Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?

Wobɛtumi Adi Wo Haw So?

Wobɛtumi Adi Wo Haw So?

YƐTAA bu bɛ bi sɛ, “Dua kɔntɔnkye na ɛma yɛhu odwumfoɔ.” Nnɛ, baabiara nnwoe. Sɛ wokɔ tebea bi mu a, nea wobɛyɛ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛtumi agyina ano anaa ɛbɛbunkam afa wo so. Sɛ nneɛma nkɔ yie na wobɔ mmɔden gyina mu a, ɛyɛ paa. Sɛ akyiri yi nneɛma yɛ yie a, ɛyɛ asɛmpa. Nanso kae sɛ asetena papa paa deɛ, afei na ɛreba.

Bible ahyɛ bɔ sɛ ɛbere bi bɛba a ateetee bɛfi nnipa so na abasamtu ayera koraa. Yareɛ oo, adwennwene oo, anaa ɔhaw foforo biara oo, ne nyinaa bɛfi hɔ ma yɛn ho atɔ yɛn. (Yesaia 65:21, 22) Wei na Bible frɛ no asetena pa anaa “nkwa paa no.”—1 Timoteo 6:19.

“Wɔbɛsisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.”—Yesaia 65:21, 22.