Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆEƐ ANAA?

Ɛwoɔkyɛm

Ɛwoɔkyɛm

NWOWA (Apis mellifera) pu nsuo bi fi wɔn yam de yɛ ɛwoɔkyɛm. Sɛ adansie ho abenfoɔ hwɛ kwan a nwowa fa so yɛ ɛwoɔkyɛm a, wɔhu sɛ nwowa yɛ “adansifoɔ akukudam.” Adɛn ntia?

Susu ho: Ɛfi tete nyinaa abenfoɔ nim sɛ, sɛ wosi dan na ɛwɔ mantwea nsia (kyerɛ sɛ ɛyɛ ahinnsia) a, ɛyɛ sen nea ɛwɔ mantwea mmiɛnsa anaa nnan (kyerɛ sɛ ahinasa anaa ahinnan), efisɛ ɛnnye asase pii. Bio nso ɛho nneɛma nnɔɔso. Nanso na wɔntumi nkyerɛ nea enti a ɛte saa kɔsii sɛ afe 1999 mu no, Ɔbenfoɔ Thomas C. Hales yɛɛ ɛwoɔkyɛm mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri. Ɛwoɔkyɛm mu tokuro biara wɔ mantwea nsia, na ɔbenfoɔ yi huu sɛ mfasoɔ pii wɔ so. Ɔma ɛdaa adi sɛ, sɛ woresi dan anaa woreyɛ biribi na woma no nya mantwea nsia a, ɛnhia sɛ wosisi adum pii.

Sɛnea nwowa si wɔn dan nti, baabi ketewaa bi a wɔbɛnya no wɔtumi yɛ ɛwoɔkyɛm wɔ hɔ, nanso wɔtumi kora ɛwoɔ pii wom. Esiane sɛ ɛwoɔkyɛm ntokuro yɛ ahinnsia nti, nwowa no nhia nneɛma biara a emu yɛ duru na wɔde ayɛ. Nneɛma kakraa bi a wɔbɛnya no wɔtumi de yɛ wɔn dan. Sɛ animdefoɔ hwɛ wei nyinaa a, nea wɔka ara ne sɛ nwowa yɛ “adansie mu abenfoɔ.”

Ɛnnɛ, sɛ nyansahufoɔ hwɛ ɛwoɔkyɛm a, wɔtumi sua nneɛma pii fi nwowa hɔ. Wɔsisi adan akɛseɛ akɛseɛ a ɛwɔ ahoɔden nanso ɛnnye asase pii. Wɔn a wɔyɛ wimhyɛn mpo asua biribi afi nwowa hɔ. Seesei wɔtumi yɛ wimhyɛn a emu nyɛ duru nanso ɛwɔ ahoɔden na ɛnnom pɛtro pii.

Wosusu ho sɛn? Ɛwoɔkyɛm nwanwasoɔ yi nam adannandie so na ɛbaeɛ, anaa obi na ɔyɛeɛ?