Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ehia sɛ mudi kan ne ɔyarefo no susuw nneɛma ho pefee

Bere a Owuyare Abɔ Wo Dɔfo Bi

Bere a Owuyare Abɔ Wo Dɔfo Bi

BERE a Wesley dii mfe 54 pɛ no, dɔkotafo huu sɛ biribi ahono ne tirim a ɛretrɛw ntɛmntɛm. Asɛm no maa Wesley yere a yɛfrɛ no Doreen ho dwiriw no paa. * Dɔkotafo no kaa sɛ Wesley bɛtena ase abosome kakraa bi. Doreen kaa sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ dae bi na mereso. Asɛm no bubuu me nna pii. Ná menna nnwenee ho da sɛ asɛm a ɛte saa betumi ato yɛn.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ Doreen nko ara na waka asɛm a yɛnka. Owuyare betumi abɔ obiara wɔ bere biara mu. Nea eye ne sɛ, nnipa pii yi wɔn yam tena wɔn dɔfo a owuyare abɔ no ho hwɛ no. Nanso ɔyarefo ho tena nna fam koraa. Dɛn na abusuafo betumi ayɛ de akyekye wɔn dɔfo bi a owuyare abɔ no werɛ, na wɔatena ne ho ahwɛ no? Wɔn a wɔtena ayarefo ho hwɛ wɔn no bɛyɛ dɛn atumi agyina ɔbrɛ ne abɛbrɛsɛ a wɔfa mu no nyinaa ano? Sɛ aka kakra ama ɔyarefo no awu a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan? Nanso, ma yenni kan nhwɛ nea enti a obi a owuyare abɔ no ho tena yɛ ɔhaw foforo koraa nnɛ.

ƆHAW BI A ƐWƆ HƆ NNƐ

Nkɔanim a nnipa nam nyansahu so anya wɔ ayaresa mu asesa ɔkwan a nnipa fa so wu. Wɔ aman a edi yiye mu mpo no, bɛyɛ mfe ɔha a atwam no, na nnipa nnyin nkyɛ ahe biara. Ná nsanyare anaa akwanhyia tumi ma nnipa wu ntɛmntɛm. Saa bere no, na ayaresabea nnɔɔso, enti sɛ obi yare a, na n’abusua na ɛhwɛ no wɔ fie kosi sɛ obewu.

Ɛnnɛ, nkɔanim a aba wɔ ayaresa mu nti, adɔkotafo tumi ko tia yare denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛtena nkwa mu akyɛ. Nyarewa a anka tete no, ebetumi akum nnipa ntɛmntɛm no, seesei sɛ ɛbɔ obi a, otumi tena ase mfe pii. Nanso, mfe pii a onipa no bɛtena ase no nkyerɛ sɛ adɔkotafo betumi asa no yare. Mpɛn pii no, yare a abɔ onipa no mu kɔ so yɛ den ma enti ɔno ankasa ntumi nhwɛ ne ho. Ayarefo a wɔte saa ho tena abɛyɛ ɔhaw ne ɔbrɛ pii.

Ɛno nti, nnipa pii nwu wɔ fie bio, na mmom wowu wɔ ayaresabea. Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara nnim ɔkwan a nnipa fa so wu, na nnipa pii mpo nhui sɛ obi rewu pɛn. Wei nti, ebia obi bɛtwetwe ne ho anaa ebia ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛtena ne busuani bi a owuyare abɔ no ho. Ɛba saa a, dɛn na ebetumi aboa?

DI KAN YƐ NHYEHYƐE

Sɛnea yehui wɔ Doreen asɛm no mu no, sɛ nnipa pii hu sɛ owuyare abɔ wɔn dɔfo bi a, etumi bubu wɔn. Ɛba saa a wo ho tumi yeraw wo, ehu ka wo, na awerɛhow hyɛ wo so. Enti dɛn na ebetumi aboa wo ama woasiesie w’adwene ama nea ɛreba no? Onyankopɔn somfo nokwafo bi bɔɔ mpae sɛ: “Kyerɛ yɛn yɛn nna kan na yɛanya nyansa koma.” (Dwom 90:12) Bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae denneennen sɛ ɔmmoa wo mma wunhu sɛnea ‘wobɛkan wo nna’ nyansam. Sɛ woyɛ saa a, nna a aka a wo ne wo dɔfo no bɛtena no, wubetumi ne no adi no yiye paa.

Egye nhyehyɛe pa na ama obi atumi ayɛ wei. Sɛ wo dɔfo no da so ara kasa, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛ onipa a ɔbɛma wasisi gyinae ama no bere a ontumi nkasa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma wakyerɛ onii ko. Ɛsɛ sɛ abusuafo di kan ne wɔn busuani no bɔ nkɔmmɔ hu nea ɔpɛ sɛ wɔyɛ ma no bere a ontumi nyɛ hwee no. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ, ɔpɛ sɛ wɔde no kɔ ayaresabea, anaa sɛ ne koma gyae bɔ a, wɔnyɛ biribi mma ne home nsan nsi so, anaa wɔmfa kwan foforo so nsa no yare. Ɛba saa a, ɛremma sɛ abusuafo besi gyinae bi mpofirim ama ɛde akasakasa aba wɔn ntam anaa wɔn adwene abu wɔn fɔ. Sɛ abusuafo no di kan ne ɔyarefo no susuw nneɛma ho pefee a, ɛbɛma wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ no yare. Bible ka sɛ: “Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa.”​—Mmebusɛm 15:22.

SƐNEA WUBETUMI ABOA

Mpɛn pii no, adwuma a obi a ɔtena ɔyarefo ho yɛ paa ne sɛ ɔbɛkyekye ɔyarefo no werɛ. Onipa a ɔda owupa so no, nea ohia paa ne sɛ yɛbɛka akyerɛ no sɛ yɛdɔ no, na yɛbɛboa no. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ wei? Kenkan nhoma a emu nsɛm hyɛ nkuran kyerɛ ɔyarefo no. Saa ara nso na wubetumi ato nnwom a emu nsɛm hyɛ nkuran ama no. Sɛ obi yare na ne busuani bi so ne nsa na ɔkasa brɛoo kyerɛ no a, onya awerɛkyekye.

Sɛ obi bɛsra ɔyarefo no na wobɔ ne din kyerɛ ɔyarefo no a, ɛyɛ a ɛboa paa. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ: “Nnipa nkatede nnum no, nea etwa to a egyae adwuma yɛ ne sɛ wonte asɛm bio. Ebetumi ayɛ yɛn sɛ [ɔyarefo] no ada deɛ, nanso ebia na ɔte asɛm a yɛka biara. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm biara a sɛ ɔyarefo no ani da hɔ a anka yɛrenka wɔ n’anim.”

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne ɔyarefo no mmom mmɔ mpae. Bible ma yehu sɛ, bere bi, ɔsomafo Paulo ne n’ayɔnkofo kɔɔ tebea bi a emu yɛ den paa mu. Wohui sɛ wɔn nkwa mpo da asiane mu. Mmoa bɛn na wɔhwehwɛe? Paulo srɛɛ ne nnamfo sɛ: “Nea mo nso mubetumi ayɛ aboa ne sɛ mobɛsrɛ ama yɛn.” (2 Korintofo 1: 8-11) Sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae ma obi a ɔwɔ ahohia mu anaa ɔyare denneennen a, etumi boa no paa.

GYE NEA ABA NO TOM

Mpɛn pii no, ɛhaw adwene paa sɛ obi behu sɛ ne dɔfo bi rebewu. Sɛ ɛba saa a, ɛnyɛ nwonwa, efisɛ Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yenwu. Wammɔ yɛn sɛ yennye ntom sɛ owu ka nnipa asetena ho. (Romafo 5:12) Onyankopɔn Asɛm no frɛ owu sɛ “ɔtamfo.” (1 Korintofo 15:26) Enti sɛ yɛmpɛ sɛ yebegye atom sɛ yɛn dɔfo bi bewu a, ntease wom, na mpo ɛnyɛ nwonwa.

Nanso sɛ abusuafo di kan dwinnwen nea ebetumi asi ho a, ebetumi aboa wɔn ma ehu no so atew, na wɔahwɛ nea wobetumi ayɛ ama nneɛma mu ayɛ mmerɛw. Nsakrae a ebetumi ada adi wɔ ɔyarefo bi ho no, yebetumi ahu bi wɔ adaka a wɔato din “ Bere a Aka Nna Kakra Ama Wawu” no mu. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ ɔyarefo biara na yebehu saa nsakrae yi nyinaa wɔ ne ho, na saa ara nso na nsakrae no mma nnidiso nnidiso sɛnea wɔahyehyɛ wɔ adaka no mu no. Nanso, anyɛ yiye koraa no, saa nsakrae yi bi da adi wɔ ayarefo dodow no ara ho.

Sɛ wo dɔfo bi wu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɔ wo yɔnko berɛbo bi a waka akyerɛ wo dedaw sɛ ɔbɛboa wo amanneɛ. Wɔn a wɔtena ayarefo ho hwɛ wɔn ne nea wawu no abusuafo no, ebehia sɛ yɛma wɔn awerɛhyem sɛ wɔn dɔfo no amanehunu to atwa na ɔnte yaw biara bio. Ɔbɔadeɛ no dɔ yɛn, na wama yɛahu paa sɛ, “awufo de, wonnim biribiara.”​—Ɔsɛnkafo 9:5.

ƆWERƐKYEKYEFO A ƆSEN BIARA

Sɛ obi reboa yɛn a, yensua sɛ yebegye atom

Ehia sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so. Ɛnyɛ bere a owuyare bi abɔ wo busuani bi nko na ɛsɛ sɛ woyɛ saa, na mmom bere a woredi wo dɔfo bi wu ho awerɛhow nso. Onyankopɔn betumi afa afoforo so ayɛ wo mmoa, na wama wɔaka nsɛm a ɛhyɛ nkuran de ahyɛ wo den. Doreen ka sɛ: “Mibehui sɛ, sɛ obi reboa me a, ɛsɛ sɛ megye tom. Nokwasɛm ne sɛ, afoforo yɛɛ yɛn mmoa ma ɛboroo yɛn so. Ná me ne me kunu nim paa sɛ Yehowa na ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Meka mo ho; mɛboa mo ama moagyina ɔhaw yi ano.’ Mmoa a yenyae no, me werɛ remfi da.”

Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ɔwerɛkyekyefo a ɔsen biara. Yehowa ne yɛn Bɔfo, na onim awerɛhow a yɛredi ne yaw a yɛrefa mu. Obetumi aboa yɛn na wahyɛ yɛn nkuran ama yɛatumi agyina yaw a yɛredi ano, na n’ani gye ho nso sɛ ɔbɛyɛ saa. Nea ɛsen saa no, wahyɛ yɛn bɔ sɛ obeyi owu afi hɔ koraa nnansa yi ara. Afei nso, obenyan nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu a wɔwɔ ne nkae mu no. (Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:3, 4) Saa bere no, wɔn nyinaa betumi aka asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi bi sɛ: “Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?”​—1 Korintofo 15:55.

^ nky. 2 Wɔasesa din ahorow no.