Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Moyɛ Amerika Matew-Me-Ho Kuw Bi Anaa?

Moyɛ Amerika Matew-Me-Ho Kuw Bi Anaa?

 Yɛn adwumayɛbea ti wɔ United States of America, nanso nea edidi so yi nti, yebetumi aka sɛ yɛnyɛ Amerika matew-me-ho kuw biara:

  •   Ebinom kyerɛ sɛ matew-me-ho kuw yɛ nkurɔfo a wɔatew wɔn ho afi ɔsom bi ho. Yehowa Adansefo antew wɔn ho amfi ɔsom biara ho. Mmom no, yegye di sɛ Kristosom a na ɛwɔ hɔ asomafo no bere so no, ɛno na yɛasan akɔfa aba.

  •   Yehowa Adansefo yɛ wɔn adwuma wɔ nsase ne aman bɛboro 230 so. Baabi a yɛte biara no, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo na yɛdan wɔn na ɛnyɛ U.S. aban anaa aban foforo biara.​—Yohane 15:​19; 17:​15, 16.

  •   Yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible so; yɛmfa yɛn nkyerɛkyerɛ nnyina asɔre panyin bi a ɔwɔ United States nsɛm so.​—1 Tesalonikafo 2:13.

  •   Yenni onipa kannifo biara; Yesu ne yɛn kannifo.​—Mateo 23:​8-10.