Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’adwuma Fi Wo Nsa a, Bible Mu Afotusɛm Bɛn Na Ebetumi Aboa Wo Ama Woagyina Ano?

W’adwuma Fi Wo Nsa a, Bible Mu Afotusɛm Bɛn Na Ebetumi Aboa Wo Ama Woagyina Ano?

 Sɛ w’adwuma fi wo nsa a, ɛma wo sikasɛm yɛ basaa. Ɛnyɛ ɛno nko, etumi ka w’abusua, ɛma w’adwene tu fra na ɛmma w’ani nnye. Ɛba saa a, Bible mu afotusɛm a edidi so yi betumi aboa wo ama woagyina wo haw no ano. Saa afotusɛm yi yɛ adwuma bere nyinaa, entwam.

  •   Sɛnea wote nka no, ka ho asɛm kyerɛ obi.

     Nea Bible Aka: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.”—Mmebusɛm 17:17.

     Sɛ w’adwuma fi wo nsa anaa ɛsɛe a, wo werɛ tumi how, wo bo tumi fuw, na etumi gyaw wo adwinnwen nso. Afei ɛma wutumi te nka sɛ mfaso nni wo so. Sɛnea wote nka no, sɛ woka ho asɛm kyerɛ w’abusuafo ne wo nnamfo a wɔbɛn wo a, wobetumi akyekye wo werɛ ama w’ani agye. Wobetumi nso akyerɛ wo nneɛma bi a woyɛ a ɛbɛboa wo ama woanya adwuma foforo ayɛ.

  •   Nnwinnwen bebree.

     Nea Bible Aka: “Ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen.”—Mateo 6:34.

     Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nhyehyɛe nto hɔ mma daakye. (Mmebusɛm 21:5) Nanso ɛsan tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ yedwinnwen yɛn daakye ho boro so. Mpɛn pii no nneɛma a ɛrensi da no, ɛno na ɛyɛ a yedwinnwen ho de haw yɛn ho. Enti ne papa mu no, dwen ɛnnɛ ho, na mfa ɔkyena nhaw wo ho.

     Nea w’adwuma a asɛe no ama worefa mu seesei no, afotusɛm a nyansa wom pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa wo ama woagyina ano. Kenkan asɛm a yɛato din “Nea Wubetumi Ayɛ De Agyina Adwinnwen Ano,” na wubenya ɛho nsɛm pii.

  •   Sua sɛ worensɛe sika pii.

     Nea Bible aka: “Masua . . .sɛnea yenya ma ebu so ne sɛnea yedi hia”—Filipifo 4:12.

     Tete nneɛma so na wo ho ankyere wo. Nneɛma a wubetumi ayɛ no bi ne sɛ wobɛhwɛ wo sikasɛm yiye na woanni ammoro nea wowɔ. Afei nso hwɛ na woankɔfa ka a enhia ammɛto wo so.—Mmebusɛm 22:7.

     Sɛ seesei wo sikasɛm nkɔ yiye na wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobɛhwɛ sika kakra a wowɔ no so yiye a, hwɛ asɛm a yɛato din “How to Live on Less.”

  •   Fa wo bere yɛ adwuma yiye.

     Nea Bible aka: “Monkɔ so mfa nyansa mmɔ mo bra  . . , na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—Kolosefo 4:5.

     Ɛwom sɛ seesei wonkɔ adwuma nanso nneɛma a da biara woyɛ no, fa bere to ho na ɛnsesa bere no. Woyɛ saa a, ɛremma wonyɛ basaa anaa wonte nka sɛ mfaso nni wo so, na mmom w’ani begye.

  •   Nsa adwuma mu.

     Nea Bible aka: “Adwumaden biara so wɔ mfaso.”—Mmebusɛm 14:23.

     Sɛ wo nsa ka adwuma bi na sɛ ɛnte sɛ adwuma a na woyɛ no kan no mpo a, so mu saa ara na yi wo yam yɛ. Wubetumi ahwehwɛ nnwuma bi a ɛba fam anaa akatua no nnu nea na woyɛ no kan no.

  •   Mma w’abam mmu.

     Nea Bible aka: “Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere, efisɛ wunnim nea ɛbɛyɛ yiye.”—Ɔsɛnkafo 11:6.

     Kɔ so ara hwehwɛ adwuma. Ma nkurɔfo nhu sɛ worepɛ adwuma. Ka ho asɛm kyerɛ w’abusuafo, w’amannifo, wɔn a kan na wo ne wɔn yɛ adwuma, ne wɔn a wɔte bɛn wo. Bisa nnwumakuw a wɔpɛ adwuma ma nkurɔfo na wɔmmoa wo. Afei ɛyɛ a hwɛ dawurubɔ nkrataa mu anaa intanɛt so hwɛ sɛ adwumakuw bi repɛ adwumayɛfo anaa. Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛw nkrataa bebree de ahwehwɛ adwuma, na hwɛ kwan sɛ nnwumakuw bebree bɛfrɛ wo abisabisa wo nsɛm ahwɛ sɛ wofata sɛ wɔfa wo anaa.