Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mosom bo.”—MATEO 10:31

Onyankopɔn Ani Wɔ Wo So Anaa?

Onyankopɔn Ani Wɔ Wo So Anaa?

NEA YESUA FI ABƆDE MU

Sɛ wɔwo abofra foforo a, dɔnhwerew baako a edi kan no yɛ bere titiriw pa ara ma abofra no. Adɛn ntia? Efisɛ saa bere no, sɛ ɔbaatan no tumi ne ne ba a wawo no foforo no nya abusuabɔ a, ɛbɛma abofra no anyin kama na wayɛ frɔmfrɔm. *

Dɛn na ɛka ɔbaatan ma ofi ɔdɔ mu hwɛ ne ba a wawo no foforo? Ɔbenfo Jeannette Crenshaw kyerɛkyerɛɛ mu wɔ nhoma bi mu sɛ, sɛ ɔbaa rewo a, aduru bi a ɛwɔ ne nipadua mu a yɛfrɛ no oxytocin no yɛ bebree, “enti sɛ maame no wo wie na oso abofra no mu, ɔhwɛ abofra no, anaa ɔma no nufu a, saa nipadua mu aduru yi ma onya nkate bi ma abofra no.” Saa bere yi, aduru foforo bi nso a ɛwɔ nipadua no mu “boa ma maame no yɛ nea abofra no hia ma no.” (The Journal of Perinatal Education) Afei, ɛsan kanyan maame no ma ɔne ne ba no di nkitaho. Adɛn nti na saa asɛm yi ho hia?

Yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn * a ɔwɔ ɔdɔ no na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ maame ne ne ba nnya abusuabɔ a emu yɛ den saa. Ɔhene Dawid kamfoo Onyankopɔn sɛ oyii no “fii ɔyafunu mu,” na ɔma onyaa ahobammɔ wɔ ne maame kokom. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mifi ɔyafunu mu na wɔde me too wo so; wone me Nyankopɔn fi me maame yam.”—Dwom 22:9, 10.

SUSUW HO HWƐ: Onyankopɔn ayɛ saa nhyehyɛe yi nyinaa na ama ɔbaatan afi ɔdɔ mu ahwɛ ne ba na wayɛ nea ohia ama no. Ɛnde, wunhu sɛ nyansa wom sɛ yɛbɛka sɛ yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn mma no nso, Onyankopɔn dwen yɛn ho anaa?—Asomafo Nnwuma 17:29.

SƐNEA BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN DWEN YƐN HO

Yesu Kristo a onim Ɔbɔadeɛ no sen obiara no kaa sɛ: “Wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso emu biako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee. Na mo ti so nhwi koraa wakan. Enti munnsuro: Mosom bo sen nkasanoma bebree.”—Mateo 10:29-31.

Yɛn mu dodow sɛn na anomaa ketewaa biara a yebehu no no yɛn adwene kɔ ne so, na kampɛsɛ baako mpo tɔ fam a yɛadwen ne ho? Yɛn soro Agya no de, n’ani wɔ wɔn mu biara so! Nanso onipa baako som bo ma Onyankopɔn sen nnomaa bebree. Nea yesua fi mu no, emu da hɔ. Ɛne sɛ: Ɛnsɛ sɛ ‘wusuro’ sɛ ebia Onyankopɔn ani nni wo so. Nokwasɛm mmom ne sɛ, Onyankopɔn dwen wo ho pa ara!

Onyankopɔn dwen yɛn ho pa ara, na ofi ɔdɔ mu hwɛ yɛn so

Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem

  • “Yehowa aniwa wɔ baabiara; ɛhwɛ abɔnefo ne apapafo nyinaa.”—MMEBUSƐM 15:3.

  • “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.DWOM 34:15.

  • “M’ani begye na madi ahurusi w’adɔe mu, efisɛ woahu m’amanehunu; wunim me kra ahohia.”—DWOM 31:7.

“METEE NKA SƐ YEHOWA NNƆ ME”

Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho pa ara, na ofi ɔdɔ mu hwɛ yɛn so a, ɛno betumi de nsakrae bi aba yɛn asetena mu anaa? Aane, ebetumi de nsakrae aba pa ara. Hannah * a ofi England anom asɛm yi ma yehu saa. Ɔkyerɛɛ mu sɛ:

“Mpɛn pii na metee nka sɛ Yehowa nnɔ me, na mebɔ mpae nso a ontie. Ná ɛyɛ me sɛ minni gyidi ntia. Ɛyɛɛ me sɛ Onyankopɔn retwe m’aso anaasɛ obu n’ani gu me so esiane sɛ me so nni mfaso. Metee nka sɛ Onyankopɔn nnwen me ho.”

Nanso seesei de, Hannah gye di sɛ Yehowa dɔ no na odwen ne ho. Dɛn na ɛsesaa sɛnea ɔte nka no? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’adwene sesaa nkakrankakra. Mekae sɛ, mfe bi a abɛsen kɔ no mitiee Bible mu ɔkasa bi a na ɛfa Yesu agyede afɔre no ho. Enyaa me so tumi pa ara, na ɛboaa me ma minyaa awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ me. Sɛ Yehowa tie me mpaebɔ nso a, ɛyɛ a metaa sũ efisɛ mihu sɛ sɛɛ na Yehowa dɔ me. Afei nso, Bible a mekenkan ne Kristofo nhyiam a mekɔ no aboa me ma mahu pii afa Yehowa ho, ne suban, ne sɛnea ɔte nka wɔ yɛn ho. Seesei de, mihu pefee sɛ Yehowa dɔ yɛn nyinaa, ɔtaa yɛn akyi, na wayɛ krado sɛ ɔbɛhwɛ yɛn mu biara so.”

Nea Hannah kae yi hyɛ nkuran pa ara. Nanso wobɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ, sɛnea wote nka no, Onyankopɔn te ase na ɔkae? Asɛm a edi hɔ no bɛma saa asɛmmisa yi ho mmuae.

^ nky. 3 Mmaa bi wɔ hɔ a, awo akyi no, wonya adwenemhaw, na wei ma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔne wɔn mma no benya abusuabɔ. Nanso, ɛnsɛ sɛ mmaa a wɔte saa no te nka sɛ mfomso no fi wɔn. U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm So no kyerɛ sɛ, nea etumi de saa adwenemhaw yi ba ne sɛ, “ebia nea maame no refa mu ne nea ɛrekɔ so wɔ ne honam mu na ɛma ɛba saa . . . na mmom ɛnyɛ biribi a maame no ayɛ anaa ɔnyɛe.” Wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm “Midii Ako a Etia Awo Akyi Adwenemhaw no Mu Nkonim” a ɛbaa August 8, 2002, Nyan! mu no.

^ nky. 5 Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.—Dwom 83:18.

^ nky. 15 Wɔasesa edin ahorow bi wɔ saa asɛm yi ne nea edidi so no mu.