Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Nea Woyɛ a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Woyɛ Agya Pa

Nea Woyɛ a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Woyɛ Agya Pa

 Agya asɛde ne sɛn?

  •   Bere a wo yere nyem. Wo yere nyem a, sɛnea wobɛhwɛ no no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛnea wobɛhwɛ abofra a ɔbɛwo no no nso. Nhoma a yɛato din Do Fathers Matter? no ka sɛ:

     “Sɛ barima yere nyem na ɔboa ɔbea no ma ɔtotɔ ne ho nneɛma, ɔde no kohu dɔkota, na ɔde n’ani hwɛ abofra no wɔ afiri so anaa otie sɛnea abofra no koma rebɔ a, ɛkyerɛ sɛ, sɛ ne yere no wo a, obenya bere ama maame no ne abofra no nyinaa.”

     “Bere a me yere nyinsɛnee no, na mempɛ sɛ migyaw nyinsɛn no ho adwuma bɔ ne so, enti meyɛɛ nea metumi biara de boaa no. Ɔdan a abofra no bɛda mu mpo, me ne me yere nyinaa boom siesiee mu. Enti bere a me ne me yere nyinaa boom yɛɛ ntotoe a yɛde rehwɛ abofra no kwan no, na ɛyɛ anigye bere.”—James.

     Bible mu afotusɛm: “Munnnwen mo nko ara mo ho, na mmom munnwen afoforo nso ho bi.”—Filipifo 2:4.

  •   Bere a wawo abofra no. Sɛ wofa abofra no na wo ne no di agorɔ a, na woreka no aba wo ho. Abofra no ho adwuma no, wo nso yɛ bi. Wo a woyɛ abofra no papa no, sɛ woyɛ saa nnwuma no bi a, ɛboa paa ma abofra no nyin yiye. Sɛ woka abofra no ba wo ho saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ne ho hia wo paa.

     “Yɛ wo ho sɛ akwadaa. Wo ne no nni nkwadaagorɔ. Mma ɛnnhaw wo. Kae sɛ abofra de, wo a woyɛ ne papa anaa ne maame no, wo na ɛsɛ sɛ wudi kan kyerɛ no ɔdɔ.”—Richard.

     Bible mu afotusɛm: “Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ. Ɔyafunu mu aba yɛ akatua.”—Dwom 127:3.

  •   Bere a abofra no renyin. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmofra a wɔbɛn wɔn papanom no, wɔkɔ sukuu a wɔyɛ ade, wɔn ani gye, wɔntaa nnom nnubɔne, na wɔntaa nyɛ nkwadaabɔne. Nya wo ba ho adaagye, na fa no adamfo.

     “Me babarima ka kyerɛɛ me sɛ, sɛ yɛte kar mu rekɔ baabi a, nkɔmmɔ a me ne no bɔ, ne nkɔmmɔ a yɛbɔ bere a yɛredidi no, sɛ daakye ɔtew ne ho a, ɛbɛyɛ no yaw paa sɛ onnya no saa bio. Nneɛma a ɛho hia paa a yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ no, bebree wɔ hɔ a yɛanhyɛ da antena ase sɛ yɛrebɔ ho nkɔmmɔ. Esiane sɛ na yɛtaa bɔ nkɔmmɔ nti, wobɛhwɛ no, na ɛno ara de ne ho aba.”—Dennis.

     Bible mu afotusɛm: “Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—Efesofo 5:15, 16.

 Nea agya bɛyɛ no, adɛn na maame ntumi nyɛ?

 Nea yenim ne sɛ, mmarima na eyi sika ma yɛde hwɛ fie. Wɔn ara nso na ɛwɔ ahoɔden ne akokoduru a wɔde bɔ abusua no ho ban. Mmea nso, abadae a wɔwɔ nti, wɔma fie yɛ dɛ na anigye ba hɔ. (Deuteronomium 1:31; Yesaia 49:15) Abusua bi wɔ hɔ a, papa ne maame no, obiara tumi yɛ ne yɔnko adwuma no bi. Nanso, animdefo kyerɛ sɛ, maame ne papa no nyinaa, obiara wɔ nea ɔyɛ ma abatete no kɔ yiye, a ne yɔnko no ntumi nyɛ no yiye. a

 Ɔbenfo Judith Wallerstein kaa n’asɛm bi a ɛma yɛte nea yɛreka yi ase. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Kar bɔɔ me babea a wadi mfe dumienu. Bere a yɛde no too ambulance mu a yɛde no rekɔ ayaresabea no, na ɔpɛ sɛ ne papa tena ambulance no mu bi, efisɛ onim sɛ ne papa wɔ ne nkyɛn wɔ kar no mu a, obetumi ahwɛ no na biribiara anyɛ no. Akyiri yi, bere a yeduu ayaresabea hɔ no, na ɔpɛ sɛ metena ne nkyɛn korɔkorɔ no; ná ɔmpɛ sɛ migyaw no hɔ koraa.” b

 “Barima tumi bɔ ne mma ho ban, enti wɔnsuro sɛ obi bɛba abɛyɛ wɔn biribi. Ɔbea de, ɔno nko ara ntumi nyɛ saa. Ɔbea nso de ne sɛ, ɔyɛ aso tie mmofra no korɔkorɔ wɔn ma wɔn ani gye. Enti wɔn mmienu nyinaa ho hia; wuyi baako fi mu a ɛnyɛ yiye.”—Daniel.

 Bible mu afotusɛm: “Me ba, tie wo papa nteɛso, na mpo wo maame akwankyerɛ.”—Mmebusɛm 1:8.

 Sɛnea ɛsɛ sɛ agyanom ne wɔn mma mmea tena

 Wo a woyɛ agya no, wo na wokyerɛ wo babea sɛnea ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea tena. Akwan mmienu na ɔbɛfa so asua:

  •   Ɔbɛhwɛ sɛnea wo ne ne maame te. Sɛ wodɔ wo yere na wubu no a, ɛbɛma wo babea no ahu suban a ɛsɛ sɛ ohu wɔ barima ho ansa na waware no.—1 Petro 3:7.

  •   Ɔbɛhwɛ sɛnea wo ne ɔno ara mũ nso te. Sɛ wode obu ma wo babea a, na worekyerɛ no sɛ ɔno nso yɛ nipa. Ɛba saa a, ɔbɛhwɛ kwan sɛ mmarima foforo nso de saa obu no bi bɛma no.

     Ɔbea de, sɛ ne papa taa twiw n’anim a, ɛbɛma wanya adwene sɛ ɔyɛ nipahunu. Enti sɛ barima foforo korɔkorɔ no kakraa bi a, na ne tirim ayɛ no dɛ; yɛreka yi nso saa barima no koraa, ebia na adwempa biara nni ne tirim.

     “Abaayewa a ne papa dɔ no na ɔboa no no, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛma barima a onni suban adaadaa no aware no.”—Wayne.

a Mmea pii atumi atete wɔn mma yiye a wɔn kununom nka ho.

b Yɛfaa asɛm yi fii nhoma a yɛato din The Unexpected Legacy of Divorce mu.