Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Madagascar

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Madagascar

ƆKWAMPAEFO bi a ne din de Sylviana adi bɛyɛ mfe 25. Ɔkae sɛ: “Bere a mitiee me nnamfo a wɔakɔsom wɔ mmeae a wohia akwampaefo pii no, me nso m’ani gyee ho sɛ mɛkɔ akɔyɛ bi.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nanso, na misuro sɛ merentumi ntu me ho mma nkɔyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii.”

Wote nka sɛ Sylviana anaa? Wo nso wopɛ sɛ wokɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adwumayɛfo pii, nanso ɛyɛ wo sɛ worentumi nkɔyɛ bi da anaa? Sɛ wote nka saa a, mma w’abam mmu! Anuanom mmarima ne mmea mpempem wɔ hɔ a ɔhaw ahorow bi nti, na wontumi ntrɛw wɔn som mu, nanso Yehowa aboa wɔn ama wɔadi so. Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛnea Yehowa buee kwan maa wɔn mu binom no, yɛde yɛn ani bɛkyerɛ Madagascar. Supɔw akɛse a ɛwɔ wiase nyinaa, Madagascar na ɛto so nnan.

Bɛboro mfe du a atwam ni, adawurubɔfo ne akwampaefo a wɔyɛ nsi bɛboro 70 a wofi aman 11 * so aba Madagascar a ɛwɔ Afrika abɛyɛ asɛmpaka adwuma. Nnipa a wɔwɔ hɔ tie asɛmpa no paa, na wobu Bible nso. Afei nso, anuanom a wɔwɔ ɔman no mu pii afi wɔn pɛ mu atu afi baabi a wɔte sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa ama wɔatrɛw Ahenni no ho asɛm mu wɔ supɔw kɛse yi so nyinaa. Momma yentie wɔn mu binom anom asɛm.

WODII EHU NE ABASAMTU SO

Perrine ne Louis

Louis ne Perrine yɛ awarefo a wɔadi boro mfe 30. Wotu fii France kɔɔ Madagascar. Mfe pii na wɔde dwinnwen ho sɛ wɔbɛkɔ amannɔne akɔtrɛw wɔn som adwuma mu. Nanso, Perrine twentwɛn ne nan ase. Perrine kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná misuro sɛ mɛkɔ baabi a minnim hɔ. Yɛn abusuafo, yɛn asafo, yɛn fie, mmeae a minim hɔ yiye, ne nneɛma a yɛyɛ no daa a na merebegyaw hɔ akɔ no yɛ me den. Nokwasɛm ne sɛ, nea na ama ayɛ den paa ama yɛn no, na efi me; nea ɛhaw me nyinaa no, na ɛsɛ sɛ miyi m’adwene fi so.” Afe  2012 no, Perrine nyaa akokoduru, na ɔne Louis kɔe. Ɔte nka sɛn wɔ gyinae a wosii no ho? Perrine ka sɛ: “Mehwɛ m’akyi a, metumi aka sɛ, mahu sɛ Yehowa aboa yɛn wɔ yɛn asetena mu. Na ahyɛ me gyidi den.” Louis nso ka sɛ: “Wo deɛ hwɛ, Nkaedi a edi kan a yɛkɔe wɔ Madagascar no, nnipa du a yɛne wɔn sua Bible baa bi!”

Bere a awarefo no hyiaa ɔhaw no, dɛn na ɛhyɛɛ wɔn den a amma wɔansan ankɔ wɔn man mu? Wɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wɔn den ma wontumi nnyina asɛm no ano. (Filip. 4:13) Louis ka sɛ: “Yehui sɛ Yehowa tiee yɛn mpaebɔ, na ɔmaa yɛn ‘Onyankopɔn asomdwoe.’ Enti nneɛma a na ɛma yɛn ani gye wɔ yɛn som adwuma mu no, yetumi de yɛn adwene sii so. Afei nso, yɛn nnamfonom a wɔwɔ yɛn kurom nam e-mail ne nkrataakyerɛw so hyɛɛ yɛn nkuran sɛ mma yɛmpa abaw.”​—Filip. 4:6, 7; 2 Kor. 4:7.

Louis ne Perrine daa boasetɔ adi, na Yehowa hyiraa wɔn pii. Louis ka sɛ: “October 2014 no, yɛkɔɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo * no bi wɔ France. Saa sukuu a yɛkɔe no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ a yɛn werɛ remfi da.” Bere a awarefo no wiee sukuu no, wɔn ani gyei sɛ wɔsan de wɔn kɔɔ Madagascar.

OBƐMA YƐN ANI AGYE PAPAAPA!”

Nadine ne Didier

Didier ne Nadine yɛ awarefo a wofi France. Wotu kɔɔ Madagascar afe 2010; saa bere no, na wɔyɛ mmasiriwa. Didier ka sɛ: “Bere a na yɛyɛ mmabun no, yɛyɛɛ akwampae adwuma, na ɛno akyi no, yɛtetee mma mmiɛnsa. Wonyinyinii no, yesusuw ho sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛbɛkɔ akɔsom wɔ amannɔne.” Nadine ka sɛ: “Yɛn mma no a na yebegyaw wɔn hɔ nti, ɛmaa me twentwɛn me nan ase. Nanso, yɛn mma no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: ‘Sɛ mutu mo ho ma kɔyɛ ɔsom adwuma wɔ amannɔne a, mobɛma yɛn ani agye papaapa!’ Asɛm a wɔkae no hyɛɛ yɛn nkuran ma yɛkɔe. Ɛwom sɛ, seesei yɛne yɛn mma no ntam kwan ware deɛ, nanso ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yetumi ne wɔn bɔ nkɔmmɔ bere nyinaa.”

Malagasy kasa no sua yɛɛ den maa Didier ne Nadine. Nadine serew kae sɛ: “Ɛnyɛ afei na yɛadi mfe 20.” Ɛyɛɛ dɛn na wotumi suaa kasa no? Mfiase no, wɔkɔɔ asafo a emufo ka France kasa mu. Akyiri yi, bere a wohui sɛ wobetumi asua hɔnom kasa no, wɔkɔɔ asafo a wɔka Malagasy kasa mu. Nadine ka sɛ: “Nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no, pii ani gye ho sɛ wobesua Bible. Mpɛn pii no, wɔda yɛn ase sɛ yɛabɛsra wɔn. Mfiase no, ɛyɛɛ me sɛ mereso dae. M’ani agye sɛ mereyɛ akwampae adwuma wɔ saa asasesin yi mu. Mesɔre anɔpa a, meka wɔ me tirim sɛ, ‘Ɛyɛ me dɛ sɛ merekɔ asɛnka nnɛ!’”

Didier ka bere a ofii ase sɛ ɔresua Malagasy kasa no ho asɛm. Ɔserew kae sɛ: “Bere bi, na merehwɛ asafo nhyiam bi so. Nanso mmuae a na anuanom rema no, na mente emu baako koraa ase. Nea na mitumi ka ara ne sɛ, ‘Meda wo ase.’ Bere a onuawa bi maa mmuae na medaa no ase wiei no, anuanom a wɔte onuawa no akyi yɛɛ biribi kyerɛɛ me sɛ ɛnyɛ mmuae no na onuawa no ama no. Ntɛm ara na mefrɛɛ onua bi ma ɔmaa mmuae. Mefaa no sɛ mmuae no ara na onua no ama no.”

ƆDE ANIGYE PENEE NSA A WƆTO FRƐƐ NO NO SO

Afe 2005 no, Thierry ne ne yere Nadia kɔɔ ɔmantam nhyiam bi. Wɔhwɛɛ drama bi a n’asɛmti ne “Fa Botae a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Sisi W’anim.” Saa Bible ho drama no, na ɛfa Timoteo ho. Ɛkaa awarefo no koma; na ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adwumayɛfo pii no, emu yɛɛ den paa. Thierry ka sɛ: “Bere a drama no baa awiei na yɛrebɔ yɛn nsam no, mepa twerii me yere bisaa no sɛ, ‘Ɛhe na yɛrekɔ?’ Me yere kae sɛ ɛno ara na ɔno nso redwen ho.” Ɛno akyi bere tiaa bi no, wofii ase tuu anammɔn a ɛbɛma wɔadu wɔn botae no ho. Nadia ka sɛ, “Nkakrankakra yɛtew nneɛma a yɛwɔ so araa ma nea ɛkae no, ɛkɔɔ nnaka nnan mu!”

Benkum: Nadia ne Marie-Madeleine. Nifa: Thierry

Wɔkɔɔ Madagascar afe 2006, na wonyaa anigye wɔ asɛnka adwuma no mu mfiase no ara. Nadia ka sɛ, “Sɛnea nkurɔfo tiee asɛm no maa yɛn ani gyei paa.”

Nanso, mfe nsia akyi no, awarefo no hyiaa asɛnnennen bi. Ná Nadia maame Marie-Madeleine te France. Ɔhwee ase maa ne nsam bui, na opirae wɔ ne ti nso. Awarefo no ne oduruyɛfo a ɔhwɛ Marie-Madeleine dii nkitaho. Ɛno akyi no, wɔka kyerɛɛ Marie-Madeleine sɛ ɔmmɛtena wɔn nkyɛn wɔ Madagascar. Ɛwom sɛ saa bere no, na maame no adi mfe 80 deɛ, nanso ɔde anigye penee nsa a wɔto frɛɛ no no so. Amannɔne a ɔte no, ɔte nka sɛn? Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ mesua ɛhɔ asetena deɛ, nanso ɛmfa ho sɛ mintumi nyɛ nneɛma pii no, mihu sɛ me so aba mfaso paa wɔ asafo no mu. Ade a ɛma m’ani gye paa ne sɛ, nhyehyɛe a m’asew ne me babea no yɛe ma mebɛtenaa wɔn nkyɛn no, ama wɔatumi akɔ so reyɛ ɔsom adwuma no, na ɛresow aba wɔ ha.”

“MIHUI SƐ YEHOWA REBOA ME”

Riana rema ɔkasa wɔ Tandroy kasa mu

Riana yɛ onuabarima a wadi mfe 20 ne kakra. Wɔtetee no Alaotra Mangoro wɔ Madagascar apuei fam. Ɛhɔ asase yɛ asase bere. Ná Riana bɔ mmɔden wɔ sukuu, na na ɔpɛ sɛ osua nhoma kɔ akyiri. Nanso, bere a osuaa Bible no, ɔsesaa n’adwene. Ɔkae sɛ: “Meyeree me ho sɛnea ɛbɛyɛ a mewie ntoaso sukuu ntɛm, na mehyɛɛ Yehowa bɔ sɛ, ‘Sɛ mitwa me sɔhwɛ a etwa to no a, mɛyɛ akwampae adwuma.’” Bere a Riana wiee ntoaso sukuu no, odii ne bɔhyɛ so. Ɔne onua bi a ɔyɛ ɔkwampaefo kɔtenae. Onyaa adwuma a ennye ne bere pii, na ofii akwampae adwuma ase. Ɔkae sɛ, “Ɛno ne gyinae a eye sen biara a masi.”

Nanso, Riana abusuafo ante ase sɛ wampɛ adwuma pa bi anyɛ. Ɔkae sɛ: “Me papa ne me papa nuabarima kumaa, ne me nanabea nyinaa hyɛɛ me nkuran sɛ minsua nhoma nkɔ akyiri. Nanso, na mempɛ sɛ migyae akwampae adwuma no kɔyɛ adwuma foforo biara.” Ankyɛ koraa na Riana yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔyɛ ɔsom adwuma wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Dɛn na ɛma onyaa ɔpɛ a ɛte saa? Ɔkae sɛ: “Akorɔmfo baa baabi a na yɛte bewiaa me nneɛma dodow no ara. Bere a akorɔmfo no wiaa me nneɛma no, ɛmaa midwinnwen Yesu asɛm a ɛfa ‘ademude a yɛbɛhyehyɛ wɔ soro’ no ho. Misii gyinae sɛ mɛyere me ho paa ahwehwɛ honhom fam ahonyade.” (Mat. 6:19, 20) Riana tu kɔɔ ɔman no anafo fam pɛɛ. Efi baabi a na ɔte rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 800 (kilomita 1,300). Ɛhɔ yɛ baabi a osu ntaa ntɔ. Ɛhɔ na Antandroyfo te. Adɛn nti na ɔkɔɔ hɔ?

Aka bosome baako ama akorɔmfo awia Riana nneɛma no, ɔne mmarima mmienu a wɔyɛ Antandroyfo fii ase suaa Bible. Riana suaa Antandroyfo no kasa kakra, na odwenee Antandroyfo pii a wonnya ntee Ahenni ho asɛm no ho. Ɔkae sɛ, “Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me mma mintu nkɔ baabi a wɔka Tandroy kasa no.”

Riana tu kɔɔ hɔ, na ankyɛ koraa na ohyiaa ɔhaw bi. Ná onnya adwuma nyɛ. Ɔbarima bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wobaa ha? Sɛ nkurɔfo a wofi ha repɛ adwuma ayɛ a, baabi a wufi bae no, ɛhɔ na wɔkɔ!” Nnawɔtwe mmienu akyi no, Riana fii mpɔtam hɔ kɔɔ ɔmantam nhyiam. Ɛkame ayɛ sɛ na kaprɛ mpo nna ne bɔtɔ mu; na onhu nea ɔnyɛ. Nanso, ɔmantam nhyiam no da a etwa to no, onua bi de biribi hyɛɛ Riana kotoku mu. Ná ɛyɛ sika kɛse a ebetumi ama wasan akɔ Antandroy mpɔtam hɔ. Ofii adwuma ketewa bi ase; ɔtɔnee yogɔt. Riana ka sɛ: “Mihui sɛ Yehowa reboa me wɔ bere a ɛsɛ mu. Afei deɛ, na metumi akɔ so aboa wɔn a na wonnyaa hokwan nsuaa Yehowa ho ade no!” Ná mewɔ adwuma pii yɛ wɔ asafo no mu nso. Riana de kaa ho sɛ: “Nnawɔtwe mmienu biara na wɔma mema baguam kasa. Ná Yehowa nam n’ahyehyɛde no so retete me.” Ɛnnɛ, Riana gu so ara reka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nnipa pii a wɔka Tandroy kasa a wɔpɛ sɛ wosua Yehowa ho ade no.

‘NOKWARE NYANKOPƆN AHYIRA NO’

Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, “nea ɔpɛ nhyira wɔ asase so no de nokware Nyankopɔn behyira ne ho.” (Yes. 65:16) Sɛ yɛbɔ mmɔden di ɔhaw ahorow a ɛmma yentumi ntrɛw yɛn som adwuma mu so a, yenya Yehowa nhyira. Yɛnhwɛ Sylviana a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Momma yɛnkae sɛ, na onuawa no suro sɛ ɔrentumi ntu ne ho mma nkɔyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Adɛn nti na onyaa saa adwene no? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me nan nifa ware sen benkum no nsateakwaa mmiɛnsa ne fã (sɛntimita 9). Enti menantew a, metɔ gu so, na ɛnkyɛ koraa na mabrɛ.”

Sylviana (benkum), Sylvie Ann (nifa), ne Doratine, ɛda a ɔbɔɔ asu

Nanso afe 2014 no, Sylviana ne ababaa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ n’asafo mu a ne din de Sylvie Ann bɔɔ mu yɛɛ asɛnka adwuma no. Wotu kɔtenaa akuraa ketewa bi ase. Efi wɔn kurom rekɔ hɔ yɛ akwansin 53 (kilomita 85). Ɔhaw ahorow yi nyinaa akyi no, Sylviana atumi ayɛ adwuma a na ɛda ne koma so no, na wanya nhyira pii! Ɔkae sɛ: “Yɛkɔɔ akuraa no ase no, me ne ababaa bi a wawo suaa Bible. Afe baako pɛ akyi no, ɔbɔɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam bi ase.”

“MƐBOA WO”

Anuanom a wɔakɔboa wɔ mmeae a wohia asɛmpakafo pii anom asɛm no ama yɛahu wɔn gyidi. Wei ama yɛahu sɛ, sɛ yɛbɔ mmɔden di ɔhaw bi so na yɛtrɛw yɛn som adwuma mu a, ɛbɔ a Yehowa ahyɛ n’asomfo no, yɛn ankasa yebehu sɛ ɛyɛ nokware. Yehowa ahyɛ n’asomfo bɔ sɛ: “Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.” (Yes. 41:10) Ɛno nti, yɛne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den. Afei nso, yetu yɛn ho ma koraa wɔ mpɔtam a yɛte oo, amannɔne oo, esiesie yɛn ma teokrase nnwuma a ɛretwɛn yɛn wɔ wiase foforo no mu. Didier a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, “sɛ yɛkɔsom wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii a, ɛtete yɛn yiye ma daakye!” Ɛmmra sɛ, yebenya asɛmpakafo pii ama wɔayi wɔn yam agye saa ntetee no ntɛm ara!

^ nky. 4 Anuanom a wɔatu wɔn ho ama no fi Canada, Czech Republic, France, Germany, Guadeloupe, Luxembourg, New Caledonia, Sweden, Switzerland, United Kingdom, ne United States.

^ nky. 8 Seesei wɔde Ahenni Asɛmpakafo Sukuu abesi ananmu. Bere nyinaa asomfo a wɔresom wɔ amannɔne a wɔfata betumi abisa hokwan akɔ sukuu yi bi. Wobetumi akɔ sukuu no bi wɔ wɔn ankasa man mu anaa ɔman foforo a wɔyɛ sukuu no bi wɔ wɔn kurom kasa mu.