Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Din De Yesu Anaa?

Onyankopɔn Din De Yesu Anaa?

Nea Bible ka

 Yesu kae sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn Ba.” (Yohane 10:36; 11:4) Yesu anka da sɛ ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.

 Afei, Yesu bɔɔ Onyankopɔn mpae. (Mateo 26:39) Bere bi a Yesu rekyerɛ n’asuafo mpaebɔ nso, ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”​—Mateo 6:9.

 Yesu maa nkurɔfo huu Onyankopɔn din bere a ɔfaa Kyerɛwnsɛm bi a ɛwɔ hɔ dedaw mu asɛm kae no. Ɔkae sɛ: “O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.”​—Marko 12:29; Deuteronomium 6:4.