Hiob 42:1-17

  • Hiob anoyi a ɔde maa Yehowa (1-6)

  • Obuu ne nnamfo baasa no fɔ (7-9)

  • Yehowa ma esii Hiob yiye bio (10-17)

    • Hiob mma mmea ne ne mma mmarima (13-15)

42  Ɛnna Hiob ka kyerɛɛ Yehowa sɛ:   “Seesei mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ,Na biribiara a woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no, wubetumi ayɛ.+   Wokae sɛ, ‘Hena na onni nimdeɛ a ɔmpɛ sɛ nkurɔfo hu m’afotu yi?’+ Ampa mekasae, nanso na mente ase,Mekaa nneɛma a ɛyɛ me nwonwa dodo ho asɛm, nneɛma a minnim.+   Wokae sɛ, ‘Tie, na merebɛkasa. Merebebisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.’+   Mate wo ho asɛm,Na seesei de, mede m’ani ahu wo.   Ɛno nti asɛm a mekae no, matwe asan,+Na manu me ho wɔ dɔte ne nsõ mu.”+  Bere a Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ofi Teman no sɛ: “Me bo afuw wo ne wo nnamfo baanu no paa,+ efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware+ te sɛ m’akoa Hiob.  Enti momfa anantwinini ason ne adwennini ason, na monkɔ m’akoa Hiob hɔ, na mommɔ ɔhyew afɔre mma mo ho;+ na m’akoa Hiob bɛbɔ mpae ama mo. Sɛnea ɛte biara metie n’adesrɛ no,* na manhwɛ mo nkwaseasɛm no ho ne mo anni, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware te sɛ m’akoa Hiob.”  Enti Elifas a ofi Teman ne Bildad a ofi Suha ne Sofar a ofi Naama no kɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no. Na Yehowa tiee Hiob mpaebɔ no. 10  Bere a Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfo no wiei no,+ Yehowa yii Hiob amanehunu no fii no so,+ na ɔma esii no yiye bio.* Nea na Hiob wɔ kan no, Yehowa bɔɔ ho abien maa no.+ 11  Na ne nua mmarima ne ne nua mmea nyinaa, ne ne nnamfo dedaw nyinaa+ baa ne nkyɛn, na wɔne no bedidii wɔ ne fi. Wɔmaa no hyɛden, na wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Yehowa maa kwan ma ɛbaa no so no nyinaa ho. Na obiara maa no sika ne sika kɔkɔɔ kawa. 12  Na Yehowa hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase,+ na Hiob nyaa nguan 14,000 ne yoma 6,000 ne anantwi 2,000* ne mfurum abere 1,000.+ 13  Afei nso, ɔsan nyaa mma mmarima baason ne mma mmea baasa.+ 14  Ɔfrɛɛ ne babea a odi kan no Yemaima, nea ɔto so abien no Kesia, na ɔfrɛɛ nea ɔto so abiɛsa no Keren-Hapuk. 15  Asaase no nyinaa so no, mmea biara nni hɔ a na wɔn ho yɛ fɛ te sɛ Hiob mma mmea no. Na wɔn papa maa wɔne wɔn nua mmarima no agyapade. 16  Ɛno akyi no, Hiob tenaa ase mfe 140, na ohuu ne mma ne ne mmanana kosii awo ntoatoaso a ɛto so anan so. 17  Hiob nyin kyɛe, na onyaa asetena pa.* Afei owui.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Sɛnea ɛte biara mepagyaw n’anim.”
Nt., “Yehowa gyee Hiob fii kyere a na wɔakyere no no mu.”
Nt., “anantwi mpamho 1,000.”
Nt., “Hiob bɔɔ akwakoraa, na odii nna mee.”