Hiob 3:1-26

  • Hiob kae sɛ onyae a anka wɔanwo no (1-26)

    • Obisaa nea enti a ɔrehu amane (20, 21)

3  Ɛno akyi na Hiob fii ase kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no no.*+  Hiob kae sɛ:   “Ma da a wɔwoo me no nyera,+Na ma anadwo a obi kae sɛ, ‘Wɔanyinsɛn ɔbabarima!’ no nso nyera.   Saa da no, ma ɛnyɛ sum. Ma ɔsoro Nyankopɔn no nyi n’adwene mfi so;Mma hann biara nnhyerɛn wɔ so.   Ma esum kabii* nnye mfa. Ma omununkum tumm nkata so. Ma ade biara a ɛma adekyee yɛ sum nhunahuna no.   Ma esum kabii nnye saa anadwo no mmɔ so;+Nna a ɛwɔ afe mu no redi ahurusi a, mma saa da no nnni ahurusi no bi,Na mma wɔnnkan mmfra bosome biara.   Meka si so! Ma saa anadwo no nyɛ obonin;Mma wɔnnte ahurusi dwom biara wom.   Ma wɔn a wɔdome ɛda nnome saa da no,Na ma wɔn a wotumi nyan Lewiatan*+ nnome saa da no.   Ma n’ahemanakye nsoromma nnuru sum;Ma ɛntwɛn adekyee hann, nanso mma hann no mmma,Mma ennhu anɔpa hann. 10  Efisɛ saa anadwo no antoto me maame yafunu apon mu,+Na ɛmaa m’ani hwɛɛ amanehunu.* 11  Adɛn nti koraa na wɔrewo me no, manwu? Adɛn nti koraa na mifi yafunu mu bɛtɔɔ hɔ no, manwu?+ 12  Adɛn nti na nkotodwe behyiaa me,Na minyaa nufu numii? 13  Anka saa bere yi mada ama me ho adwo me;+Anka mada regye m’ahome;+ 14  Anka me ne asaase so ahemfo ne wɔn afotufoA wɔkyekyee nkurow a ɛnnɛ asɛe pasaa no nyinaa* ada ama me ho adwo me. 15  Anaa anka me ne atitiriw a wɔwɔ sika kɔkɔɔ,Ne wɔn a dwetɛ ayɛ wɔn afi ma no ada regye m’ahome. 16  Na adɛn nti na wɔampɔn me ahintawee mu,Te sɛ mmofra a wɔanhu hann da? 17  Ɛhɔ na nnebɔneyɛfo mpo nyɛ gidigidi bio;Ɛhɔ na wɔn a wɔabrɛ rehome.+ 18  Ɛhɔ na nneduafo nyinaa te dwoodwoo;Wɔnte nea ɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma no nne bio. 19  Ɛhɔ na nnipa akɛse ne nketewa nyinaa yɛ pɛ,+Ɛhɔ na akoa nhyɛ ne wura ase bio. 20  Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma nea ɔrehu amane,Na ɔde nkwa ma wɔn a wɔabotow?*+ 21  Adɛn nti na wɔtwɛn owu, nanso ɛmma?+ Wɔhwehwɛ no denneennen kyɛn agyapade a wɔde asie. 22  Saa nkurɔfo no, sɛ wonya ɔdamoa a, wodi ahurusi kɛse,Na wɔn ani gye boro so. 23  Adɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wayera kwan,Ɔbarima a Onyankopɔn aka no ahyɛ ban mu?+ 24  Ahomegu na abɛyɛ m’aduan,+Na m’awerɛhow+ ne me nisu tene sɛ nsu. 25  Efisɛ nea misuro no, ɛno na aba me so,Na nea ɛyɛ me hu no, ɛno na ato me. 26  Minni asomdwoe, minni ahotɔ, minnya ahomegye;Amanehunu nko ara.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔdomee ne da.”
Anaa “esum ne owu sunsuma.”
Nkurɔfo fa no sɛ ɛyɛ ɔdɛnkyɛm anaa nsu mu aboa kɛse bi a ne ho yɛ den.
Anaa “Na amfa amanehunu ansie m’ani.”
Ebetumi nso akyerɛ, “A wɔkyekyee nkurow tenaa mu a seesei asɛe pasaa no.”
Anaa “wɔn a wɔn kra redi awerɛhow.”