Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?

Ɔhaw No: Nea Woyɛ Ho Hwee a Ɛnyɛ Yie

Ɔhaw No: Nea Woyɛ Ho Hwee a Ɛnyɛ Yie

YAREƐ koankorɔ bi abɛsoɛ wo so? Ɛyɛ awaregyae? Anaa wo dɔfo bi awu? Asɛm a ɛte saa to wo a, ɛbɛyɛ wo sɛ wo wiase nyinaa aba awiei, nanso ɛnkyerɛ sɛ woafa tebea no saa ara; wonyae a anka nneɛma asesa. Ɛnneɛ, wobɛyɛ dɛn na woatumi agyina mu?

NHWƐSO A ƐWƆ BIBLE MU: PAULO

Ɔsomafo Paulo tutuu akwan kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma, nanso ɛduu baabi no na ɔntumi ntutu akwan bio. Adɛn ntia? Wɔtwaa asɛm too ne so, na wei nti wɔkaa no hyɛɛ fie mfe mmienu maa asogyafo hwɛɛ ne so. Nanso Paulo amma wei ammu n’abam, na mmom ɔhwɛɛ nea ɔbɛtumi ayɛ. Ɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔbɛsraa no nyinaa na ɔkyekyee wɔn werɛ. Ɔde hokwan no mpo kyerɛw nwoma pii, na ɛnnɛ ɛka Bible no ho.—Asomafoɔ Nnwuma 28:30, 31.

NEA ANJA YƐE

Sɛnea yɛdii kan kae no, seesei yareɛ aka Anja ahyɛ fie. Ɔkaa sɛ: “Cancer dɛɛfoɔ yi ama megye me ho baabiara a ɛnnye. Sɛ manhwɛ me ho yie na yareɛ foforo bi san bɛbɔ mu a, m’awiei ara ne no. Enti memmpue mpo na makɔ adwuma anaa makɔsrasra me nnamfo.” Ɛnneɛ Anja agyae ma tebea no abunkam ne so anaa? Wo deɛ, tie n’anom asɛm: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma bi mu, na wei aboa me paa. Mehwɛɛ sɛ ahoɔden kakra a mewɔ no mede bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa wɔ m’asetena mu. Wei ma mehu sɛ nneɛma mmu mfaa me so saa.”

“Masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛpene deɛ mewɔ so.”—Paulo asɛm a ɛwɔ Filipifoɔ 4:11

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Sɛ woakɔ tebea bi mu na nneɛma reyɛ abunkam afa wo so a, sɔ wei hwɛ:

  • Hwɛ nea wobɛtumi ayɛ. Ɛtɔ da a, yareɛ no ankasa deɛ worentumi nyɛ ho hwee, nanso ebia wobɛtumi atenetene w’apɔw mu adi aduanpa na woahome sɛnea ɛsɛ.

  • Hwɛ nea wopɛ sɛ woyɛ na fa ho adwene. Kae sɛ ‘akokɔ de nkakrankakra na ɛnom nsuo,’ enti da biara da yɛ nea wobɛtumi kɔsi sɛ wobɛduru nea wode asi w’ani so no ho.

  • Kae sɛ adwuma ketewa biara nsua, enti nea wobɛyɛ a w’ani bɛgye no yɛ. Sɛ wobɛtumi ahohoro nkyɛnsee mu anaa wobɛtumi apopa pon so a, adɛn na wonyɛ? Afei hwɛ siesie wo ho kama. Wosɔre anɔpa a, yɛ nneɛma a ɛho hia no kan.

  • Hwɛ su anaa nimdeɛ bi a wo tebea no ama woanya. Nea worefa mu no abue w’adwenem? Anaa ama woahu sɛnea yɛgyina yaw ano? Ɛnneɛ, adɛn na womfa hokwan no mmoa wɔn a wɔakɔ tebea a ɛte saa mu?

Nea Ɛhia sɛ Wohyɛ no Nsow: Ebia worentumi nyɛ wo tebea no ho hwee, nanso hwɛ na ammunkam amfa wo so.