Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛ Obi Resisi Me Ba a, Menyɛ Dɛn?

Sɛ Obi Resisi Me Ba a, Menyɛ Dɛn?

 Wo ba abɛka akyerɛ wo sɛ ɛyɛ a nkurɔfo teetee no wɔ sukuu. Dɛn na wobɛyɛ? Wobɛka akyerɛ sukuu mpanyimfo no sɛ wɔnhwɛ ntwe osisifo no aso, anaa wobɛkyerɛ wo ba no sɛ, sɛ obi sisi no a, ɔno nso nyɛ no bi ntua ka? Ansa na wubesi gyinae no, ma yɛnhwɛ nokwasɛm bi a ɛfa nsisi ho.

 Nea ɛsɛ sɛ mihu fa nsisi ho?

 Dɛn ne nsisi? Nsisi ne sɛ obi hyɛ da teetee ne yɔnko bere nyinaa. Ebetumi aba sɛ ɔhwe no, odidi no atɛm anaa odwoodwoo no. Nanso yɛbɛka a, ɛnyɛ atɛnnidi anaa adwoodwoo nyinaa na ɛkyerɛ nsisi.

 Nea nti a ɛho hia sɛ wuhu nea nsisi kyerɛ: Ebinom te nka sɛ biribiara a obi bɛyɛ ma ahyɛ wɔn abufuw no yɛ “nsisi.” Enti sɛ ɛnyɛ asɛnkɛse mpo na ɛhyɛ wɔn abufuw a, wɔte nka sɛ wɔasisi wɔn. Nanso sɛ biribi ketewa biara a obi de bɛyɛ wo ba no, sɛ wudi akyi a, woremma wo ba no nsua sɛnea obesiesie ɔne afoforo ntam—ɛno nso de, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ osua efisɛ obehia ne nkwa nna nyinaa.

 Bible mu afotusɛm: “Mpere wo ho mfa abufuw.”—Ɔsɛnkafo 7:9.

 Nea yɛreka akosi: Ɛwom, nsɛm no bi wɔ hɔ a, ebia ebehia sɛ wode wo ho gye mu, nanso ebi wɔ hɔ a, ebetumi ama wo ba no asua sɛnea obegyina nsɛnnennen ano ne sɛnea obesiesie ɔne afoforo ntam nsɛmnsɛm.—Kolosefo 3:13.

 Sɛ ɛba sɛ wo ba ka kyerɛ wo sɛ obi hyɛ da teetee no bere nyinaa a, dɛn na wobɛyɛ?

 Dɛn na metumi ayɛ de aboa?

  •   Tɔ wo bo ase tie wo ba no. Bɔ mmɔden sɛ wubehu (1) nea ɛrekɔ so ne (2) nea enti a afoforo resisi no. Sɛ wunnim asɛm no nyinaa ani so a, ɛnsɛ sɛ woka sɛ ɛyɛ nsisi. Bisa wo ho sɛ, ‘Asɛm no nyinaa ni, anaa biribi foforo ka ho a minnim?’ Sɛ wopɛ sɛ wuhu asɛm no nyinaa ani so a, ebia ɛho behia sɛ wo ne wo ba no kyerɛkyerɛfo anaa nea wo ba no kyerɛ sɛ ɔresisi no no awofo ka ho asɛm.

     Bible mu afotusɛm: “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.”—Mmebusɛm 18:13.

  •   Sɛ obi resisi wo ba a, boa no ma onhu sɛ sɛnea ɔbɛyɛ n’ade wɔ ho no na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔhaw no ano bɛbrɛ ase anaa ebegye nsam. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.” (Mmebusɛm 15:1) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ bi atua ka a, ebetumi asɛe asɛm no, na ɛbɛma osisifo no akɔ so asisi no.

     Bible mu afotusɛm: “Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa nsopa nntua nsopa so ka.”—1 Petro 3:9.

  •   Ma wo ba no nhu sɛ, sɛ wanyɛ bi antua ka a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Mmom, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ den efisɛ wamma osisifo no ankyerɛ no nea ɔnyɛ. Sɛ yɛbɛka a, watumi adi osisifo no so nkonim a wantow twɛre.

     Sɛ obi reteetee wo ba wɔ intanɛt so a, nyansahyɛ yi betumi aboa no pa ara. Sɛ wo ba no tutu bi ma osisifo no wɔ intanɛt so a, ɛma osisifo no kɔ so sisi no. Ebetumi mpo ama afoforo aka sɛ wo ba no nso yɛ osisifo! Ɛno nti, ɛtɔ da a, ɛho renhia sɛ wo ba no sosɔ so. Ɔyɛ saa a, ɛma ntɔkwaw no to twa, na ɛma wo ba no di osisifo no so nkonim.

     Bible mu afotusɛm: “Sɛ nnyina nni hɔ a, ogya dum.”—Mmebusɛm 26:20.

  •   Ɛtɔ da nso a, wo ba no betumi atwe ne ho afi nnipa a wobetumi asisi no no ho. Afei mmeae a obetumi ahyia asisifo nso, ɔremfa hɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo ba no nim baabi a obi anaa nnipakuw bi a wobetumi asisi no wɔ a, obetumi afa baabi foforo na wɔanhaw no.

     Bible mu afotusɛm: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe”​—Mmebusɛm 22:3.

Ɛho behia sɛ wo ne wo ba no kyerɛkyerɛfo anaa nea wo ba no kyerɛ sɛ ɔresisi no no awofo ka ho asɛm

 SƆ EYI HWƐ: Ɔkwan biara a wo ba no bɛpaw sɛ ɔbɛfa so adi ɔhaw no ho dwuma no, boa no ma onsusuw nea ebefi mu aba no ho. Sɛ nhwɛso no:

  •  Sɛ osi gyinae sɛ ɔremfii osisifo no a, dɛn na ebefi mu aba?

  •  Sɛ onya akokoduru ka si osisifo no anim sɛ onnyae nso ɛ?

  •  Sɛ ɔka nsisi no ho asɛm kyerɛ sukuu mpanyimfo no nso ɛ?

  •  Sɛ ɔde osisifo no nsɛm yɛ agorɔ a, ebetumi ama osisifo no “agyae” nea ɔreyɛ no anaa?

 Sɛ wo ba no ne osisifo no hyia anim-ne-anim oo, intanɛt so oo, kae sɛ tebea biara yɛ soronko. Enti wo ne wo ba no nhwɛ ɔkwampa a obetumi afa so adi tebea biara ho dwuma. Ma onhu sɛ wowɔ hɔ ma no bere nyinaa.

 Bible mu afotusɛm: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.”​—Mmebusɛm 17:17.