Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSƐM A WOBISABISA | FAN YU

Obi a Ɔyɛ Program Gu Kɔmputa So Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Obi a Ɔyɛ Program Gu Kɔmputa So Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

ƆBENFO FAN YU fii n’adwuma ase sɛ nkontaabu ho ɔbenfo wɔ suapɔn bi a ɛbɛn Beijing wɔ China. (China Institute of Atomic Energy) Saa bere no, na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ná ogye di sɛ nneɛma bae kɛkɛ a ɛnyɛ obi na ɔbɔe. Nanso, seesei Ɔbenfo Yu gye di sɛ nkwa amma kwa, na mmom Onyankopɔn na ɔbɔe. Nyan! kyerɛwfo bi ne no twetwee nkɔmmɔ bisaa no ne gyidi ho asɛm.

Yɛsrɛ wo ka wo ho asɛm kakra kyerɛ yɛn.

Yɛwoo me afe 1959 wɔ Fuzhou City, Jiangxi Mantam mu wɔ China. Midii mfe nwɔtwe no, na nsakrae kɛse bi rekɔ so wɔ China. Ná nneɛma mu ayɛ den paa. Ná me papa yɛ adansi ne sɛnea woyi akwan ho nimdefo (civil engineer). Wɔmaa no adwuma sɛ ɔnkɔpae train kwan wɔ akyirikyiri baabi. Afe biara, na ɔbɛsra yɛn baako pɛ. Wei kɔɔ so mfe bebree. Saa bere no nyinaa, na me ne me maame na ɛte. Ná ɔkyerɛ ade wɔ mfitiase sukuu bi mu, ɛhɔ na na yɛte. Afe 1970 mu no, yetu fii sukuu hɔ kɔɔ Liufang. Saa bere no, na ɛhɔ yɛ akuraa a ohia ne ɔkɔm wɔ hɔ paa. Ná akuraa no wɔ Linchuan Mantam mu.

Dɛn na na w’abusuafo gye di?

Ná me papa ani nnye nyamesom ho, na na ɔmpɛ amanyɔsɛm nso. Me maame deɛ, na ɔyɛ Buddhani. Bere a mekɔ sukuu no, yɛkyerɛɛ me sɛ nkwa ankasa na ɛbae, na me nso, na migye nea m’akyerɛkyerɛfo aka no di.

Dɛn na ɛmaa w’ani begyee nkontaabu ho?

Ɛne sɛ, nkontaa ma wunya biribi a wubegyina so ahu asɛm bi mu nokware. Mao Tse-tung na na odi nsakrae a ɛbaa China no anim. Owui afe 1976 no, ankyɛ na mekɔɔ suapɔn. Ade titiriw a mikosuae ne nkontaabu. Bere a mebɔɔ me masta digrii wiei no, midii kan kɔyɛɛ nkontaabu ho nhwehwɛmu a yɛde bɛyɛ nuklea mfiri ho adwuma.

Bere a edi kan a wokenkan Bible no, wuhuu no sɛn?

Afe 1987 mu no, mekɔɔ United States kɔyɛɛ dɔkota digrii wɔ Texas A&M University. Ná mate sɛ wokɔ Amerika a, nnipa pii gye Onyankopɔn di, na wɔkenkan Bible. Saa ara nso na na mate sɛ, nsɛm pii a ɛtɔ asom wɔ Bible mu. Enti meyɛɛ sɛ mɛkenkan.

Bible mu nsɛm nso, mihuu sɛ ɛtɔ asom paa. Nanso, baabi wɔ hɔ a na mente ase papa. Enti ankyɛ na migyaee kan.

Ɛyɛɛ dɛn na w’ani san begyee Bible ho?

Bere a mibehuu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, ɛyɛɛ me asɛm foforo koraa. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ me ara mɛyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu

Afe 1990 mu no, Yehowa Danseni bi baa me fie. Ɔma mihuu sɛ Bible aka sɛ biribi pa bi wɔ hɔ ma adesamma daakye. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Yehowa Adansefo awarefo bi mmɛboa me mma mente Bible ase. Akyiri yi, me yere Liping nso hyɛɛ ase suaa Bible. Ná wakyerɛ abɔde a aniwa hu ho ade wɔ ntoaso sukuu bi mu wɔ China pɛn. Ɔno nso, na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Yebehuu nea Bible ka fa nea ɛyɛe a nkwa bae ho. Bere a mibehuu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, ɛyɛɛ me asɛm foforo koraa. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ me ara mɛyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu.

Nhwehwɛmu bɛn na woyɛe?

Nkontaa ho ade a misuae nti, mahu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛyɛ den paa sɛ ebetumi asi. Ebi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ den koraa sɛ ebesi. Mesan suaa sɛ, sɛ aduannuru bi a yɛfrɛ no protein nni hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ nkwa ankasa betumi aba. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mebu nkontaa ahwɛ sɛ protein ankasa betumi aba a ɛnyɛ obi na ɔyɛe anaa. Protein yɛ biribi a nneɛma a ɛwom no dɔɔso paa, na ɛyɛ nwonwa. Protein ahorow mpempem pii na ɛwɔ nkwammoaa mu, na emu biara ne ne yɔnko bom yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Me nso mibehuu sɛ ɛyɛ den paa sɛ protein ankasa bɛba a ɛnyɛ obi na ɔyɛe. Enti yebetumi aka sɛ, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ protein no ankasa bɛba! Menkenkan nyansahu nhoma biara a ebetumi ama magye adi sɛ protein ankasa betumi aba. Sɛ protein ankasa ntumi mma a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka sɛ abɔde a nkwa wom a emu na protein wɔ no ankasa na ɛbae. Wei nyinaa ma mihuu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.

Dɛn na ɛma wugye dii sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible?

Bere a migu so ne Yehowa Adansefo resua Bible no, mibehuu sɛ nkɔmhyɛ pii wɔ Bible mu a abam pɛpɛɛpɛ. Afei bere a mifii ase sɛ mede Bible mu afotusɛm reyɛ adwuma no, mihuu sɛ mfaso wɔ so paa. Mibisaa sɛ: ‘Bible akyerɛwfo a wɔtenaa ase mfe mpempem pii ni deɛ, ɛyɛɛ dɛn na wotumi kyerɛw nsɛm a ɛtɔ asom na ɛda so boa nnipa saa?’ Nkakrankakra, mibehuu sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm.

Adɛn nti na woda so ara gye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

Sɛ mehwɛ nneɛma pii a ɛwɔ wiase a, nea meka ara ne sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ampa. Seesei meyɛ program gu kɔmputa so. Sɛ mede sɛnea nnipa adwene yɛ adwuma no toto kɔmputa ho a, kɔmputa mma koraa. Wei tumi yɛ me nwonwa paa. Nhwɛso bi ni. Sɛnea nnipa adwene tumi hyɛ nkurɔfo nne nsow no, ɛboro m’adwene ne me ntease so. Yɛn mu bebree tumi te kasa ahorow a yɛmmrɛ ho koraa. Sɛ obi ka asɛm na sɛ n’ano ansi mpo a, yetumi hu nea ɔrepɛ akyerɛ. Saa ara nso na obi serew, ɔbɔ waw, anaa ɔpo dodow a, yetumi hu. Afei, sɛnea obi kasa mpo ma yetumi hyɛ no nsow. Sɛ wo ne obi rekasa wɔ tɛlɛfon so na dede wɔ akyiri mpo a, wutumi te. Ebia wobɛka sɛ wei nyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa. Nanso, wɔn a wɔyɛ program gu kɔmputa so no deɛ, ɛyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa paa. Mfiri a wɔayɛ ma ɛte nnipa kasa paa mpo, ɛmmɛn nnipa adwene koraa.

Yɛn adwene ma yetumi hu sɛ obi werɛ ahow, ne bo afuw, anaa n’ani agye. Afei adwene no ma yetumi hyɛ obi nne nsow. Ɔkwan a obi fa so kasa nso, adwene no ma yetumi hu. Nanso, kɔmputa a etumi yɛ nneɛma pii mpo ntumi nyɛ nea nnipa adwene tumi yɛ no. Wɔn a wɔyɛ program ahorow gu kɔmputa so no reyɛ nhwehwɛmu ahwɛ sɛ ebia wobetumi ama kɔmputa atumi asuasua sɛnea nnipa tumi te kasa ne ɛnne ahorow no. Migye di paa sɛ, nea wɔreyɛ no kyerɛ sɛ wɔresuasua Onyankopɔn nsa ano adwuma.