Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Bere a Wo Babun Hyɛ Da Pira Ne Ho

Bere a Wo Babun Hyɛ Da Pira Ne Ho

ASƐNNENNEN

Woahu sɛ wo babun taa hyɛ da pirapira ne ho. Wo ho dwiriw wo na wubisa wo ho sɛ, ‘Eyi kyerɛ dɛn? Me babea no pɛ sɛ okum ne ho anaa?’

Mpɛn pii no, ɛnyɛ saa na asɛm no te. Nanso, sɛ wo babun taa pirapira * ne ho a, ɛnde na ohia mmoa. Wobɛyɛ dɛn aboa no? Nea edi kan no, susuw nea enti a ɔda saa subammɔne no adi no ho.

NEA ƐMA ƐBA SAA

So ɛyɛ biribi a aba so kɛkɛ? Nokwarem no, mmofra bi fi ase pirapira wɔn ho esiane sɛ wɔate sɛ afoforo reyɛ saa nti. Sɛ saa mpo na ɛte a, eyi nyɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ wosuasua. Dɛn na ɛma ɛyɛ aniberesɛm? Obi a opirapira ne ho no taa yɛ saa wɔ kokoam na ɔfɛre ho paa. Celia, * a wadi mfe 20 no ka sɛ, “Na mempɛ sɛ obiara hu nea mereyɛ no. Enti mede etwã a ɛwowɔ me ho no siei paa.”

So obi pira ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo adwene bɛba no so? Ebia ebinom bɛyɛ saa. Nanso wɔn a wopira wɔn ho a yɛreka wɔn ho asɛm wɔ ha yi mpɛ sɛ obiara hu nea wɔreyɛ no, na wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔde bɛtwetwe afoforo adwene aba wɔn ho so. Ne nyinaa akyi no, obi a na kan no opirapira ne ho kae sɛ, onyae a anka obi huu nea ɔreyɛ no na wanya mmoa ntɛm.

Ɛnde, dɛn nti na nkurɔfo pira wɔn ho? Nea enti a mmabun pirapira wɔn ho no kyere adwene kakra, nanso mpɛn pii no, nea enti a wɔyɛ saa ankasa ne sɛ, wodi yaw bi wɔ wɔn mu a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Adwenemyare ho nimdefo, Steven Levenkron, kyerɛɛ mu wɔ ne nhoma, Cutting, mu sɛ, obi a ɔhyɛ da pirapira ne ho no yɛ “obi a wabehu sɛ, sɛ odi yaw na opira ne ho a, ne ho betumi atɔ no.”

Sɛ wususuw sɛ mfomso no fi wo nso ɛ? Sɛ anka wubedwennwen ho sɛ woanni w’asɛyɛde sɛ ɔwofo no ho dwuma yiye nti na wo ba no pirapira ne ho no, fa w’adwene si nneama pa a wubetumi ayɛ sɛ ɔwofo no so mmom, na woatumi aboa no.

 NEA WUBETUMI AYƐ

Hyɛ wo babun no nkuran na ɔnka nea ɛhaw no no ho asɛm nkyerɛ wo. Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa.

Kyekye ne werɛ. Sɛ wo babun ka kyerɛ wo sɛ wahyɛ da apira ne ho a, bɔ mmɔden sɛ woremma wo bo ntu ntra so anaa wo ho nnwiriw wo. Mmom no, wo ne no nkasa bɔkɔɔ na kyekye ne werɛ.Bible nnyinasosɛm: 1 Tesalonikafo 5:14.

Mmisabisa nsɛm mfa nhyɛ no aniwu. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛ: “Mahu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na w’ani gye nea woyɛ ho; emu nea ɛwɔ he na ɛhaw wo paa?” anaa “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo bere a wo ho yeraw wo anaa woahaw no?” anaa “Dɛn na wohwehwɛ sɛ meyɛ na matumi abɛn wo kɛse?” Yɛ dinn tie ne mmuae no.Bible nnyinasosɛm: Yakobo 1:19.

Boa wo babun ma onhu su pa ahorow a ɔwɔ. Esiane sɛ wɔn a wɔhyɛ da pirapira wɔn ho no taa de wɔn adwene si wɔn sintɔ ahorow so nti, ebia wubetumi aboa no ma ɔde n’adwene asi su pa ahorow a ɔwɔ no bi mmom so. Wubetumi ahyɛ no nkuran mpo ma wakyerɛw nneɛma abiɛsa a n’ani gye ho wɔ n’ankasa ho. Ababaa bi a wɔfrɛ no Briana * kae sɛ, “Nneɛma a mitumi yɛ a mekyerɛw no ma mihui sɛ mewɔ suban pa.”

Hyɛ wo babun no nkuran ma ɔmmɔ Yehowa Onyankopɔn mpae. Bible no ka sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:7) Lorena, a wadi mfe 17 ka sɛ, “Mebɔ mmɔden sɛ mɛka me komam asɛm akyerɛ Yehowa Nyankopɔn titiriw bere a mete nka sɛ mimpira me ho no. Ɛno boaa me ma mebɔɔ mmɔden paa sɛ megyae.”Bible nnyinasosɛm: 1 Tesalonikafo 5:17.

^ nky. 5 Obi a opira ne ho no, fi ase prɛko pɛ di ne ho awu, sɛ ebia obetwitwa ne ho, ɔde ade bɛtwerɛtwerɛw ne ho, ɔde ade bɛbobɔ ne ho, anaa ɔfa ɔkwan foforo so.

^ nky. 7 Wɔasesa edin no bi wɔ nsɛm a edidi so yi mu.

^ nky. 15 Mpɛn pii no, sɛ obi pirapira ne ho a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ adwenemhaw anaa ɔhaw foforo bi. Wɔ tebea ahorow a ɛte saa mu no, ebia ebehia sɛ okohu oduruyɛfo. Nyan! nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ ayaresa biara a wɔhwehwɛ no ne Bible nnyinasosɛm hyia.

Mpɛn pii no, wɔn a wopirapira wɔn ho no di yaw bi wɔ wɔn mu a ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu