Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Woma W’abam Bu Ntɛm?

Woma W’abam Bu Ntɛm?

BERE a woyɛ aberante anaa ababaa no, dɛn na na ɛsi w’ani so? Ebia na wopɛ sɛ woware anaa woyɛ adwuma bi anaa wosua biribi. Nanso ɛnyɛ nea onipa pɛ na ɔnya. Biribi bɛtumi asi ma tebea no asesa koraa. Wei na ɛtoo Anja, Delina, ne Gregory.

  • Anja wɔ Germany na bere a ɔdii mfe 21 no, dɔkotafo kaa sɛ wanya kokoram anaa cancer. Seesei yareɛ no aka no ahyɛ fie.

  • Delina nso wɔ United States, na wanya wedeɛ mu yareɛ bi a wɔfrɛ no dystonia. Ne nuanom mmiɛnsa nso yɛ ayarefo, na ɔno koro yi ara na ɔhwɛ wɔn.

  • Gregory wɔ Canada, na wanya adwenemyare bi a ɛmma ne ho ntɔ no koraa.

Nea Anja, Delina, ne Gregory refam nyinaa akyi no, wɔmpaa aba; wɔatumi agyina mu. Dɛn na aboa wɔn?

Bible ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛte.” (Mmebusɛm 24:10) Asɛm yi mu da hɔ pefee: Sɛ asɛm bi si a, nea wobɛyɛ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛtumi afam anaa worentumi. Sɛ woma w’abam bu ntɛm a, tebea no bɛbunkam wo so. Nanso sɛ wotumi hyɛ wo ho so a, ɛbɛma woasi gyinae pa na wo koma atɔ wo yam.

Wei ne biribi a Anja, Delina, ne Gregory yɛe. Momma yɛnhwɛ sɛnea aboa wɔn.