Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | PAOLA CHIOZZI

Afifide ne Mmoa ho Ɔbenfo Kyerɛkyerɛ ne Gyidi Mu

Afifide ne Mmoa ho Ɔbenfo Kyerɛkyerɛ ne Gyidi Mu

Bɛboro mfe 20 ni na Ɔbenfo Paola Chiozzi ayɛ adwuma sɛ afifide ne mmoa ho ɔbenfo wɔ Ferrara Sukuupɔn a ɛwɔ Italy no mu. Nyan! sɛnkyerɛwfo bisabisaa no nyansahu ne ne gyidi ho nsɛm.

Ka wo ho asɛm kyerɛ yɛn.

Na me papa pam mpaboa, na na me maame yɛ kuadwuma. Nanso na mepɛ sɛ meyɛ nyansahufo. Ná m’ani gye nhwiren a ɛyɛ fɛ, nnomaa, ne nkoekoemmoa a mihu wɔn wɔ baabi a yɛn fie wɔ no ho. Mihui sɛ obi a ɔwɔ nyansa sen onipa na ɔbɔɔ wɔn.

So na wugye di bere nyinaa sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

Dabi. Nokwarem no, me mmofraberem pɛɛ na m’adwene fii ase yɛɛ me sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Komayare kum me papa mpofirim, ma enti mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na Ɔbɔadeɛ a wayɛ nneɛma fɛfɛɛfɛ pii saa no ma kwan ma nnipa hu amane na wowuwu?’

So nyansahu a wusuae no boaa wo ma wunyaa mmuae?

Mfiase no mannya mmuae. Bere a mebɛyɛɛ afifide ne mmoa ho ɔbenfo no, mifii ase suaa owu ho ade. Ná m’adesua no mfa nkwammoaa a biribi te sɛ mframa pa a wonnya nti wowuwu na ɛma nipadua no honhon na etu akisikuru no ho. Mmom no, ɛfa nipadua mu nkwammoaa a wowuwu bere ano no ho. Ɛwom mpo sɛ eyi a yebehu no ho hia na ama yɛanya akwahosan pa de, nanso nyansahufo amfa wɔn adwene ankɔ so kɛse saa bere no.

Ɔkwan bɛn so na wu a nkwammoaa wuwu bere ano no ho hia?

Nkwammoaa ɔpepepepem pii a yɛmfa yɛn aniwa nhu wɔn wɔ yɛn nipadua mu. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa wuwu na afoforo besi wɔn ananmu. Ɛsono nkwammoaa kuw biara nkwa nna; ebi wuwu adapɛn kakraa bi ntam na afoforo nso wuwu wɔ mfe kakraa bi ntam ma ebi si wɔn ananmu. Ɛsɛ sɛ nhyehyɛe a ɛma nkwammoaa no wuwu wɔ yɛn nipadua mu ma afoforo besi wɔn ananmu no yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ na atumi aboa nipadua no.

 Dɛn na ebetumi akɔfa ɔhaw aba?

Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, sɛ nkwammoaa no anwuwu bere a ɛsɛ sɛ wowuwu a, ɛma obi nya ɔkwaha a ɛma n’apɔw so honhon. Na sɛ wowuwu ansa na bere a ɛsɛ sɛ wowuwu no adu a, ebetumi ama obi anya ɔyare a ɛma obi yɛ bɔmm (Parkinson) anaa yare a ɛka obi adwene ma ne werɛ fi biribiara (Alzheimer). Nhwehwɛmu a meyɛ no fa sɛnea yebehu akwan a yɛbɛfa so asa nyarewa yi ho.

Nkwammoaa a wowuwu ho ade a wusuae no kaa wo dɛn?

Nokwasɛm ni, ɛmaa me ho dwiriw me. Ɛdaa adi pefee sɛ obi a ɔpɛ sɛ yenya apɔwmuden na ɔyɛɛ saa ade a ɛyɛ nwonwa yi. Enti, mekɔɔ so bisae sɛ, Dɛn nti na nnipa hu amane na wowuwu? Mannya ho mmuae.

Nanso na wugye di sɛ obi na ɔhyehyɛe sɛ nkwammoaa bi nwuwu na afoforo mmesi wɔn ananmu no?

Yiw. Ná ade mũ no nyinaa asete yɛ den, nanso sɛnea na ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no da nyansa soronko bi adi. Migye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn nyansa. Mede afiri a ɛma wotumi hu nneɛma nketenkete yiye hwɛɛ nneɛma pii a asete yɛ den a ɛma eyi tumi kɔ so no de suaa ho ade. Sɛ ɛho behia a, na nneɛma bi ma nkwammoaa no wuwu anibu kakraa bi ntam. Na nkwammoaa no ankasa nso tumi kunkum wɔn ho. Na nhyehyɛe yi kɔ so pɛpɛɛpɛ araa ma ɛyɛ nwonwa boro so.

Esiane sɛ, sɛ yɛn nkwammoaa no biara wu a, foforo besi n’ananmu nti, ɛda adi sɛ yebetumi atena ase daa

Nanso na wowɔ nsɛmmisa a ɛfa Onyankopɔn ne amanehunu ho. Ɛyɛɛ dɛn na wunyaa ho mmuae?

Wɔ afe 1991 mu no, Yehowa Adansefo mmerantewa baanu bi baa me fie. Mibisaa wɔn nea enti a yewuwu, na wɔde ɛho mmuae a ɛwɔ Bible mu no kyerɛɛ me. Ɛka sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.” (Romafo 5:12) Sɛ onipa a odi kan no tiee Onyankopɔn asɛm a, anka ɔbɛtena ase daa. Mihui ntɛm ara sɛ eyi ne nea mihui wɔ me nhwehwɛmu no mu no hyia. Nokwarem no, mihui pefee sɛ na Onyankopɔn mpɛ sɛ nnipa wu. Esiane sɛ, sɛ yɛn nkwammoaa no biara wu a foforo besi n’ananmu nti, ɛda adi sɛ yebetumi atena ase daa.

Dɛn na ɛma wugye dii sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm?

Mihuu nea Bible ka fa Onyankopɔn ho no wɔ Dwom 139:16. Ɛka sɛ: “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu.” Sɛ́ afifide ne mmoa ho ɔbenfo no, misuaa awosu a ɛwɔ yɛn nkwammoaa mu no ho ade. Ɛyɛɛ dɛn na odwontofo no huu nea wɔakyerɛw yi? Dodow a mekɔɔ so suaa Bible no, dodow no ara na migye dii sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom so na ɛkyerɛwee.

Ɔkwan bɛn na wɔfaa so boaa wo ma wotee nea Bible kyerɛkyerɛ no ase?

Yehowa Ɔdansefo bi kae sɛ ɔne me besua Bible no. Awiei koraa no, mibehuu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma nnipa hu amane. Sɛnea Bible ka no, misuae nso sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ “ɔbɛmene owu akosi daa.” (Yesaia 25:8) Ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn Bɔfo no sɛ ɔbɛma yɛn nipadua no akwaa ahorow ayɛ adwuma pɛpɛɛpɛ na ama yɛatumi atena ase daa.

Ɔkwan bɛn so na wode Bible mu nimdeɛ a woanya no aboa afoforo?

Mebɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo wɔ afe 1995 mu. Efi saa bere no maka nea masua afi Bible mu no ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, me yɔnko dwumayɛni bi hawee paa bere a ne nuabarima kum ne ho no. Asɔre a ɔkɔ no kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn remfa wɔn a wokum wɔn ho no bɔne mfiri wɔn da. Nanso, mede anidaso a ɛne sɛ wobenyan wɔn a wɔawuwu a Bible ka ho asɛm no kyerɛɛ no. (Yohane 5:28, 29) Bere a ohui sɛ yɛn bɔfo no dwen yɛn ho no, ɛkyekyee ne werɛ paa. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, mete nka sɛ Bible mu nokwasɛm a meka kyerɛ afoforo no ma minya akomatɔyam kɛse sen nea nyansahu ankasa ma minya no!