Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Adannandi

Adannandi

Nnipa bi ka sɛ nkwa nam adannandi so na ɛbaeɛ. Afoforo nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔfii aseɛ bɔɔ nneɛma, na ɛduu baabi no ɔmaa ɛno ara dii adaneadanee. Dɛn na Bible ka?

Ebinom ka sɛ biribi na ɛpae maa nneɛma baa prɛko pɛ. Wei ne Bible hyia anaa?

Nea Bible ka ara ne sɛ: “Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Ɛnkyerɛ ɔkwan pɔtee a Onyankopɔn faa so bɔɔ nneɛma. Enti sɛ biribi na ɛpae maa nneɛma baa prɛko pɛ mpo a, ɛno ara kɛkɛ mmɔ nea Bible ka no ngu. Mmom Genesis 1:1 boa ma yɛnya asɛmmisa yi ho mmuaeɛ: Hwan na ɔmaa dekode no paeɛ?

Nyansahufo pii gye di sɛ biribi na ɛpae ma yɛnyaa nsoromma, okyinnsoromma, owia ne bosome; obiara nsa nnim. Nanso Bible mfoa asɛm yi so. Mmom ɛka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa. Sɛ ɔmaa nneɛma gyee bum na ɛbaeɛ oo, sɛ ɔfaa kwan foforo so na ɛbɔeɛ oo, Bible nka ho asɛm.

“Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”Genesis 1:1.

Ɛwom ara a nneɛma bi su tumi sakra. Ɛno nso dɛn na Bible ka fa ho?

Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ nneɛma a nkwa wom nyinaa “sɛdeɛ wɔn su teɛ.” (Genesis 1:11, 12, 21, 24, 25) Ɛnneɛ wɔn su bɛtumi asesa anaa? Aane. Nanso sɛ aboa bi su sesa a, ɛkyerɛ sɛ ɔbɛtumi adanedane abɛyɛ aboa foforo? Dabi.

Susu asɛm yi ho hwɛ: Afe 1970 akyi hɔ baabi no, ebinom kɔsuaa nnomaa bi ho adeɛ wɔ Galápagos Supɔ so. Wɔhyɛɛ no nso sɛ, sɛ ewiem tebea sesa a, nnomaa a wɔn ano soso no tumi gyina tebea no ano sen wɔn a wɔn ano susua. Ebinom susu sɛ wei foa adannandi nkyerɛkyerɛ so. Nanso yɛmmisa sɛ ɛyɛ adannandi, anaa mmoa no su kɛkɛ na ɛsakra? Mfe bi akyi no, nnomaa a wɔn ano susua no san yɛɛ bebree. Nhwehwɛmu yi maa ɔbenfo Jeffrey H. Schwartz kaa sɛ, aboa bi su bɛtumi asesa ma wagyina tebea bi ano, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔbɛtumi “adanedane abɛyɛ abɔdeɛ foforo.”

Enti nea Bible ka ne adannandi nkyerɛkyerɛ bɛtumi ahyia?

Bible se Onyankopɔn na ‘ɔbɔɔ nneɛma nyinaa.’ (Adiyisɛm 4:11) Ɔbɔɔ biribiara wieeɛ ansa na ‘ɔregye n’ahome.’ (Genesis 2:2) Wei ma asɛm no mu da hɔ fann: Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ adeɛ baako bi na ɔpɛɛ ne baabi tenaeɛ sɛ ɛno ara nnanedane mmɛyɛ nneɛma te sɛ apataa, kontromfi, anaa nnipa. * Sɛ wɔka saa a, na wɔrepɛ akyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ. Nanso Bible ka sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ “ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”—Exodus 20:11; Adiyisɛm 10:6.

“Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.”Adiyisɛm 4:11.

Sua pii: Bible ka sɛ Onyankopɔn “su hodoɔ a wɔnhunu no ada adi pefee firi wiase bɔ so, ɛfiri sɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu.” (Romafoɔ 1:20) Sɛ wosua Onyankopɔn ho ade a, wobɛhu nea enti a ɔbɔɔ yɛn. Wobɛhu nso sɛ ɔwɔ biribi pa bi ma wɔn a wɔyi wɔn yam hwehwɛ no nyinaa. (Ɔsɛnkafoɔ 12:13; Hebrifoɔ 11:6) Wopɛ wei ho nsɛm pii a, bisa Yehowa Adansefo anaa kɔ www.pr418.com/tw. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE..

^ nky. 12 Ebinom nso ka sɛ Onyankopɔn de nnafua mmaako mmaako nsia na ɛbɔɔ adeɛ, nanso Bible mfoa so. Wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ nwomawa a wɔato din Was Life Created? no kratafa 24-27. Yehowa Adansefo na wɔyɛeɛ. Wobɛtumi nso atwe bi wɔ www.pr418.com.