Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Nea Ɛma Suborɔkokɔ a Okyinkyin Tumi Kyɛ Wɔ Wim

Nea Ɛma Suborɔkokɔ a Okyinkyin Tumi Kyɛ Wɔ Wim

NTAKRABOA a wotu no tumi kyɛ wɔ wim a wɔmmrɛ ho koraa. Wɔn mu biako a ɔda nsow ne suborɔkokɔ a okyinkyin no. Sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu a, efi ti kosi ti no yɛ mita 3.4, na ne mu duru bɛyɛ kilogram 8.5. Anomaa yi tumi tu twa akwansin pii wɔ wim a, ɔmmrɛ! Ne yɛbea ne ɔkwan a ɔfa so tu no na ɛma otumi yɛ saa.

Susuw ho hwɛ: Sɛ suborɔkokɔ yi wɔ wim na ɔtrɛw ne ntaban mu a, ntini nketenkete bi a ɛwɔ ne ntaban no mu no yeyere na ɛma ne ntini akɛse no home, na ɛma ne ntaban no gyina faako. Ntakraboa yi ahintasɛm foforo ne sɛnea otumi kyɛ wɔ wim no—eyi gyina nim a onim sɛnea ɛpo so mframa bɔ no so.

Sɛ suborɔkokɔ wɔ po so a, wotu kɔ soro, dannan wɔn ho, na wosian ba fam dan kɔ ha, ba ha mpɛn pii—eyi ma wonya ahoɔden a ɛfata de toa so tu. Nnansa yi ara na nyansahufo rehu ɔkwan a nnomaa yi fa so yɛ eyi. Nyansahufo nam abɛɛfo mfiri a etumi hu ade kɔ akyirikyiri ne kɔmputa so dwumadi titiriw bi so hui sɛ, sɛ suborɔkokɔ tu kɔ wim a, wotumi nya ahoɔden a ehia de tu dannan wɔn ho wɔ soro. Nyansahufo ka sɛ, “ɛma wotumi nya ahoɔden a wobetumi de akɔ so atu.” Dɛn na efi mu ba? Anomaa yi betumi atu afa wim nnɔnhwerew pii a ɔmmɔ ne ntaban mu biako mpo!

Saa nimdeɛ yi betumi aboa mfiridwumayɛfo ma wɔayɛ wimhyɛn ahorow a ɛrenhia fango pii, na mpo ɛrenhia afiri bi ahoɔden ansa na atumi atu.

Wususuw ho dɛn? Sɛnea suborɔkokɔ tumi kyinkyin kyɛ wɔ wim ne sɛnea ne ntaban te no bae ara kwa, anaa ɛnam adannandi so? Anaa wɔbɔe?