Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Marko 1:15—“Onyankopɔn Ahenni No Abɛn”

Marko 1:15—“Onyankopɔn Ahenni No Abɛn”

 “Bere a wɔahyɛ no adu, na Onyankopɔn Ahenni abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni.”—Marko 1:15, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!”—Marko 1:15, Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe.

Nea Marko 1:15 Kyerɛ

 Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ, Onyankopɔn Ahenni a no “abɛn,” efisɛ ɔno a na ɔbɛyɛ saa Ahenni no so Hene daakye no, na ɔwɔ wɔn nkyɛn saa bere no.

 Yesu asɛm yi nkyerɛ sɛ na Ahenni no afi ase redi tumi, efisɛ ɔkaa saa asɛm yi wiei no, akyiri yi ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ Ahenni no bɛba daakye. (Asomafo Nnwuma 1:6, 7) Ná Bible no aka ato hɔ sɛ, ɔno Yesu a daakye ɔbɛyɛ Ahenni no so Hene b no bɛba wɔ afe pɔtee bi mu. Afe a Bible no kaa sɛ ɔbɛba no, saa afe no ara mu nso na ɔbae. Ɛno nti na Yesu kaa sɛ: “Bere a wɔahyɛ no adu” no. Kyerɛ sɛ, na bere aso sɛ ofi ase yɛ ne som adwuma no wɔ baguam, na ɔka Ahenni no ho asɛmpa kyerɛ nkurɔfo.—Luka 4:16-21, 43.

 Sɛ nnipa benya Ahenni no ho asɛmpa no so mfaso a, na ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene, kyerɛ sɛ, wonu wɔn ho wɔ bɔne a wɔayɛ atwam no ho, na wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ wɔn bra. Wɔn a wɔsakraa wɔn adwene no, nea wɔyɛe no kyerɛe sɛ, Ahenni a ɛbɛba daakye no ho asɛmpa no, na wogye di.

Marko 1:15 Ho Nsɛm

 Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Marko 1:15 no bere a na ɔrehyɛ ne som adwuma ase wɔ Galilea. Bible mu asɛm a ɛka asɛm koro no ara wɔ Mateo 4:17. Ɛka sɛ, “efi saa bere no,” Yesu fii ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Ahenni no paa na Yesu kaa ho asɛm wɔ ne som adwuma no mu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wohwɛ Nsɛmpa c nnan no mu a, wɔabɔ Ahenni no din bɛboro mpɛn 100. Emu dodow no ara, Yesu na ɔbɔɔ din wɔ ne kasa mu. Wohwɛ Bible mu a, Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm sen biribi foforo biara.

Kenkan Marko ti 1, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu, kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho, mfoni, ne map a ɛka ho.

a Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a Onyankopɔn ahyehyɛ wɔ soro sɛ ɛnhwɛ mma n’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?” no.

b Ná Mesia no adwuma baako ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn nanmusini titiriw, enti na ehia sɛ Yesu ba bɛyɛ ɔhene sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ saa adwuma no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii fa Bible nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no ho a, hwɛ asɛm a wɔato din, “Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho Di Adanse Sɛ Na Yesu Ne Mesia No Anaa?

c Yɛka Nsɛmpa nnan no a, ɛno ne nhoma nnan a edi kan wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu; wɔtaa frɛ no Apam Foforo. Nsɛmpa nnan no ka Yesu asetena ne ne som adwuma ho asɛm.