Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayamye Yɛ Su a Ɛho Hia Onyankopɔn

Ayamye Yɛ Su a Ɛho Hia Onyankopɔn

OWURA bi a n’ani afi kyerɛɛ ayamye ma ɛkaa aberante bi a ofi Japan koma paa. Owura no yɛ ɔsɛmpatrɛwfo, na na ɔbaa Japan nkyɛe, enti na ontumi nka ɛhɔ kasa no papa. Nanso nnawɔtwe biara na ɔkɔ aberante no fie ne no kosua Bible. Ofi ayamye mu tew n’anim de ntoboase buaa aberante a na ɔrepɛ biribi ahu no nsɛmmisa nyinaa.

Ayamye a ɔsɛmpatrɛwfo a n’ani afi no daa no adi no, aberante no werɛ remfi da. Aberante no kae sɛ: ‘Sɛ Bible no tumi ma obi kyerɛ ayamye ne ɔdɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ misua Bible.’ Eyi hyɛɛ no nkuran ma osuaa biribi a na ɔntee ho asɛm da. Nokwasɛm ni, ayamye tumi ka nnipa koma, na ɛtɔ da bi a, etumi ka koma no mpo sen asɛm a yɛde ano ka.

Ɛyɛ Suban a Ɛwɔ Onyankopɔn Ho

Yefi awosu mu tumi kyerɛ ayamye kyerɛ yɛn abusuafo, efisɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛdɔ obi a ɔbɛn yɛn. Nanso ayamye yɛ su a efi Onyankopɔn. Yesu kae sɛ nnipa a wɔdɔ ne soro Agya no, ɛnyɛ wɔn nkutoo na Agya no nso dɔ wɔn, na mmom ɔdɔ “bonniayɛfo” nso. Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wonsuasua Onyankopɔn. Ɔkae sɛ: “Sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no, mo nso monyɛ pɛ saa ara.”—Luka 6:35; Mateo 5:48; Exodus 34:6.

Wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so, enti nnipa betumi akyerɛ ayamye. (Genesis 1:27) Eyi kyerɛ sɛ yebetumi asuasua Onyankopɔn na yɛakyerɛ ayamye akyerɛ nnipa a wɔnyɛ yɛn abusuafo nso. Bible ka sɛ ayamye yɛ Onyankopɔn honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi aba no fã a ɛho hia paa. (Galatifo 5:22) Enti sɛ obi sua Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn no ho ade, na ɔbɛn no a, obetumi anya saa su no bi.

Esiane sɛ yefi awosu mu wɔ ayamye na ɛho hia Onyankopɔn nti, ntease wom sɛ Onyankopɔn se ‘yɛne yɛn ho nni wɔ ayamye so.’ (Efesofo 4:32) Ɔkae yɛn nso sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ.”—Hebrifo 13:2.

Ɛnnɛ, nnipa a wonni ayamye ne bonniayɛfo dɔɔso paa. So yebetumi akyerɛ ayamye akyerɛ nnipa a wɔbɛn yɛn ne ahɔho? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ saa? Dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ yɛma ayamye ho hia yɛn saa?

Ɛho Hia Onyankopɔn

Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ yɛnkyerɛ ayamye nkyerɛ ahɔho no, ɔtoaa so kae sɛ: “Ebinom nam so gyee abɔfo a wɔanhu.” Fa no sɛ woanya hokwan sɛ wobɛsom abɔfo ahɔho, anka w’ani rennye anaa? Paulo de, ɔkae sɛ, wogyee abɔfo a “wɔanhu.” Sɛ yɛbɛka a, sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛkyerɛ ayamye akyerɛ afoforo ne ahɔho anaa nnipa a yennim wɔn a, yebetumi anya akatua a yɛnhwɛ kwan.

Asɛm a Paulo kae no, sɛ wohwɛ Bible ahorow bi mu a, wubehu sɛ wɔtwe adwene kɔ Abraham ne Lot asɛm a ɛwɔ Genesis ti 18 ne 19 no so. Sɛ yɛkenkan nsɛm abien no nyinaa a, yehu sɛ abɔfo a wohuu wɔn no, na wɔn nyinaa de nsɛm a ɛho hia na ɛnam. Abraham de, abɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ a ɛne sɛ Abraham bɛwo ɔbabarima no aba mu. Lot  nso, na abɔfo no rebegye no afi ɔsɛe a ɛbɛba Sodom ne Gomora so no mu.—Genesis 18:1-10; 19:1-3, 15-17.

Sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ soro hɔ no a, wubehu sɛ na ɛyɛ Abraham ne Lot su sɛ wɔbɛkyerɛ ayamye akyerɛ nnipa a wɔretwam a wonnim wɔn. Israelfo bere so no, na ɛyɛ amammerɛ ne obiara asɛde sɛ ɔbɛkyerɛ ayamye akyerɛ nnamfo, abusuafo ne ahɔho a wɔretwam. Ná Mose Mmara no mpo hwehwɛ sɛ Israelfo no bɛma ahɔho a wɔte wɔn mu no asɛm ahia wɔn. (Deuteronomium 10:17-19) Abraham ne Lot mpo de, wɔyɛ boroo nea akyiri yi mmara no kae sɛ Israelfo no nyɛ no so. Wɔyɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛkyerɛ ayamye akyerɛ ahɔho, na wohyiraa wɔn nso.

Abraham ayamye no nti wohyiraa no ma onyaa ɔbabarima, na yɛn nso yɛanya nhyira no bi. Ɔkwan bɛn so? Abraham ne ne ba Isak adi dwuma titiriw paa ma Onyankopɔn atirimpɔw aba mu. Wɔn na wɔde wɔn kyekyee abusua a Yesu, Mesia no fi mu bae no. Nsiesie a Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔnam ne mmɔborɔhunu ne n’adom so begye nnipa nkwa no, Abraham ne Isak nokwaredi no yɛɛ ho mfonini.—Genesis 22:1-18; Mateo 1:1, 2; Yohane 3:16.

Saa nsɛm yi ma yehu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi nnipa a ɔdɔ wɔn no nkyɛn, na ɛma yehu sɛ ayamye ho hia no paa. Ɛnyɛ su a obi pɛ a na ɔda no adi, na mmom ɛyɛ biribi a ɛho hia Onyankopɔn paa.

Yɛda Ayamye Adi a, Ɛma Yehu Onyankopɔn Yiye

Bible ka sɛ yɛn mmere yi mu no, nnipa pii bɛyɛ “bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema.” (2 Timoteo 3:1-3) Ɛnyɛ dɛn ara a, wobɛtaa ahyia nnipa a wɔwɔ saa subammɔne no bi. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ ayamye kyerɛ nnipa foforo. Wɔka kyerɛ Kristofo sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. Munnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so.”—Romafo 12:17.

Yebetumi ayere yɛn ho denneennen akyerɛ ayamye akyerɛ afoforo. Bible ka sɛ: “Obiara a ɔwɔ ɔdɔ no . . . onya Onyankopɔn ho nimdeɛ;” ɔkwan biako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo ne sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ wɔn. (1 Yohane 4:7; 1 Korintofo 13:4) Enti sɛ yɛkyerɛ ayamye kyerɛ yɛn yɔnko nnipa a, yehu Onyankopɔn yiye, na ɛno ma yɛn ani gye paa. Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne ayamyefo, efisɛ wɔbɛda ayamye adi akyerɛ wɔn. Anigye ne wɔn a wɔn komam tew, efisɛ wobehu Onyankopɔn.”—Mateo 5:7, 8, Young’s Literal Translation.

Sɛ ɛba sɛ wunhu nea wonyɛ anaa wunhu nea wonka a, fa yɛ w’adwene sɛ wobɛka asɛm bi anaa wobɛyɛ biribi a ɛkyerɛ ayamye

Ma yɛmfa Aki, ɔbea warefo bi a ɔwɔ Japan na ɔwɔ mmabarima baanu sɛ nhwɛso. Aki  maame wui mpofirim, na ɛma ɔbotowee paa. Ɛtɔ da a, adwennwene tumi hyɛ ne so araa ma ɛho behia sɛ ɔkɔ ayaresabea. Ankyɛ, abusua bi tu bɛtenaa ne mpɔtam. Saa abusua no nso, na agya no anya kar akwanhyia awu ma aka maame no ne ne mma nketewa baanum. Ná wɔn asɛm yɛ Aki yaw paa, enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa maame no ne ne mma no nnamfo. Aki yɛɛ nea obetumi biara de boaa maame no ne ne mma no; ɔmaa wɔn aduan na ɔde ntade a n’abusua nhia bio no nso maa wɔn. Eyi maa ɔno ankasa nyaa ahotɔ. Ohui sɛ nea Bible ka no yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Nokwasɛm ni, sɛ adwennwene hyɛ yɛn so a, nea yebetumi ayɛ de aboa yɛn ho ne sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ afoforo.

Yɛde “Fɛm Yehowa”

Sɛ yeyi ayamye kyerɛ afoforo a, ɛte sɛ nea yɛde ‘refɛm Yehowa’

Ɛho nhia sɛ obi nya sika ansa na watumi ada ayamye adi. Saa ara nso na ɛnyɛ ahoɔden a obi wɔ anaa nea otumi yɛ na ɛkyerɛ sɛ obetumi ada ayamye adi. Sɛ yetumi serew kyerɛ nkurɔfo anaa yɛka awerɛkyekyesɛm bi kyerɛ wɔn anaa yɛboa wɔn ma wɔyɛ biribi, sɛ ebia yɛkyɛ wɔn ade anaasɛ yɛma afoforo bedi yɛn anim wɔ santen mu a, ne nyinaa kyerɛ ayamye. Sɛ ɛba sɛ wunhu nea wonyɛ anaa wunhu nea wonka a, fa yɛ w’adwene sɛ wobɛka asɛm bi anaa wobɛyɛ biribi a ɛkyerɛ ayamye. Aberante a yɛkaa ne ho asɛm de fii asɛm yi ase no, nea ɔsɛmpatrɛwfo no fi ayamye mu yɛe no kaa ne koma sen nea ɔkae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo ‘dɔ ayamye’!—Mika 6:8.

“Sɛ obi te asɛm a ɛyɛ dɛ biako pɛ a, otumi de ko awɔw asram abiɛsa.” Sɛnea Asia apuei fam bɛ yi kyerɛ no, ayamye ketewaa bi a yebeyi akyerɛ obi no betumi aka no paa. Sɛ Onyankopɔn ho dɔ ka yɛn ma yɛde adwempa kyerɛ ayamye kyerɛ afoforo a, ebetumi ama wɔn ani agye. Sɛ ɛba sɛ afoforo ankyerɛ ayamye a yɛda no adi no ho anisɔ mpo a, ɛnkyerɛ sɛ yɛabrɛ agu. Onyankopɔn anim de, ɛsom bo. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yeyi ayamye kyerɛ afoforo a, na yɛde ‘refɛm Yehowa.’ (Mmebusɛm 19:17) Adɛn nti na wonhwehwɛ hokwan mfa nkyerɛ ayamye nkyerɛ nnipa a wɔatwa wo ahyia no?