Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Nsɛmmɔnedi Ne Sikanibere Ama Madi Yaw Pii”

“Nsɛmmɔnedi Ne Sikanibere Ama Madi Yaw Pii”
  • Afe a Wɔwoo No: 1974

  • Ɔman a Ofi Mu: Albania

  • Kan No: Ɔkorɔmfo, na ɔtɔn nnubɔne, ɔkɔdaa afiase

ƆBRA A NA MEWOM

 Wɔwoo me Albania ahenkurow Tiranë mu. Ná m’abusua no di hia. Ná me papa di nokware, na na ɔde nnnhwerew pii yɛ adwuma de hwɛ yɛn. Nanso na yɛn ho kyere yɛn wɔ sikasɛm mu. Bere a meyɛ abofra no, na me werɛ how sɛ ahia yɛn. Me mmofraase no, na minni mpaboa, na ɛtɔ da nso a na m’aduan nso me.

 Me mmofraase pɛɛ na mifii ase bɔɔ korɔn. Ná ɛyɛ me sɛ mereboa ama yɛn abusua no anya nea yebedi. Nanso, polisifo kyeree me. Enti afe 1988 bere a na madi mfe 14 no, me papa de me kɔɔ mmofrabɔne sukuu. Midii mfe mmienu wɔ hɔ, na misuaa sɛnea yɛsosɔ nnade. Bere a mifii hɔ no, na mepɛ sɛ meyɛ adwuma de hwɛ me ho; nanso mannya adwuma anyɛ. Esiane sɛ na basabasayɛ rekɔ so wɔ amanyɔsɛm mu wɔ Albania nti, na nkurɔfo a wonnya adwuma nyɛ dɔɔso. Ná minhu nea menyɛ, enti mede me ho kɔbɔɔ me nnamfo dedaw no, na mifii ase bɔɔ korɔn bio. Nanso, wɔkyeree me ne me nnamfo no, na wɔde yɛn guu afiase mfe mmiɛnsa.

 Woyii me fii afiase no, mekɔɔ so ara dii nsɛmmɔne. Ná Albania sikasɛm nkɔ yiye, na na basabasayɛ rekɔ so wɔ ɔman no mu. Saa bere a na nneɛma nkɔ yiye no, mefaa ɔkwammɔne so nyaa sika pii. Bere a me ne me nnamfonom de tuo kɔbɔɔ korɔn no, wɔkyeree yɛn mu mmienu, na miguan fii ɔman no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa me nto afiase bere tenten. Saa bere no, na maware me yere Julinda, na na yɛawo ɔbabarima.

 Yekopuee England. Ná masi me bo sɛ me ne me yere ne yɛn babarima no befi ɔbra ase foforo. Nanso esiane sɛ na me suban no agye ntini wɔ me mu nti, na ɛyɛ den sɛ mɛsesa. Ankyɛ na mesan fii ase dii nsɛmmɔne. Saa bere yi de na metɔn nnubɔne, na na sika akɛse na ɛfa me nsam.

 Ná Julinda te nka sɛn wɔ nnubɔne metɔn no ho? Yɛmma ɔno ara nka: “Bere a na merenyin wɔ Albania no, ade a na meso ho dae araa ne sɛ menya sika. Nea mɛyɛ biara a ɛbɛma manya me ho no, na masi me bo sɛ mɛyɛ. Ná misusuw sɛ sɛ yenya sika a, ɛbɛma yɛadi dɛ. Enti biribiara a na Artan bɛyɛ de anya sika biara; sɛ́ ɛyɛ atorodi oo, korɔn oo, nnubɔnetɔn oo, na metaa n’akyi.”

“Biribiara a na Artan bɛyɛ biara; sɛ́ ɛyɛ atorodi oo, korɔn oo, nnubɔnetɔn oo, na metaa n’akyi.”—Julinda

 Afei, afe 2002 no, nneɛma sesae ma botae a na yɛde asi yɛn ani so sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ asikafo no nyinaa baa awiei. Me de nnubɔne pii hyɛɛ me ho ma wɔkyee me, na wɔde me too afiase.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Bible fii ase sesaa m’asetena bere mpo a na minnim. Ansa na wɔde me reto afiase afe 2002 no, Yehowa Adansefo mmienu baa Julinda nkyɛn afe 2000, na wɔne no fii ase suaa Bible. Ná m’ani nnye ho sɛ me ne wɔn bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ efisɛ na ɛyɛ me anihaw. Nanso na Julinda ani gye ho. Julinda kaa sɛ: “M’abusuafo kɔ asɔre, na mibu Bible na m’ani gye ho. Efi me mmofraase nyinaa na mepɛ sɛ mihu nea ɛwom, na m’ani gyei paa sɛ me ne Adansefo no resua Bible. Mihui sɛ Bible mu nsɛm pii tɔ asom paa. Nea misuae no boaa me meyɛɛ nsakrae bi wɔ m’asetenam. Nanso adwene a na mewɔ wɔ sika ho de, ansesa kosii sɛ wɔkyeree Artan. Wei maa m’ani baa me ho so. Prɛko pɛ na mihui sɛ, nea Bible ka fa sika ho no yɛ nokware. Yɛadi akyi denneennen, nanso amma yɛn ani annye. Ɛhɔ na mihui sɛ, ɛsɛ sɛ mede Onyankopɔn asɛm bɔ me bra.”

 Woyii me fii afiase afe 2004. Ankyɛ koraa na meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsan atɔn nnubɔne. Nanso na Julinda adwene asesa, na asɛm bi a ɔkae maa m’ani baa me ho so paa. Ɔkaa sɛ: “Efi nnɛ rekɔ, ɛnyɛ nea mihia ne wo sika. Nea mihia ne sɛ menya me kunu ne no atena, na me mma nso anya wɔn papa.” Asɛm a ɔkae no maa me ho dwiriw me de, nanso na nea ɔreka no yɛ nokware. Ná me ne m’abusua ntam atetew mfe pii. Afei nso, na kwammɔne a menam so repɛ sika no ama mahu amane pii, na mifii ase dwinnwen ne nyinaa ho. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsesa m’abrabɔ na matwe me ho afi me nnamfo dedaw no ho.

 Nea ɛkaa me paa ne bere a me ne me yere ne me mma mmarima mmienu no kɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ase. Nnipa a mihyiaa wɔn wɔ hɔ no na wɔn anim tew, na na mitumi hu sɛ wɔpɛ nnipa ankasa. Bere bi akyi no, mifii ase suaa Bible.

Kan no, na ɛyɛ me sɛ sɛ yenya sika pii a, yɛn ani begye

 Mihui wɔ Bible mu sɛ “nneɛma bɔne nyinaa ntini baako ne sikanibere, na ebinom adi akyi ama . . . wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.” (1 Timoteo 6:9, 10) Nneɛma a na mafam wɔ asetenam no ma mihui sɛ saa asɛm no yɛ nokware! Minuu me ho paa sɛ sɛnea na merebɔ me bra no maa me ne m’abusua huu amane saa. (Galatifo 6:7) Bere a mihuu ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo dɔ yɛn no, mifii ase sesaa me suban. Afei de na minnwen me nko ara me ho bio, na mmom na midwen afoforo ho paa. Mesan nso nyaa bere pii maa m’abusua.

SƐNEA ABOA ME

 Bible mu afotu yi a mede yɛɛ adwuma no aboa me paa. Ɛka sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ.” (Hebrifo 13:5) Seesei mewɔ ahonim pa na m’asom dwo me. Ama manya anigye bi a minnyaa bi da wɔ m’asetena mu. Seesei m’aware asɔ, na me ne m’abusua ntam ayɛ kama paa.

 Kan no, na ɛyɛ me sɛ sɛ yenya sika pii a, yɛn ani begye. Seesei mahu sɛ nsɛmmɔne a na midi ne sikanibere ma mihuu amane paa. Seeei yenni sika pii de, nanso yɛanya biribi a ɛho hia koraa sen sika wɔ yɛn asetenam. Ɛne sɛ, yɛabɛyɛ Yehowa Nyankopɔn nnamfo. Sɛnea yɛabom resom no sɛ abusua no ama yɛn ani agye paa.

Me ne m’abusua wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam ase