Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛm A Ɛda So

Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?

Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?

ABAAYEWA bi a ɔde Anna * kaa sɛ: “Sɛ minya adwenemhaw a, ɛma mitumi yɛ basaa paa. Ade a m’ani gye ho mpo, mintumi nyɛ. Ɛba saa a, nea mepɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛda. Ɛyɛ a medwen sɛ obiara mpɛ m’asɛm, me so nni mfaso, na mayɛ adesoa.”

Abaayewa foforo nso de Julia, na ɔkaa sɛ: “Nea ɛbaa me tirim ara ne sɛ mekum me ho. Nanso ɛnyɛ sɛ na me kɔn dɔ owu. Nea na mepɛ ara ne sɛ m’adwennwen no to betwa. Meyɛ obi a medwen nnipa ho paa, nanso sɛ minya adwenemhaw a, obiara asɛm mfa me ho na biribiara nso ho nhia me.”

Bere a edi kan a Anna ne Julia nyaa adwenemhaw no, na wonnii mfe 15 mpo. Ɛwom mmabun bi wɔ hɔ a, ɛtɔ da a wɔyɛ basaa. Nanso Anna ne Julia deɛ, wotumi nya adwenemhaw ma no kyɛ kakra. Etumi di nnawɔtwe anaa bosome dodow bi mpo. Anna kaa sɛ, “Ɛba saa a, wobɛka sɛ wohyɛ amena donkudonku bi mu a wunhu ɔkwan biara wobɛfa so apue. Ɛyɛ wo sɛ worebɔ dam, wunhu nea wonyɛ wo ho koraa.”

Ɛnyɛ Julia ne Anna nko ara na wɔrefa ɔhaw a ɛte saa mu. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) bɔ amanneɛ sɛ, ade rekye a ade resa nyinaa mmabun a wonya adwenemhaw redɔɔso. Adwenemhaw “na ɛtaa ma mmarimaa anaa mmaayewa a wɔadi mfe 10 kosi 19 no adwene tu fra, wɔyareyare, anaa wotumi di dɛm.”

Sɛ mmarimaa ne mmaayewa renyin a, nneɛma tumi haw wɔn adwene. Wei nti wontumi nna yiye, wontumi nnidi yiye, na wɔn so tumi tew anaa wɔyɛ kɛse boro so. Afei wotumi yɛ basaa, wɔn werɛ how, wɔte nka sɛ wɔn so nni mfaso, na wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wonni anidaso biara. Ɛyɛ a wɔnka wɔn ho nkɔ nnipa mu, wontumi mfa wɔn adwene nsi biribi a wɔreyɛ so, wɔn werɛ fi ade ntɛmntɛm, na ɛyɛ wɔn sɛ wonkum wɔn ho. Wei nyinaa akyi, wɔyɛ nneɛma bebree nso a adɔkotafo mpo nnya ntee ase. Sɛ ɛyɛ adɔkotafo sɛ obi reyɛ anya adwenemhaw a, wodi kan hwɛ nneɛma bi. Wɔhwɛ sɛ dɛn ne dɛn na nipa no refa mu, na adi nna sɛn.

NNEƐMA A ETUMI MA MMABUN NYA ADWENEMHAW

Sɛnea WHO kyerɛ no, “nneɛma pii na ɛde adwenemhaw ba. Ebi ne sɛnea wɔne nkurɔfo di nsɛm, adwennwen, anaa abusua a obi fi mu.” Yɛnkɔ mu kakra.

Abusua. Abusua a obi fi mu ma otumi nya adwenemhaw. Saa ara na na Julia deɛ no te. Wei kyerɛ sɛ abusua a obi fi mu betumi akyerɛ sɛnea n’adwene bɛyɛ adwuma. Ɛtɔ da nso a, komayare ne nipadua mu nsakrae nso tumi de ba. Afei sɛ nnubɔne ka obi hɔ a, etumi ma onya adwenemhaw anaa ɛyɛ kɛse. *

Adwennwen. Eye sɛ yebedwen, nanso sɛ mmabun ma adwennwen hyɛ wɔn so a, etumi pira wɔn anaa etumi ma wonya adwenemhaw mpo. Sɛnea yɛadi kan aka no, nneɛma a ɛde adwenemhaw ba no dɔɔso, na ɛnyɛ ne nyinaa mpo na wɔatumi ahu.

Nea edidi so yi betumi ama mmabun anya adwenemhaw. Bere a wɔn awofo agyae aware anaa wɔn ntam atetew, wɔn ho nipa bi awu, obi ato wɔn mmonnaa, wɔtaa boro wɔn, wɔanya akwanhyia, wɔyare, anaa wosua nhoma a wonhu titiriw bere a ɛno nti wɔn awofo mpɛ wɔn asɛm. Ɛtɔ bere bi a, nea awofo pɛ ne sɛ wɔn mma besua ade akɔ akyiri paa nanso wobɛhwɛ no na ɛboro abofra no ahoɔden so. Wei nso tumi de adwenemhaw ba. Nneɛma foforo nso ne nsisi ne wɔn daakye ho a wobedwennwen. Afei sɛ wɔn awofo no ahaw a, ɛmma wontumi ne wɔn mmɔ papa. Sɛ mmofra no ntumi mfa wɔn ho nto wɔn awofo so a, ɛno nso tumi haw wɔn. Sɛ weinom nyinaa teetee mmabun a, dɛn na ɛbɛboa wɔn ama wɔagyina ano?

HWƐ W’ADWENE NE WO NIPADUA SO YIYE

Baabi a adwenemhaw no akodu biara no, ɛho aduru wɔ hɔ. Dɔkota a ɔwɔ nnipa adwene ho nimdeɛ nso betumi ayɛ mmoa. * Yesu Kristo kaa sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare mmom na wohia.” (Marko 2:17) Yare betumi abɔ yɛn nipadua no baabiara; adwene no nso ka ho. Yɛn adwene ne yɛn nipadua nyinaa yɛ adwuma bom, enti woyɛ nsakrae wɔ w’abrabɔ mu a ebetumi aboa wo.

Sɛ wowɔ adwenemhaw a, yɛ nea wubetumi biara hwɛ w’adwene ne wo nipadua so yiye. Hwɛ w’adidi yiye, da yiye, na tenetene w’apɔw mu daa. Sɛ wotenetene w’apɔw mu a, ɛma wo ho sisi wo ho so kama, ɛma wunya ahoɔden na ɛma woda yiye. Nneɛma bi wɔ hɔ a etumi twetwe adwenemhaw ba. Bɔ mmɔden hu saa nneɛma no na siw ano. Ka wo komam asɛm kyerɛ obi a wugye no di paa. Sɛ nneɛma hyɛ wo so a, w’abusuafo ne wo nnamfo betumi aboa wo ama adwennwen no abrɛ ase. Biribiara a ɛbɛkɔ so wɔ w’adwenem no, wubetumi akyerɛw ato hɔ. Saa na Julia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no yɛe, na ɛboaa no. Nea ɛsen ne nyinaa no, bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye. Yesu Kristo kaa sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”—Mateo 5:3.

Hwɛ w’adidi yiye, tenetene w’apɔw mu, na da yiye

Sɛ wo ne Onyankopɔn ntam yɛ kama a, ɛbɛkyekye wo werɛ

Anna ne Julia nyinaa ahu sɛ Yesu asɛm yi yɛ nokware. Anna kaa sɛ: “Sɛ mede me ho hyɛ Onyankopɔn som mu a, ɛmma memfa m’adwene nsi me haw so, mmom ɛma midwen nnipa ho. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛda fam sɛ mɛyɛ saa. Nanso meyɛ a ɛma m’ani gye.” Mpaebɔ ne Bible akenkan nso akyekye Julia werɛ. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mifi me komam bɔ Onyankopɔn mpae a, ɛma me ho tɔ me. Bible nso ama mahu sɛ Onyankopɔn dwen me ho paa, na me som bo ma no. Ade baako nso a ama manya daakye ho adwempa yɛ Bible akenkan.”

Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn, enti onim yɛn paa. Onim sɛnea ntetee a yenya, nneɛma a yɛfa mu ne yɛn awosu tumi ka yɛn adwene ne yɛn nneyɛe. Ɛno nti sɛ yɛkɔ ahohia mu a, otumi boa yɛn kyekye yɛn werɛ. Mpɛn pii ɔnam nnipa a wodwen yɛn ho so na ɛyɛ saa. Nea ɛsen ne nyinaa no, bere bi bɛba a yare biara a ɛrehaw yɛn no, Onyankopɔn beyi afi hɔ ama yɛn. Yesaia 33:24 ka sɛ: “Na ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”

Anokwa, Bible ahyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:4) Asɛm yi ka koma na ɛma awerɛkyekye paa! Sɛ wopɛ sɛ wusua pii fa nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma ne asase ho a, yɛsrɛ wo kɔ jw.org. Wokɔ wɛbsaet hɔ a, wubehu Bible a wɔakyerɛ ase kama wɔ hɔ. Afei wubenya nneɛma pii ho nsɛm wɔ hɔ; ebi fa adwenemhaw ho.

^ nky. 3 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 10 Nyarewa, nnuru, ne nnubɔne pii betumi aka sɛnea obi yɛ n’adeɛ. Wei nti ansa na obi bɛnom aduru bi no, ɛsɛ sɛ ɔma dɔkota bi hu ansa.

^ nky. 14 Nyan! nyɛ nhoma a yɛde bɔ aduru anaa ayaresa pɔtee bi ho dawuru.