pii a ɛyɛ anika a ɛfa Yehowa som ho mu.”

Oliver ne Anna

Oliver fi United States; wadi mfe 37. Ɔka nea enti a ɔkamfo ɔsom adwuma yi kyerɛ. Ɔkyerɛ sɛ: “Baabi a mereyɛ Yehowa som adwuma seesei no, ɛnyɛ hɔ na matena bere nyinaa, nanso aboa me pii. Tu a mitu fii me man mu no aboa me ama manya akokoduru. Wei nti ɛmfa ho tebea biara a mihyia no, mede me ho to Yehowa so. Anuanom a minnim wɔn dedaw, nanso me ne wɔn nyinaa wɔ gyidi baako a me ne wɔn resom no aboa me pa ara. Ama mahu sɛ, biribiara nni wiase no mu a ebetumi de baakoyɛ a ɛte saa aba, gye Onyankopɔn Ahenni no nkutoo.” Ɛnnɛ, Oliver ne ne yere Anna gu so de nsi ne ahokeka reyɛ ɔsom adwuma no wɔ nkurɔfo a wɔka China kasa mu.

Trazel

Trazel yɛ onuawa a ofi Australia; wadi mfe 52. Efi afe 2004 no, ɔreyɛ ɔsom adwuma no wɔ Myanmar. Ɔkaa sɛ: “Mekamfo kyerɛ obiara a ne tebea bɛma no kwan no pa ara sɛ, ɔnkɔsom wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Mahu sɛ, sɛ wopɛ sɛ wutu wo ho ma a, Yehowa hyira wo mmɔdenbɔ so. Manso dae da sɛ mɛyɛ nea mereyɛ yi wɔ m’asetena mu. Asetena a mfaso wɔ so na abotɔyam wom a na merehwehwɛ no, ɛno ara na manya yi.”

Anuanom pii reboa wɔ mmeae a wohia asɛmpakafo pii wɔ Myanmar. Nsasesin bi wɔ hɔ a, wɔnkaa asɛmpa no wom. Ɛmmra sɛ asɛmpakafo yi anom nsɛm bɛhyɛ wo nkuran ama woakɔka asɛmpa no akyerɛ komapafo a wɔwɔ hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, anuanom a wɔreka asɛmpa no wɔ mmeae a wohia asɛmpakafo pii no reto nsa frɛ wo sɛ, “Yɛsrɛ wo, twa bra Myanmar bɛboa yɛn!”