Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Afrika Atɔe

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Afrika Atɔe

PASCAL fi Côte d’Ivoire, na baabi a wɔtetee no deɛ, ohia nko ara. Enti na ɔpɛ sɛ odi yiye daakye. Ná ɔbɔ akuturuku nanso na ɛyɛ mfikyiri-mfikyiri deɛ no bi. Enti ɛyɛ a na odwen ho sɛ, ‘Ɛhe koraa na mekɔ a, megye din wɔ akuturukubɔ mu na manya sika?’ Bere a odii bɛyɛ mfe 25 no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’ani kyerɛ Europa. Nanso na onni nkrataa biara a ɔde bɛkɔ, enti na ɛsɛ sɛ ɔfa kwatikwan so kɔ.

Afe 1998, bere a Pascal dii mfe 27 no, ofii n’akwantu no ase. Ofi Côte d’Ivoire besii Ghana, na otwaam kɔɔ Togo faa hɔ kosii Benin, na afei okoduu Niger kurow bi a wɔfrɛ no Birni Nkonni. Efi ha rekɔ deɛ, na akwantu no yɛ hu papaapa. Ná ɔbɛforo lɔre atwa Sahara anhweatam no akɔ atifi fam akodu Mediterranea Po no ho. Afei ɔbɛfa hyɛmma atwa po no akɔ Europa. Saa na na wabɔ ne tirim pɔw, nanso nneɛma abien bi sii wɔ Niger maa ne nsusuwii kaa ne tirim.

Nea edi kan, ne ho sika sae. Nea ɛto so abien, ohyiaa ɔkwampaefo bi a ɔde Noé, na ɔne no fii ase suaa Bible. Nea osuae no kaa ne koma paa ma enti nea esi n’ani so wɔ abrabɔ mu sesae; ɔde honhom fam nneɛma sii honam fam de anan. Pascal bɔɔ asu December 1999. N’ani sɔɔ nea Yehowa yɛ maa no no. Enti afe 2001 mu no, ofii akwampae adwuma ase wɔ Niger. Saa ɔman no ara mu na osuaa nokware no. Ɔte nka sɛn wɔ ne som adwuma ho? Ɔkae sɛ, “Afei paa na me koma atɔ me yam wɔ asetenam!”

WONYAA AKOMATƆYAM WƆ AFRIKA

Anne-Rakel

Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wobenya akomatɔyam paa wɔ asetenam a, ɛsɛ sɛ wotu wɔn ho ma yɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu sɛnea Pascal yɛe no. Eyi nti ebinom atu afi Europa kɔ Afrika, na wɔreka asɛm no wɔ baabi a adawurubɔfo nnɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, Adansefo bɛyɛ 65 fi Europa akɔtena Afrika Atɔe reka asɛmpa no wɔ Benin, Burkina Faso, Niger, ne Togo. * Adansefo yi adi fi mfe 17 kosi mfe 70. Dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔde nneɛma bɔɔ afɔre saa? Dɛn na afi mu aba?

Anne-Rakel a ofi Denmark kae sɛ: “Ná m’awofo yɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Senegal. Daa na wɔka asɛmpatrɛw adwuma no ho asɛmpa, na wɔreka a, mihu sɛ wɔn ani gye ho paa. Eyi nyinaa nti na mepɛ sɛ midi wɔn anammɔn akyi.” Bɛyɛ mfe 15 ni na Anne-Rakel tu kɔtenaa Togo; saa bere no na wadi mfe 20 ne kakra. Ɔwɔ mum kasa asafo bi mu. Gyinae a osii no kaa afoforo sɛn? Ɔkae sɛ: “Akyiri yi me nuabea ketewa ne me nuabarima dii m’akyi baa Togo.”

Albert-Fayette ne Aurele

 Aurele fi France; ɔyɛ barima warefo a wadi mfe 70. Ɔkae sɛ: “Mfe anum ni a mekɔɔ pɛnhyen. Ná mewɔ nneɛma abien a metumi ayɛ mu biako—sɛ́ mɛtena France asom Yehowa nkakrankakra kosi sɛ Paradise bɛba anaasɛ metu me ho ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu.” Emu nea ɛwɔ he na Aurele yɛe? Otuu ne ho yɛɛ pii. Bɛyɛ mfe abiɛsa ni na ɔne ne yere Albert-Fayette tu kɔɔ Benin. Aurele kae sɛ, “Yɛayi yɛn yam resom Yehowa wɔ ha, na mihu sɛ ɛno ara ne ade a mfaso wɔ so paa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Anikasɛm, yɛn asasesin no fã bi wɔ mpoano, na sɛ yɛnam hɔ a na ayɛ sɛnea menam Paradise.”

Clodomir ne ne yere Lysiane tu fii France kɔɔ Benin. Wɔanya mfe 16 wɔ hɔ. Mfiase no na wɔfe wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo paa wɔ France. Sɛ wɔhwɛ Benin asetena a, na wosuro sɛ anhwɛ a na wɔantumi antena hɔ. Nanso sɛɛ na eyi nyɛ ɔhaw koraa; wɔn ani gyei ankasa. Clodomir kae sɛ: “Mfe 16 a yɛadi wɔ ha no, anyɛ yiye koraa no afe biara yetumi boa onipa biako ma obegye nokware no.”

Lysiane ne Clodomir ne adawurubɔfo bi a wɔaboa wɔn ma wɔabegye nokware no

Johanna ne Sébastien

Sébastien ne Johanna yɛ awarefo a wofi France; wotu kɔɔ Benin wɔ 2010 mu. Sébastien kae sɛ, “Adwuma pii wɔ asafo no mu. Adwuma a yɛreyɛ wɔ ha no te sɛ nea yɛrefa ntetee soronko bi mu.” Sɛ wɔkɔ asɛnka a, sɛn na nkurɔfo gye asɛmpa no? Johanna kae sɛ: “Nkurɔfo rehwehwɛ nokware no denneennen. Sɛ yɛnam yɛn baabi koraa a, wobɛhwɛ na nkurɔfo aba yɛn nkyɛn rebebisa yɛn Bible mu asɛm anaa yɛn nhoma no bi.” Benin a wɔkɔe no aboa wɔn aware sɛn? Sébastien kae sɛ: “Ama yɛn aware asɔ paa. Nea ɛma m’ani gye koraa ne sɛ me ne me yere kɔ asɛnka da mũ nyinaa.”

Eric ne ne yere Katy yɛ akwampaefo wɔ Benin atifi fam. Ɛhɔ deɛ nnipa nnɔɔso. Bɛyɛ mfe du a atwam no na wɔwɔ France. Saa bere no wofii ase kenkan nsɛm a ɛfa baabi a wohia mmoa ho, na wɔne bere nyinaa asomfo nso bɔɔ ho nkɔmmɔ. Eyi maa wɔn kɔn dɔe sɛ wobetu akɔ amannɔne akɔboa. Enti afe 2005 no, wobuu wɔn kɛtɛ mu. Nokwasɛm ni, nkɔso baa ntɛmntɛm ma ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Eric kae sɛ: “Yɛwɔ kuw bi mu wɔ Tanguiéta kurow mu. Mfe abien a atwam no na yɛyɛ adawurubɔfo 9, nanso seesei yɛadu 30. Yɛkɔ adesua Kwasida a, nnipa bɛyɛ 50 kosi 80 na ɛba. Sɛ mehwɛ nkɔso a aba a, m’ani gye araa ma minhu nea menyɛ mpo.”

Katy ne Eric

SƐNEA WUBEDI NSƐNNENNEN SO

Benjamin

Nsɛnnennen bɛn na wɔn a wotu kɔ aman foforo so no hyia? Benjamin adi mfe 33; ne nuabea ne  Anne-Rakel. Afe 2000 mu no, ohyiaa ɔsɛmpatrɛwfo bi a na ofi Togo aba Denmark. Benjamin kae sɛ: “Meka kyerɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ mepɛ sɛ meyɛ akwampae adwuma. Ɔsɛmpatrɛwfo no kae sɛ: ‘Wunim, wubetumi ayɛ akwampae adwuma no wɔ Togo.’” Benjamin dwenee asɛm no ho. Ɔkae sɛ: “Saa bere no na minnyaa mfe 20 mpo, nanso na me nuanom mmea baanu adi kan dedaw wɔ Togo resom wɔ hɔ. Enti na ɛnyɛ den koraa sɛ metu akɔ hɔ.” Nanso bere a Benjamin kɔe no, ohyiaa nsɛnnennen. Ɔkae sɛ: “Ná mente French kasa biako mpo. Asram asia a edi kan no de na minhu so koraa, na mintumi ne obiara mmɔ nkɔmmɔ.” Nanso nkakrankakra ɔtee kasa no. Seesei Benjamin som wɔ Benin Betel. Ɔboa ma wɔde nhoma kɔma asafo ahorow, na ɔboa kɔmputa dwumadibea nso.

Marie-Agnès ne Michel

Eric ne Katy a yɛaka wɔn ho asɛm dedaw no dii kan kaa asɛm no kyerɛɛ ahɔho bi a wɔabɛtena France ansa na wɔretu akɔ Benin. Nanso ɛsono Afrika Atɔe koraa. Adɛn ntia? Katy kae sɛ: “Mfiase no na ɛyɛ den sɛ yebenya baabi pa atena. Na nsu ne anyinam ahoɔden nni fie a yɛte mu no mu. Yɛtenaa eyi mu asram pii.” Eric ka too so sɛ: “Ná nkurɔfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ bɔ nnwom tuatua yɛn aso kosi anadwo dasum. Ná ɛsɛ sɛ yenya nneɛma a ɛte saa ho koma na yɛtena mu saa ara.” Wɔkae sɛ: “Nkurɔfo a wɔwɔ asasesin no mu nhyɛɛ da ntee asɛmpa no ho hwee, na sɛ yɛhwɛ anigye a yenya wɔ hɔ a yɛnkae yɛn haw mpo.”

Michel ne Marie-Agnès yɛ awarefo a wofi France; wɔrekeka kɔ mfe 60. Bɛyɛ mfe anum ni na wotuu kɔɔ Benin. Mfiase no egyaw wɔn adwennwene. Michel kae sɛ na ebinom susuw sɛ gyinae a wɔasi no yɛ hu. “Efisɛ na akɔyɛ te sɛ nea obi asa hama wɔ wim de yɛn atena wheelbarrow mu nam so. Sɛ woanhu sɛ Yehowa na ɔrepia wheelbarrow no a, ehu betumi aka wo paa. Enti yegyaee yɛn ho hyɛɛ Yehowa nsa tu kɔe.”

AHOBOA A WOBƐYƐ

Wɔn a wɔakɔboa wɔ ɔman foforo so no ahu sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔ bi a, ehia sɛ otu saa anammɔn yi: Toto nneɛma yiye. Siesie wo ho sɛ nea wobɛkɔ akɔto biara, wubemia w’ani atena mu. Hwɛ wo sika yiye; nni mmoro nea wɔatwa ato hɔ. Fa wo ho to Yehowa so.Luka 14:28-30.

Sébastien a yɛadi kan aka n’asɛm no kae sɛ: “Ansa na me ne Johanna retu akɔ no, yesiee sika mfe abien. Nea ɛte ne sɛ na yɛnyɛ atotɔatotɔ, na na yɛnsɛe sika pii wɔ anigyede ho.” Afe biara wɔde asram kakra kɔyɛ adwuma wɔ Europa pɛ sika kakra na wɔde asram a aka no akɔyɛ akwampae adwuma  no wɔ Benin. Eyi na aboa wɔn ma wɔakɔ so ayɛ adwuma no.

Marie-Thérèse

Anuanom mmea asigyafo bɛyɛ 20 na wɔatu aba Afrika Atɔe fam. Wɔn mu biako ne Marie-Thérèse. Ná ɔka bɔs wɔ France, nanso 2006 mu no ɔsrɛɛ kwan afe biako wɔ adwumam de kɔɔ Niger kɔyɛɛ akwampae adwuma no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ hɔ no na ohui sɛ afei na wanya ne koma so adwuma. Marie-Thérèse kae sɛ: “Bere a mesan baa France no, meka kyerɛɛ m’adwumawura sɛ mepɛ sɛ mesesa ɛbere a mede yɛ adwuma, na ɔpenee so. Enti efi saa bere no, May kosi August biara mekɔka bɔs wɔ France a, na maba Niger abɛyɛ akwampae adwuma fi September akosi April.”

Saphira

Wɔn a ‘wɔhwehwɛ ahenni no kan’ betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de ‘nneɛma a aka a wohia bɛma wɔn.’ (Mat. 6:33) Ma yɛmfa Saphira a ofi France asɛm no nyɛ nhwɛso. Ɔyɛ onuawa kwampaefo sigyani a ɔwɔ Benin. Seesei ɔrekeka kɔ mfe 30. Afe 2011, ɔkɔɔ France sɛ ɔrekɔpɛ adwuma ayɛ apɛ sika kakra asan akɔ Afrika akotwa afe biako. Eyi ne nea ɛto so asia a na ɔrekɔ Afrika. Saphira kae sɛ: “Ná ɛyɛ Fida, na na ɛno ne ɛda a etwa to a wɔde ama me wɔ adwumam. Nanso na aka me dadu na mede anya sika a mihia. Mereka yi na aka me nnawɔtwe abien pɛ wɔ France, enti mede asɛm no too Yehowa anim. Ankyɛ koraa na adwuma bi frɛɛ me sɛ wɔrepɛ obi ma wahyɛ obi anan nnawɔtwe abien.” Dwoda dui no, Saphira kɔɔ adwumam hɔ sɛ ɔrekohyia nea ɔrekosi n’anan no ma wɔakyerɛ no adwuma no ani so. Ɔkɔe no anikasɛm bi sii. Ɔkae sɛ: “Sɛɛ na ɛyɛ onuawa kwampaefo bi a ɔrepɛ dadu akɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu! Ná n’adwumawura aka akyerɛ no sɛ, sɛ wannya obi anhyɛ n’anan a, ɔremma ɔnkɔ. Enti na ɔno nso de asɛm no ato Yehowa anim sɛnea meyɛe no ara.”

ƐMA AKOMATƆYAM ANKASA

Anuanom mmarima ne mmea bi aba Afrika Atɔe fam reka asɛm no. Wɔatena hɔ mfe pii na wɔde hɔ ayɛ wɔn kurom. Ebinom nso abetwa mfe kakra asan kɔ wɔn kurom. Nanso nnɛ ne nnɛ nyinaa mpo, wɔn a wɔabɛsom wɔ Afrika asan kɔ no twa so aba pa. Wɔahu sɛ ade a ɛma akomatɔyam paa ne sɛ obi betu ne ho asom Yehowa.

^ nky. 6 Benin baa dwumadibea no na ɛhwɛ aman anan no nyinaa dwumadi so. French kasa na wɔka wɔ saa aman no mu.