Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Koterɛ Nkasɛɛ-Nkasɛɛ

Koterɛ Nkasɛɛ-Nkasɛɛ

KOTERƐ bi wɔ Australia a ne ho yɛ nkasɛɛ-nkasɛɛ (Moloch horridus). Saa koterɛ yi twetwe nsuo fi bosuo, mframa, ne anwea a afɔ mu. Afei nsuo no nenam ne wedeɛ mu kɔpue n’anom ma ɔnom. Ɔyɛ dɛn yɛ wei nyinaa? Ne nyinaa fi ne wedeɛ.

Nsuo fa koterɛ no wedeɛ mu kɔ ntokuru no mu kɔpue n’anom

Susu ho: Koterɛ yi wedeɛ yɛ apɔapɔ. Nyansahufo kyerɛ sɛ sɛ bosuo gu aboa no so a, ɛtenetene kɔgu ntokuru bi mu wɔ ne wedeɛ mu. Akwan nketenkete bi wɔ ntokuru yi mu a ɛkɔpue koterɛ no anom.

Ɛyɛ dɛn koraa na koterɛ yi twe nsuo fa ne nan mu kɔ ne wedeɛ mu kɔpue n’anom a ɛnwunu ngu fam? Sɛ aboa yi nam baabi a afɔ a, ɔyɛ dɛn de ne yafunu twe nsuo kɔ ne wedeɛ mu?

Nyansahufo ahu biribi wɔ aboa yi ho a ɛboa ma ɔyɛ saa. Wɔkyerɛ sɛ ntokuru a ɛwɔ ne wedeɛ mu no toatoam ara kɔpue n’anom. Sɛnea ntokuru no teɛ nti, nsuo tumi foro fi fam ba aboa no wedeɛ mu. Enti ɔkwan bi so no, koterɛ yi wedeɛ te sɛ sapɔ a ɛnonom nsuo.

Awuraa Janine Benyus da kuo bi a ɛde Biomimicry Institute ano. Ɔkaa sɛ mfiridwuma ho animdefo bɛtumi ahwɛ sɛnea koterɛ yi twetwe nsuo no asua biribi afi mu. Wɔbɛtumi ahwɛ so ayɛ afidie a ɛbɛma adan mu mframa ayɛ wesee na ɛmu ayɛ nwunu. Bio nso ɛbɛtumi aboa ma wɔanya nsupa ama ɔmanfo anom.

Wosusu ho sɛn? Dwuma a koterɛ yi wedeɛ di no nam adannandi so na ɛbae, anaa obi na ɔbɔe?