Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Bulgaria

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Bulgaria

 Yehowa Adansefo a wɔwɔ Bulgaria ani abere rekyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn ne n’Asɛm Bible no ho nokwasɛm. Efi afe 2000 no, Adansefo ɔhaha pii atu afi aman horow so akɔ Bulgaria akɔboa. Sɛ obi tu kɔ ɔman foforo so kɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ a, ɔhaw bɛn na ɛwom? Adɛn nti na ɛnyɛ ɔbrɛgu? Yentie nea ebinom a wotu kɔɔ Bulgaria aka.

Wɔde Botae Sii Wɔn Ani So

 Darren a kan no na ɔte England kaa sɛ: “Dedaadaw nyinaa na ade a esi yɛn ani so ne sɛ yebetu akɔ ɔman a wohia mmoa so akɔboa. Bere a mewaree Dawn no, yetu kɔɔ London kɔboa maa yɛde Bible kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ Russia kasa mu. Yɛyɛɛ sɛ anka yebetu akɔ amannɔne akɔboa, nanso nneɛma baako mmienu bi nti, yɛyɛ nhyehyɛe no a na agye agu. Anka yɛreyɛ apa abaw, nanso yɛn adamfo bi boaa yɛn ma yehui sɛ nneɛma asesa wɔ yɛn abrabɔ mu, enti yebetumi atu akɔboa.” Darren ne Dawn fii ase hwehwɛɛ ɔman a wohia anuanom a wɔde Bible bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo na ɛrenyɛ den sɛ wobetu akɔ hɔ. Afe 2011 no, wotu kɔɔ Bulgaria.

Darren ne Dawn

 Wɔn a wɔatu akɔ ɔman foforo so no, wɔkaa anigye a wɔanya no ho asɛm kyerɛɛ ebinom a na kan no wɔmfa nsii wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ amannɔne akɔboa no. Kan no, na Giada ne ne kunu Luca te Italy. Giada kaa sɛ: “Mihyiaa anuanom bi a wɔde nsi ne ahokeka reyɛ asɛnka adwuma no wɔ South America ne Afrika. Ná wɔn ani gye, na wɔn anigye ne wɔn suahu no kaa me koma paa. Wei maa mede botae foforo sii m’ani so wɔ Yehowa som mu.”

Luca ne Giada

 Onua bi a wɔfrɛ no Tomasz ne ne yere Veronika ne wɔn mma mmienu, Klara ne Mathias tu fii Czech Republic kɔɔ Bulgaria afe 2015. Dɛn na ɛma wotuu saa anammɔn no? Tomasz kaa sɛ: “Ná anuanom ne abusuafo bi atu kɔ aman foforo so, enti yegyee bere susuw wɔn ho, na osuahu a wɔanya no, yedwinnwen bi ho. Anigye a wɔanya no kaa yɛn koma, na yedidii ho nkɔmmɔ wɔ fie.” Seesei abusua yi wɔ Bulgaria kurow Montana, na wɔde anigye reyɛ asɛnka adwuma no wɔ wɔn asaasesin foforo yi mu.

Klara, Tomasz, Veronika, ne Mathias

 Onuawa bi a wɔfrɛ no Linda nso yɛ Yehowa Danseni a otu kɔɔ Bulgaria. Nea ɔkae ne sɛ: “Mfe pii a atwam no, mekɔɔ Ecuador, na mihyiaa anuanom bi a wɔatu akɔtena hɔ reyɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Ɛmaa midwen ho sɛ ebia me nso daakye metumi akɔsom wɔ baabi a wohia mmoa.” Awarefo bi a wofi Finland a wɔn din de Petteri ne Nadja nso susuw anammɔn fɛfɛ a afoforo atu no ho. Asɛm a wɔkae ne sɛ: “Asafo a na yɛwom wɔ yɛn kurom no, na yɛwɔ adawurubɔfo bi a wotu kɔɔ baabi foforo kɔkaa Bible mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Asɛnka adwuma a wɔde mfe pii yɛɛ wɔ hɔ no, na wɔtaa de anigye ka ho asɛm. Wɔkaa sɛ, saa bere no paa na wɔn ani gyee wɔ wɔn asetena mu.”

Linda

Nadja ne Petteri

Wodii Kan Totoo Nneɛma Yiye

 Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔsom wɔ ɔman foforo so a, ehia sɛ odi kan toto nneɛma yiye. (Luka 14:28-30) Onuawa bi a wɔfrɛ no Nele fi Belgium. Ɔkaa sɛ: “Bere a na meredwen ho paa sɛ mɛkɔ akɔsom wɔ ɔman foforo so no, mebɔɔ mpae na mehwehwɛɛ ɛho nsɛm wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Mekenkanee na mehwehwɛɛ emu nsɛm a metumi de ayɛ adwuma.”

Nele (nifa so)

 Kristian ne Irmina fi Poland, na wɔatena Bulgaria bɛboro mfe nkron. Ansa na wɔretu akɔ hɔ no, wɔne kuw bi a ɛwɔ Poland hɔ a wɔka Bulgaria kasa kɔɔ asafo nhyiam. Saa a wɔyɛe no boaa wɔn paa. Kuw no mufo hyɛɛ wɔn nkuran, na wɔboaa wɔn ma wosuaa Bulgaria kasa no. Kristian ne Irmina kaa sɛ: “Yehui sɛ, sɛ wutu wo ho ma na sɛ wuhu sɛnea Yehowa Nyankopɔn ma wo nea wuhia a, ɛma wo koma tɔ wo yam. Sɛ wufi wo pɛ mu ka kyerɛ Yehowa sɛ, ‘Mini! Soma me!’ a, ɛnde nneɛma a wonna nnwen ho da na wubetumi ayɛ.”—Yesaia 6:8.

Kristian ne Irmina

 Awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Reto ne Cornelia fi Switzerland. Ná wɔpɛ sɛ wɔyɛ ahoboa na wosie sika nso, enti nneɛma a ɛsɛe bere ne sika no, woyiyi fii wɔn akwan mu. Wɔkyerɛɛ mu sɛ: “Aka afe ama yɛatu akɔ Bulgaria no, yekodii nnawɔtwe wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛnea nneɛma te wɔ ɔman no mu. Yɛkɔe no, yɛne asɛmpatrɛwfo bi a wɔakyɛ wɔ adwuma no mu bɔɔ nkɔmmɔ, na wɔmaa yɛn afotu pa.” Reto ne Cornelia de afotu no yɛɛ adwuma, na seesei wɔatena Bulgaria boro mfe 20.

Cornelia ne Reto, ne wɔn mma mmarima Luca ne Yannik

Ɔhaw Ahorow a Wɔadi So

 Wɔn a wotu kɔ amannɔne no, ɛyɛ a nneɛma yɛ wɔn foforo, na wotumi hyia ɔhaw afoforo nso. (Asomafo Nnwuma 16:9, 10; 1 Korintofo 9:19-23) Ade baako a ɛyɛ den ma nnipa bebree ne sɛ wobesua kasa foforo. Luca a yɛaka n’asɛm dedaw no kaa sɛ: “Dedaadaw nyinaa ade a na yɛn ani gye ho paa ne sɛ yɛde yɛn ara yɛn nsɛm bɛma mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase. Nanso yɛbaa ha foforo no, sɛ me ne me yere pɛ sɛ yesiesie mmuae tiatia baako pɛ mpo wɔ Bulgaria kasa mu a, na ayɛ asɛm! Ná akɔyɛ te sɛ nea yɛasan ayɛ nkwadaa. Nkwadaa a na ɛyɛ wɔn kurom kasa no, na wɔn mmuae mpo ye kyɛn yɛn de.”

 Onua Ravil a ofi Germany kaa sɛ: “Meresua kasa no, mebrɛɛ mu paa. Nanso bere nyinaa na meka kyerɛ me ho sɛ: ‘Mma nneɛma nnhaw wo pii. Wuti a, fa bi yɛ serew.’ Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea mepɛ a, memma ɛnhyɛ me so. Mmom mefa no sɛ ne nyinaa ka ɔsom kronn a mede rema Yehowa no ho.”

Ravil ne Lilly

 Linda a yɛaka n’asɛm dedaw no kaa sɛ: “Menyɛ ade wɔ kasa sua ho. Bulgaria kasa no, ne sua nna fam, na ɛbaa me tirim mpɛn pii sɛ minnyae mpɛ me baabi ntena. Sɛ wowɔ nkurɔfo bi mu na sɛ wɔkasa a wuntumi nka bi, na nea wɔka nso wonte ase a, ɛma woyɛ ankonam. Ná mepɛ sɛ me ne Yehowa adamfofa mu kɔ so yɛ den, enti na misua biribiara wɔ Sweden kasa mu. Afei eduu baabi no, anuanom mmarima ne mmea no boaa me ma metee kasa no.”

 Ɔhaw foforo nso ne sɛ, obi tu kɔ ɔman foforo so kɔboa a, ɛyɛ a otumi fe fie. Ɛyɛ a wogyaw wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo a wɔdɔ wɔn wɔ wɔn man mu. Onuawa bi a wɔfrɛ no Eva ne ne kunu Yannis tu kɔtenaa Bulgaria. Ɔkaa sɛ: “Ahyɛase no, na mete nka sɛ mayɛ ankonam. Nea aboa yɛn ne sɛ, yɛne yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a wɔwɔ yɛn kurom no taa kasa. Afei nso yɛafa nnamfo foforo wɔ ha.”

Yannis ne Eva

 Ɔhaw afoforo nso wɔ hɔ. Onua bi a wɔfrɛ no Robert ne Liana a wotu fii Switzerland kaa sɛ: “Kasa no ne amammerɛ no, na ɛyɛ ɔhaw kɛse paa ma yɛn. Afei nso na yennim sɛ edu awɔw bere a ɛha yɛ nwini saa.” Nanso esiane sɛ saa awarefo yi mfa wɔn adwene nkɔ nneɛma a ɛnkɔ yiye so pii na wɔde nneɛma bi yɛ serew nti, wɔatumi de nokwaredi asom wɔ Bulgaria mfe 14 ni.

Robert ne Liana

Nhyira a Wɔanya

 Onuawa bi a wɔfrɛ no Lilly kaa sɛ ne yam a, anka obiara reyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi a wohia mmoa. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea mabehu Yehowa no, sɛ mewɔ me ara me man mu mpo a, anka merenhu no yiye saa. Minya kwan boa afoforo, na ɛno boa me ma me ne Yehowa adamfofa no mu yɛ den, na ɛma minya anigye ne akomatɔyam.” Ne kunu Ravil nso ka too so sɛ: “Wei ne asetena papa paa no. Kristofo mmɔdenbɔfo a wofi aman ahorow so a wɔde Bible akyerɛkyerɛ nkurɔfo akyɛ de, worennya sɛ wo ne wɔn bɛbɔ. Masua nneɛma pii afi wɔn hɔ.”

 Sɛnea anuanom pii ayi wɔn yam atu wɔn ho ama no aboa ama yɛatumi aka “Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Anuanom a wɔatu aba Bulgaria no ahu sɛ, ɔpɛ pa a wonyae sɛ wobetu wɔn ho ama no nti, Yehowa ama wɔanya wɔn koma so ade, na nea wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ nyinaa, wama aba mu.—Dwom 20:1-4.