Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Ná M’ani Gye Karate Ho”

“Ná M’ani Gye Karate Ho”
  • Afe a Wɔwoo No: 1962

  • Ɔman a Ofi Mu: United States

  • Kan No: Ná ɔde ne bere nyinaa sua karate

ƆBRA A NA MEWOM

 Mipiraa obi a na ɔboa me ma misua karate; na menhwɛ kwan sɛ obepira kɛse saa. Manhyɛ da na mituu me nan wɔɔ ne hwene. Ɛhaw me paa, na mifii ase dwenee ho sɛ, ɛsɛ sɛ mekɔ so bɔ karate anaa. Adɛn nti na saa mfomso a midii yi ma minyaa adwene a ɛte saa? Ná mede mfe pii na asua agorɔ a m’ani gye ho no. Nea edi kan no, ma menka nea ɛyɛe a misuaa karate.

 Minyinii wɔ Buffalo, New York, U.S.A. Ná asomdwoe wɔ yɛn abusua mu, na na yɛyɛ Katolekfo. Mekɔɔ Katolek sukuu, na na meboa ɔsɔfo no ma ɔyɛ asɔre. Ná m’awofo pɛ sɛ esi me ne me nuabea yiye wɔ asetena mu. Enti sɛ mepɔn sukuu a, na wɔma me kwan ma mikosua agodie anaa mekɔyɛ adwuma de pɛ sika. Nea na ehia wɔn ara ne sɛ mɛyere me ho asua ade atwa sɔhwɛ a yɛyɛ wɔ sukuu mu. Wei ma misuaa sɛnea mɛhyɛ me ho so fi me mmofraase pɛɛ.

 Bere a midii mfe 17 na mifii ase suaa karate. Mede mfe pii na esuae, na da biara na mede nnɔnhwerew mmiɛnsa na ɛtete me ho. Nnawɔtwe biara na mede nnansia na ɛyɛ saa. Nnawɔtwe biara nso, na mede nnɔnhwerew pii dwinnwen ɔkwan a mɛfa so abɔ karate ho, na na mehwɛ video ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkɔ m’anim. Ná m’ani gye ho sɛ mɛkyekyere m’ani bere a meresua sɛnea yɛbɔ karate. Sɛ mpo mikura nkrante na ɛreyɛ saa a, na m’ani gye ho sɛ mɛkyekyere m’ani. Ná mitumi de twɛre bɔ ntaaboo anaa birikisi mu ma ebu. Minyaa nkɔanim paa, na migyee abodin pii wɔ akansi ahorow mu. Karate bɛyɛɛ ade a ɛho hia me sen biribiara wɔ m’asetena mu.

 Ɛyɛɛ me sɛ asi me yiye wɔ asetena mu. Miwiee sukuupɔn no, mitwaa sɔhwɛ no paa. Me ne adwumakuw kɛse bi kɔyɛɛ adwuma sɛ kɔmputa ho nimdefo. Adwumakuw no maa me nsa kaa nneɛma pii. Ná mewɔ m’ankasa me fie, na na mewɔ mpena a me ne no te. Nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea nneɛma kɔ yiye ma me, nanso me mu de na nsɛmmisa pii kyere m’adwene a na merepɛ ho mmuae.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Nea ɛbɛyɛ na manya me nsɛmmisa no ho mmuae no, mifii ase kɔɔ asɔre mprenu nnawɔtwe biara, na mebɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa. Afei, da bi me ne m’adamfo bi bɔɔ nkɔmmɔ, na ɛsesaa m’asetena. Mibisaa no sɛ: “Woadwen nea enti a yɛbaa wiase ho pɛn?” Na mede kaa ho sɛ: “Ɔhaw ne asisisɛm abu so wɔ wiase yi mu dodo!” Ɔkaa sɛ ɔno nso abisa ne ho nsɛm a ɛte saa, na wanya ho mmuae a ɛtɔ asom wɔ Bible mu. Ɔmaa me nhoma bi a n’asɛmti ne Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. a Ɔkaa sɛ ɔne Yehowa Adansefo resua Bible. Mfiase no, metwetwee me ho efisɛ na ɛyɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mekenkan asɔre foforo nhoma ka m’asɔre de ho. Nanso esiane sɛ na mepɛ sɛ minya nsɛmmisa a ɛkyere m’adwene ho mmuae nti, ɛma meyɛɛ m’adwene sɛ mɛhwɛ sɛ nea Adansefo no kyerɛkyerɛ no ntease wom anaa.

 Bere a mihuu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no, ɛmaa me ho dwiriw me. Mihui sɛ adwene a mfiase no na Onyankopɔn wɔ ne sɛ, nnipa bɛtena ase daa wɔ paradise asaase so, na Onyankopɔn nsesaa n’adwene. (Genesis 1:28) Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihuu Onyankopɔn din Yehowa wɔ m’ankasa me King James Bible nkyerɛase no mu. Ɛyɛɛ me nwonwa nso sɛ, Awurade Mpaebɔ a mebɔ daa no, sɛɛ na ɛyɛ saa din no na mebɔ ho mpae. (Dwom 83:18; Mateo 6:9) Awiei koraa no, mibehuu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ama nnipa rehu amane bere tiawa bi. Mihui sɛ biribiara a meresua no tɔ asom paa! M’ani gyei paa.

 Sɛnea metee nka bere a mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam no, me werɛ remfi da. Obiara tew n’anim maa me, na na wɔpɛ sɛ wohu me din. Da a edi kan a mekɔɔ asafo nhyiam no, baguam kasa a wɔmae no, na ɛfa mpae a Onyankopɔn tie ho. M’ani gyee saa asɛmti no ho paa efisɛ na mabɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn mmoa. Nhyiam a edi hɔ a mekɔe yɛ Yesu wu Nkaedi no. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ nhyiam yi ase no mihui sɛ mmofra mpo abue wɔn Bible redi Bible mu nsɛm a wɔkenkanee no akyi. Mfiase no, na minnim sɛnea wobue Bible. Nanso Adansefo no boaa me paa, na wɔkyerɛɛ me sɛnea metumi abue Bible no.

 Bere a metoaa so kɔɔ asafo nhyiam ahorow no, m’ani sɔɔ nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn a na Adansefo no de ma no. Asafo nhyiam biara a mɛkɔ no na misua nneɛma pii wɔ ase, na mɛkɔ fie no na manya nkuranhyɛ. Afei Adansefo no kaa sɛ wɔne me besua Bible.

 Nneɛma a mihui sɛ na ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo mu no, na ɛyɛ soronko koraa wɔ nea na mihu wɔ m’asɔre mu. Mihui sɛ baakoyɛ wɔ Adansefo no mu, na wɔyɛ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa a wɔrebɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Mibehui paa sɛ ade a ɛma yehu nokware Kristofo no, wɔn na wɔda no adi, na ɛne sɛ wɔdodɔ wɔn ho.—Yohane 13:35.

 Bere a merekɔ m’anim wɔ Bible sua mu no, meyɛɛ nsakrae pii sɛnea ɛbɛyɛ a metumi de nea meresua afi Bible mu no abɔ me bra. Nanso, ɛyɛɛ me sɛ nea merentumi nnyae karatebɔ da. Ná m’ani gye sɛnea misiesie me ho ma akansi ne akansi no ankasa ho paa. Bere a mekaa wei ho asɛm kyerɛɛ Ɔdansefo a ɔne misuaa Bible no, ɔkaa me koma too me yam sɛ, “Wo de, kɔ so sua Bible no, na minim sɛ wubesi gyinae pa.” Saa asɛm a ɔkae no maa me koma tɔɔ me yam paa. Bere a merekɔ m’anim wɔ Bible sua mu no, m’ani begyee ho paa sɛ mɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani.

 Nea ɛmaa mitumi sii gyinae paa ne asɛm a mekae mfiase no, bere a manhyɛ da na mituu me nan wɔɔ obi a na ɔboa me ma misua karatebɔ hwene no. Saa asɛm no ma midwenee ho kɔɔ akyiri sɛ, sɛ mekɔ so bɔ karate a, metumi ayɛ Kristo kyidifo a ɔpɛ asomdwoe anaa. Ná mahu wɔ Yesaia 2:3, 4 sɛ wɔn a wotie Yehowa asɛm no, “wɔrensua akodi bio.” Afei nso, Yesu kyerɛkyerɛɛ afoforo sɛ, sɛ wɔresisi wɔn mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ basabasa. (Mateo 26:52) Ɛwom sɛ na m’ani gye karate a mebɔ no ho paa, nanso migyaee.

 Ɛno akyi no, mitiee Bible afotu a ɛka sɛ “fa onyamesom pa si w’ani so na fa tete wo ho” no. (1 Timoteo 4:7) Bere pii ne m’ahoɔden a na mede bɔ karate bere bi a atwam no, seesei mede yɛ nneɛma a ɛbɛma mabɛn Onyankopɔn kɛse na masom no. Me mpena a na me no te no ne me anyɛ adwene wɔ nea na meresua wɔ Bible mu no ho, enti yɛn ntam tetewee. Wɔbɔɔ me asu ma mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo January 24, 1987. Ɛno akyi bere tiawa bi no, mifii ase yɛɛ bere nyinaa som adwuma. Mede me bere bɔɔ afɔre kɔkyerɛkyerɛɛ afoforo Bible. Efi saa bere no, makɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma. Mekɔsomee kakra wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York, U.S.A.

SƐNEA ABOA ME

 Seesei a mahu Onyankopɔn yiye no, manya ade a na ayera wɔ m’asetena mu no. Menyɛ obi a n’abam abu bio. Mmom, minim nea enti a mete ase, na mewɔ daakye ho anidaso ankasa, na metumi aka sɛ m’ani gye paa. Meda so ara teɛteɛ m’apɔw mu bere nyinaa, nanso seesei ɛnyɛ apɔwmuteɛteɛ ne ade a ɛho hia me paa wɔ asetena mu. Ade a ɛho hia me paa wɔ asetena mu ne sɛ mɛsom Yehowa Nyankopɔn.

 Bere a na mede m’ani asi karate so no, bere nyinaa na mede m’adwene si nkurɔfo a mihyia wɔn so. Ná m’adwene ara ne sɛ obi bɛtow ahyɛ me so, enti na nea mɛyɛ de abɔ me ban ara na na midwinnwen ho. Ɛnnɛ, meda so ara de m’adwene si nkurɔfo a mihyia wɔn so, nanso ɛnyɛ nea enti a meyɛ saa ne sɛ ebia wɔbɛtow ahyɛ me so, na mmom mepɛ sɛ meboa wɔn. Bible aboa me ama mabɛyɛ obi a ne yam ye, ama masan nso ayɛ okunu pa ama me yere hoɔfɛfo Brenda.

 Ná karate ne ade a m’ani gye ho paa wɔ m’asetena mu. Nanso mede biribi foforo a eye koraa asi ananmu. Bible ka no yiye paa sɛ: “Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso kakra de, nanso onyamesom pa so wɔ mfaso ade nyinaa mu, efisɛ ɛboa yɛn wɔ asetena mu nnɛ, na ɛbɛboa yɛn wɔ nkwa a ɛbɛba daakye no nso mu.”—1 Timoteo 4:8.

a Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei de, wɔagyae tintim.