Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Sɛnea Ɛpo Mu Mmoa Bi Konkuro Te

Sɛnea Ɛpo Mu Mmoa Bi Konkuro Te

MMOA bi wɔ ɛpo mu a wɔwɔ konkuro. Saa konkuro yi boa wɔn ma wogyina tebea a emu yɛ den ano. Enti sɛ mmoa yi wɔ po no ase na sɛ ɛpo mu duru no hyɛ wɔn so a, ɛnhaw wɔn. Sɛnea konkuro yi tumi bɔ mmoa no ho ban paa no, ama abenfo adwen ho sɛ wɔbɛyɛ kar anaa ɛdan bi a ebetumi abɔ nnipa ho ban saa ara.

Susuw ho: Abenfo no hwehwɛɛ konkuro ahorow mmienu mu. Nea edi kan no yɛ konkuro a ɛbɔ ho mmienu, na etumi bue ka tom te sɛ adɔde deɛ no. Nea ɛto so mmienu no konkuro yɛ baako pɛ, na ɛte sɛ nea yɛakyinkyim no. Ebi ne nwa deɛ no.

Nea ɛbɔ ho mmienu no, ɛyɛ a na ɛho yɛ nsensanee. Sɛ ɛpo nsu no home aboa no so a, saa nsesanee no nti, nsu no mu duru kɔ konkuro no ano ano ne ne to. Nea ɛte sɛ nea yɛakyinkyim no nso, sɛ ɛpo nsu no home aboa no so a, nkyinkyimii no nti, nsu no mu duru kɔ konkuro no ano ne ne mfinimfini. Ne mmienu nyinaa mu no, sɛnea konkuro no te nti, sɛ nsu no home aboa no so a, nsu no mu duru kɔ konkuro ne fã a ɛyɛ den. Wei nti sɛ konkuro no baabi sɛe mpo a, aboa no deɛ, hwee nyɛ no.

Nhwehwɛmufo no faa konkuro no mu biara, ɛnna wɔde 3-D printer yɛɛ konkuro no sɛso. Afei wɔde biribi homee konkuro papa no ne nea wɔyɛe no so hwɛɛ sɛnea ebetumi agyina ano. Wohuu sɛ, sɛnea aboa no konkuro no te nti, ɛwɔ ahoɔden mmɔho mmienu kyɛn nea wɔyɛe no.

Nhoma bi kaa nhwehwɛmu yi ho asɛm sɛ: “Sɛ ɛba sɛ wunya kar bi a wɔayɛ no te sɛ ɛpo mu mmoa konkuro a, ɛbɛyɛ fɛ, na ɛbɛbɔ emu nnipa nso ho ban.”—Scientific American.

Wudwen ho sɛn: Wohwɛ sɛnea ɛpo mu mmoa konkuro te no a, ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?