Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Obi Yare Na Ɔrehu Amane a, Ɛyɛ Papa Sɛ Wotwa Ne Nkwa So Anaa? Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Sɛ Obi Yare Na Ɔrehu Amane a, Ɛyɛ Papa Sɛ Wotwa Ne Nkwa So Anaa? Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nea Bible ka

 Sɛ obi yare na ɔrehu amane a, wotumi fa kwan bi so twa ne nkwa so. a Ɛwom, Bible nka eyi ho asɛm, nanso nea ɛka fa owu ne nkwa ho no boa ma yehu Onyankopɔn adwene wɔ ho. Ɛnyɛ papa sɛ obi bekum obi, nanso sɛ obi yare na ɔrewu a, mmara biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa ɔkwan biara so ma onipa no tena ase kyɛ.

 Bible ka sɛ Onyankopɔn ne yɛn Bɔfo, kyerɛ sɛ, ɔno ne “nkwa nsuti.” (Dwom 36:9; Asomafo Nnwuma 17:28) Nkwa som bo pa ara wɔ Onyankopɔn ani so. Wei nti, sɛ obi kum ne yɔnko anaa okum ne ho a, Onyankopɔn ani so no, ɛyɛ bɔne kɛse. (Exodus 20:13; 1 Yohane 3:15) Bio nso, Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛfa ɔkwampa so bɔ yɛn nkwa ne afoforo de ho ban. (Deuteronomium 22:8) Wei ma yehu pa ara sɛ, nkwa a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no, ɔpɛ sɛ yebu no sɛ ɛsom bo.

Sɛ owuyare bɔ obi nso ɛ?

 Sɛ obi regye nna awu, anaa ɔkwan biara so obewu mpo a, Bible mpene so sɛ wobetwa onii no nkwa so. Nea ɛtoo Israel hene Saul no foa saa asɛm yi so. Bere a opirae wɔ akono no, Saul ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ onkum no prɛko. (1 Samuel 31:3, 4) Saul somfo no anyɛ saa. Akyiri yi ɔbarima foforo bi bedii atoro kyerɛɛ Dawid sɛ ɔno na ɔboaa Saul ma owui. Nanso, na Dawid wɔ Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho, enti obuu ɔbarima no sɛ wadi mogya ho fɔ.​—2 Samuel 1:6-16.

Sɛ obi rewu a, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔkwan biara so ma ɔtena nkwa mu kyɛ anaa?

 Sɛ obi regye nna awu a, Bible nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa ɔkwan bi so twentwɛn ne wu no so. Mmom, Bible ma yenya tebea a ɛte saa ho adwempa. Owu yɛ yɛn tamfo kɛse. Bɔne a yenya fii awo mu na ɛkɔfa bae. (Romafo 5:12; 1 Korintofo 15:26) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ yɛn kɔn dɔ owu, nanso ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesuro, efisɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obenyan wɔn a wɔawuwu no. (Yohane 6:39, 40) Obi a obu nkwa no, sɛ ɔyare a, ɔbɛhwehwɛ ayaresa a edi mũ. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa kwan bi so bɔ obi a aka kakraa bi na ne nkwa aba awiei no ho ban.

Sɛ obi kum ne ho a, ɛkyerɛ sɛ wayɛ bɔne a wɔrentumi mfa nkyɛ no da anaa?

 Dabi.Bɔne ahorow a obi yɛ a ɔrennya bɔne fakyɛ a Bible ka ho asɛm no, sɛ́ obi bekum ne ho nka ho. Ɛwom, obi kum ne ho a, ɛyɛ bɔne kɛse, b nanso Onyankopɔn nim pa ara sɛ nneɛma bi te sɛ adwenemhaw, adwinnwen, anaa mpo ɔhaw ahorow a yenya fi awosu mu betumi ama obi akum ne ho. (Dwom 103:13, 14) Onyankopɔn nam Bible so ma wɔn a wɔwɔ ahohia mu no awerɛkyekye. Afei nso, Bible ka sɛ, “bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Wei kyerɛ sɛ, wɔn a wɔadi mfomso kɛse te sɛ wɔn a wɔakum wɔn ho mpo, anidaso wɔ hɔ sɛ wobenya owusɔre.

a Asɛm a yɛrebesusuw ho no fa obi a ɔyare anaa wapira pa ara a ɔrehu amane, na wɔpɛ sɛ wɔfa kwan bi so twa ne nkwa so sɛnea ɛbɛyɛ a amanehunu no bɛba awiei. Ebi nso wɔ hɔ a, adɔkotafo boa obi a ɔrehu amane ma owu.

b Wohwɛ Bible mu a, wɔn a wokum wɔn ho no nnɔɔso, na wɔn nyinaa nso anyɛ Onyankopɔn apɛde.​—2 Samuel 17:23; 1 Ahene 16:18; Mateo 27:3-5.