Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Dwom 37:4—“Ma W’ani Nka Awurade Ho”

Dwom 37:4—“Ma W’ani Nka Awurade Ho”

 “Di ahurusi wɔ Yehowa mu, na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.”—Dwom 37:4, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Ma w’ani nka Awurade ho, na wama wo nea wo koma pɛ.”—Dwom 37:4, Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe.

Nea Dwom 37:4 Kyerɛ

 Ɛhɔ no, odwontofo no hyɛɛ Onyankopɔn asomfo nkuran sɛ, ɛnam sɛ ayɔnkofa kɛse abɛda wɔne Onyankopɔn ntam nti, wɔnni ahurusi. Obiara a wabɛfa Onyankopɔn adamfo no betumi anya awerɛhyem sɛ, biribiara a ɛda ne koma so no, sɛ ɛne Yehowa a Nyankopɔn apɛde hyia nko ara de a, ɔbɛyɛ ama no.

 “Di ahurusi wɔ Yehowa mu.” Saa asɛm yi, yebetumi akyerɛ ase sɛ “ma w’ani nka Yehowa ho,” “ma w’ani nnye sɛ woresom AWURADE,” anaa “nea AWURADE ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama wo no, di ho ahurusi.” Nea ɛwom ara ne sɛ, ade a ɛsɛ sɛ ɛma ‘yedi ahurusi’ paa ne sɛ yɛresom nokware Nyankopɔn no. (Dwom 37:4) Adɛn nti na yɛreka saa?

 Sɛnea Yehowa hu nneɛma no, wada no adi wɔ Bible mu. Enti wɔn a wɔsom Yehowa no, wɔhu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no. Wei kyerɛ sɛ wɔnim Onyankopɔn adwene. Nanso ɛnyɛ ɛno nko; wɔnim nso sɛ nyansa wom sɛ wɔtie no. Ɛno nti, wɔn adwene mmu wɔn fɔ Onyankopɔn anim. Afei nso, ɔhaw a ɛwɔ wiase no, bebree wɔ hɔ a wɔmfa wɔn ho nkɔto mu. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ esi abɔnefo yiye wɔ nnipa ani so a, Onyankopɔn asomfo mma ɛho abufuw nsɛe wɔn asomdwoe, na wɔmma wɔn ani mmere abɔnefo no. (Dwom 37:1, 7-9) Onyankopɔn nkurɔfo wɔ anigye, efisɛ wɔnim sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi nsisi ne ntɛnkyea nyinaa afi hɔ, na atreneefo de, wɔn abrabɔ pa nti, ɔbɛma wɔn akatua kɛse. (Dwom 37:34) Afei nso, wɔn ani gye paa efisɛ wɔnim sɛ wɔn Agya a ɔwɔ soro no gye wɔn tom.—Dwom 5:12; Mmebusɛm 27:11.

 “Ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.” Saa asɛm yi, yebetumi akyerɛ ase nso sɛ “obetie wo mpaebɔ” anaa “ɔbɛyɛ wo koma so ade ama wo.” Mmom, momma yɛnkae sɛ ɛnyɛ biribiara a yebebisa Yehowa na ɔde bɛma yɛn. Sɛnea ɔwofo pa biara nim nea eye ma ne mma no, saa na Yehowa nso te. Onim nea eye ma yɛn. Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpae a yɛbɔ, ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra nyinaa, ɛsɛ sɛ ɛne Yehowa apɛde hyia. (Mmebusɛm 28:9; Yakobo 4:3; 1 Yohane 5:14) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde yɛn adesrɛ to “mpaebɔ Tiefo” no anim a, obetie yɛn.—Dwom 65:2; Mateo 21:22.

Dwom 37:4 Ho Nsɛm

 Dwom 37 mu nsɛm no, Israel hene Dawid na ɔhyehyɛe. Ɔhyehyɛɛ dwom no mu nsɛm nnidiso nnidiso sɛnea Hebri nkyerɛwde no te. b

 Nea ɛwom ne sɛ, nnipa bebree tan Dawid ani kwa. Ná ebinom retaataa no apɛ no akum no. Ɔhene Saul sei, na ɔka ho bi. (2 Samuel 22:1) Nanso ne nyinaa mu no, Dawid de ne ho too ne Nyankopɔn so bere nyinaa. Ná Dawid nim sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, da koro da koro, Yehowa bɛtwe abɔnefo aso. (Dwom 37:10, 11) Sɛ esi wɔn yiye wɔ nnipa ani so mpo a, nea ɛbɛyɛ biara “wobetwintwam sɛ wura momono,” kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn.—Dwom 37:2, 20, 35, 36.

 Dwom 37 no mu nsɛm ma yehu nea ɛbɛto wɔn a wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ adwuma ne nhyira a atreneefo nso benya. (Dwom 37:16, 17, 21, 22, 27, 28) Enti dwom yi boa yɛn ma yenya nyansa a yɛde bɛbɔ bra, na ama Onyankopɔn agye yɛn atom.

 Hwɛ video tiatia yi, na wubehu Nnwom nhoma no ani so.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din a yɛakyerɛ ase afi Hebri kasa mu aba Twi kasa mu. Nanso wohwɛ Bible bebree mu a, wubehu sɛ wɔayi Onyankopɔn din no afi mu na wɔde abodin Awurade ahyɛ anan. Wopɛ sɛ wuhu nea enti a wɔayɛ saa a, kenkan asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?

b Sei na na wɔhyehyɛ no: Nkyekyɛm a edi kan anaa nkyekyɛm dodow bi a edi kan no, Hebri nkyerɛwde a edi kan no na na wɔde fi ase. Nkyekyɛm a edi so anaa nkyekyɛm dodow a edi so no, Hebri nkyerɛwde a ɛtɔ so mmienu no na na wɔde fi ase, na wɔatoa so ahyehyɛ no saa ara. Sɛnea na wɔhyehyɛ no no nti, ebetumi aba sɛ ɛboa maa dwom no mu nsɛm kaa nkurɔfo tirim.