Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

John Moore/Getty Images

Apɔwmuden—Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Afa Ho

Apɔwmuden—Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ Afa Ho

 Ɛwom sɛ Korona yare no, seesei enni awu wɔ wiase nyinaa te sɛ bere bi a atwam no, nanso ɛno nkyerɛ sɛ Korona ho nyɛ hu bio. Nea ɛte biara, yare a edi awu foforo bɛsan ayi ne ti daakye, na ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho so.”—Ɔbenfo Tedros Adhanom Ghebreyesus a ɔda Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ano, May 22, 2023.

 Korona yare no akɔfa adwenemyare ne nyarewa afoforo abɛsoɛ nnipa pii so. Sɛ yare kodiawuo foforo san yi ne ti a, aban ahorow ne nnwumakuw a wɔhwɛ apɔwmuden ho nsɛm so betumi asɔ ano na wɔatu nyarewa a ɛrehaw yɛn nnɛ no nso ase anaa?

 Bible ma yenya anidaso. Ɛka sɛ, “ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni” anaa aban bi bɛba. (Daniel 2:44) Saa aban no ba a, “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24) Obiara benya apɔwmuden ne mmerantebere mu ahoɔden.—Hiob 33:25.