Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntoboa a Yehowa Adansefo Nya No, Nneɛma Bɛn Na Yɛde Yɛ?

Ntoboa a Yehowa Adansefo Nya No, Nneɛma Bɛn Na Yɛde Yɛ?

 Ntoboa a yenya no, yɛde bi yɛ yɛn som no ho adwuma, ɛnna yɛde bi nso boa nnipa a wohia mmoa. Botae titiriw bi a esi yɛn ani so nti na yɛyɛ weinom nyinaa. Botae no ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ Kristo Yesu asuafo.—Mateo 28:19, 20.

 Yɛn ntoboa no nkodi obiara bɔtɔ mu. Yɛn mpanyimfo no, yentua wɔn ka, na yenni asɔfo nso. Asɛnka a Yehowa Adansefo kɔ no afie afie no nso, yentua wɔn ka. Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ti anaa adwumayɛbea ti no nkorabata a ɛwɔ ɔman biara mu no, wontua wɔn ka. Saa ara nso na wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no a wɔn nso wɔ adwumayɛbea ti hɔ no, wontua wɔn ka.

Nnwuma a Yɛyɛ No Bi Ni

  •   Nhoma Ne Nneɛma Foforo: Yɛkyerɛ nhoma ase, yetintim, yɛde kokɔ mmeammea, na yɛkyekyɛ Bible ne Bible ho nhoma bebree afe biara. Wei nyinaa, yennye obiara sika. Yɛde nhoma ahorow a yɛyɛ no nso gu jw.org wɛbsaet ne JW Library app so ma obiara a ɔpɛ nsa ka bi. Ɛno nso, yennye ho sika na yɛmmɔ ho dawuru mfa mpɛ sika.

  •   Adansi Ne Adan Asiesie: Yesisi adan a ɛnyɛ kuntann wɔ wiase nyinaa de som Onyankopɔn. Saa adan yi ma asafo biara nya baabi pa hyiam som Onyankopɔn yi no ayɛ. Afei nso, yesisi yɛn ɔfese wɔ ɔman ahorow so ne ɔfese a yɛkyerɛ kasa ase wom. Adan a ɛtete saa nyinaa, sɛ ebi sɛe a, yesiesie. Adansi adwuma a yɛyɛ yi, Yehowa Adansefo no bi tu wɔn ho ma yɛ emu fa kɛse no ara. Ɛno nti, yɛmmɔ ka kɛse.

  •   Yɛn Adwuma Ho Ntotoe: Adwuma a ɛkɔ so wɔ yɛn adwumayɛbea ti ne adwumayɛbea ti no nkorabata a ɛwɔ aman horow so, ne baabi a yɛkyerɛ kasa ase ne ahwɛfo akwantufo adwuma nyinaa, ɛyɛ ntoboa a Yehowa Adansefo yi de boa wiase nyinaa adwuma no na yɛde yɛ ne nyinaa.

  •   Asɛnka: Sɛ Yehowa Adansefo ka asɛmpa no anaa wɔde “Onyankopɔn asɛm” kyerɛkyerɛ nkurɔfo a, yentua wɔn ka. (2 Korintofo 2:17) Nanso sɛnea na ɛte wɔ tete Kristofo no bere so no, yɛayi yɛn mu bi atete wɔn ama wɔde wɔn bere bebree ka asɛmpa no. Saa anuanom no deɛ, yɛma wɔn biribi kakra de tua wɔn dan ka de bi totɔ nneɛma kakra a wohia.—Filipifo 4:16, 17; 1 Timoteo 5:17, 18.

  •   Nkyerɛkyerɛ: Ntoboa a yenya no na ɛboa yɛn ma yetumi yɛ yɛn nhyiam nketewa ne akɛse. Afei nso, yɛyɛ Bible mu nsɛm a yɛbɔ tie ne video. Bio nso, yɛyɛ sukuu de tete asafo mu mpanyimfo ne wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa ka asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ wɔn adwuma no yiye.

  •   Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa: Yɛde aduan ne nsu kɔma wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn, na yɛhwɛ ma wonya baabi da. Mmoa a yɛde ma nkurɔfo wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu no, ɛnyɛ “wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no” nko ara na enya bi; wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo nso ka ho.—Galatifo 6:10.