Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 9

Ɛsɛ sɛ Migye Adannandi Di?

Ɛsɛ sɛ Migye Adannandi Di?

NEA ENTI A EHIA

Sɛ adannandi (evolution) nkyerɛkyerɛ no yɛ nokware a, ɛnde anka mfaso biara nni so sɛ yɛbaa asase so. Nanso sɛ nea Bible ka fa adebɔ ho na ɛyɛ nokware a, ɛnde ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya nsɛmmisa bi ho mmuae. Nsɛmmisa yi fa yɛn asetena ne yɛn daakye ho.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Alex tikya aka denneennen sɛ adannandi yɛ nokwasɛm a nyansahufo ayɛ nhwehwɛmu agye atom. Nanso efi Alex nkwadaaberem besi nnɛ, nea onim ara ne sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Enti nea tikyani no kae no ama Alex adwene atu afra. Nanso ɔmpɛ sɛ nkurɔfo bɛka sɛ ne ti awu. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Sɛ nyansahufo agye atom sɛ adannandi yɛ nokware a, me sɛɛ ne hena na magye ho akyinnye?’

Sɛ wone Alex a, anka wobɛka sɛ adannandi wɔ sukuu nhoma mu nti ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so wugye di?

SUSUW HO HWƐ!

Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn na ɛbɔɔ nneɛma; ebinom nso gye di sɛ nneɛma danedanee na ɛbae. Nanso wubisa wɔn mu biara nea ɛma wogye di a, na ayɛ asɛm.

  • Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn na ɛbɔɔ ade efisɛ saa na wɔasua wɔ asɔre.

  • Nnipa pii gye adannandi di efisɛ saa na wɔasua wɔ sukuu.

NSƐMMISA NSIA BI A YEBETUMI ASUSUW HO

Bible se: “Ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Asɛm yi tɔ asom?

Sɛ yɛka sɛ ɛnyɛ obiara na ɛbɔɔ nneɛma nyinaa a, ɛte sɛ nea yɛreka sɛ ɛnyɛ obiara na esii dan yi

NEA NKURƆFO KA: Biribi na ɛpaee prɛko pɛ maa nneɛma bae.

1. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɛpaee?

2. Sɛ obi ka sɛ nneɛma bae kɛkɛ, na ɔfoforo nso ka sɛ obi na ɛbɔɔ nneɛma nyinaa a, emu nea ɛwɔ he na ɛtɔ asom?

NEA NKURƆFO KA: Nnipa fi mmoa mu na ɛbae.

3. Sɛ nnipa fi mmoa te sɛ kontromfi mu a, ɛnde ɛbaa no sɛn na nyansa abɔ mmoa na nnipa deɛ yɛwɔ bi?

4. Mmoa nketenkete mpo, wusua wɔn ho ade a, wuhu nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa paa. Adɛn nti na ɛte saa?

NEA NKURƆFO KA: Adannandi yɛ nokwasɛm.

5. Wɔn a wɔreka saa no, wɔahwehwɛ asɛm no mu yiye deɛ?

6. Wɔn a wogye adannandi di no mu dodow sɛn na ebetumi aka sɛ wɔn ara na ahwehwɛ mu ahu saa, na ɛnyɛ sɛ nhomanimfo gye di ntia?

“Fa no sɛ wonam kwaem baabi, ɛnna wokopuee efie kamakama bi so. Wobɛka sɛ, ‘Wei deɛ gyama nnua a esisi ha yi ara bi na ebu tɔɔ hɔ danee fie yi’? Dabida! Ntease nnim sɛ wobɛka saa. Sɛ saa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka sɛ nneɛma nyinaa bae ara kwa?”—Julia.

“Fa no sɛ obi ka kyerɛɛ wo sɛ bere bi ɔkɔɔ baabi a yetintim nhoma. Afei prɛko pɛ, nea ɔtee ara ne bum! Ɔnkɔhwɛ a ink a ɛwɔ hɔ nyinaa na abɔ apete dan no ho ma adane dictionary yi. Asɛm wei, wubegye adi?”—Gwen.

ADƐN NTI NA WUGYE DI SƐ ONYANKOPƆN WƆ HƆ?

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn “adwene” nyɛ adwuma. (Romafo 12:1) Ɛno nti, sɛ woka sɛ wugye Onyankopɔn di a, ɛsɛ sɛ wunya nnyinaso bi.

  • ƐNYƐ NSUSUWII ARA KƐKƐ (M’adwene kyerɛ me sɛ otumfoɔ bi wɔ hɔ)

  • ƐNYƐ NEA AFOFORO KA (Baabi a mete no obiara kɔ asɔre)

  • ƐNYƐ NEA WƆDE TETEE WO (Me mmofraase pɛɛ na m’awofo kyerɛkyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Me nso mefaa no saa)

Sɛ wei nko ara na wo gyidi gyina so a, ɛnde na antwa yiye. Mmom ɛsɛ sɛ wunya adanse de gyina so.

“Sɛ me tikya rekyerɛ nipadua no ho ade a, mihu paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nipadua no fa biara wɔ n’adwuma a ɛyɛ. Nneɛma pii na ɛkɔ so wɔ yɛn nipaduam a yenhu. Nokwasɛm ne sɛ, yɛse yɛreka nipadua no ho asɛm a adagyew bɛbɔ yɛn!”—Teresa.

“Sɛ mihu adan atentenatenten, po so hyɛn, anaa kar a, mebisa me ho sɛ, ‘Hena na ɛyɛe?’ Sɛ yɛhwɛ kar sei a, wutumi hu sɛ nea ɔyɛe no nim nyansa paa. Kar ho nneɛma dɔɔso nanso ne nyinaa yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Ɛno na ɛboa ma edi akɔneaba. Wo deɛ susuw ho hwɛ: Sɛ yehia obi ama no ayɛ kar a, ɛnde dɛn na yɛbɛka afa nnipa ho?”—Richard.

“Bere biara a mesua science (nyansahu) no, mihu paa sɛ asɛm wɔ adannandi ho. . . . Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ sen sɛ wubegye adi sɛ nneɛma nyinaa bae ara kwa.”—Anthony.

SUSUW HO HWƐ

Nyansahufo de mfe pii ayɛ adannandi ho nhwehwemu, nanso wonnyaa asɛm baako a ɛtɔ asom a wɔn nyinaa gye tom. Sɛ nyansahufo a wɔkɔfaa wɔn asɛm bae mpo adwene nhyia wɔ ho a, ɛnde hena na obetumi ahyɛ wo sɛ gye di?