Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | OWUSƆREƐ—ƐBƐBA AMPA?

Anidaso wɔ Hɔ Ma Awufo—Wobɛyɛ Dɛn Ahu sɛ Ɛyɛ Nokware?

Anidaso wɔ Hɔ Ma Awufo—Wobɛyɛ Dɛn Ahu sɛ Ɛyɛ Nokware?

Ɛyɛ nea ntease nnim sɛ obi bɛgye adi sɛ awufo bɛsan atena ase bio? Ɔsomafo Paulo ansusu saa. Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛw sɛ: “Sɛ nkwa yi mu nko na yɛanya Kristo mu anidasoɔ a, ɛnneɛ na yɛn na yɛyɛ mmɔbɔ paa wɔ nnipa nyinaa mu. Nanso afei wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu sɛ wɔn a wɔadeda owuo mu no aba a ɛdi kan.” (1 Korintofoɔ 15:19, 20) Paulo huu sɛ owusɔreɛ no nyɛ anansesɛm, ɛbɛba ɔkwan biara so. Yesu ankasa wusɔreɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ owusɔreɛ no yɛ nokware. * (Asomafoɔ Nnwuma 17:31) Ɛno nti na Paulo frɛɛ Yesu sɛ “aba a ɛdi kan” no. Ɔno ne obi a ɔdi kan a wɔnyanee no baa nkwa mu a wanwu bio. Sɛ Yesu ne nea ɔdi kan a, ɛnde na yɛbɛtumi aka sɛ afoforo nso bɛnya owusɔreɛ.

Hiob ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “W’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma.”Hiob 14:14, 15

Ade foforo nso a ɛbɛma woahu sɛ owusɔreɛ ho anidaso no yɛ nokware ne sɛ, Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn. Ɔyɛ “Onyankopɔn a ɔntumi nni atorɔ.” (Tito 1:2) Yehowa nnii atorɔ da, na ɔrenni bi nso da. Wogye di sɛ ɔbɛhyɛ owusɔreɛ ho bɔ, na mpo wanyane awufo de akyerɛ sɛ ɔbɛtumi anyane wɔn, wɔ mmere a ɔrenyɛ ade a ɛte saa? Ɔrenyɛ saa da!

Dɛn nti na Yehowa ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛnyane awufo daakye? Esiane ne dɔ nti. Hiob bisaa sɛ: “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?” Afei ɔkaa sɛ: “Wobɛfrɛ, na me nso mɛgye wo so. Ɛfiri sɛ w’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma.” (Hiob 14:14, 15) Ná Hiob gye di paa sɛ, ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ani bɛgyina sɛ ɔbɛnyane no. Onyankopɔn asesa anaa? Bible ka sɛ: “Mene Yehowa; mensakraeɛ.” (Malaki 3:5) Onyankopɔn ani da so ara gyina sɛ ɔde awufo bɛba nkwa mu bio, a wɔwɔ apɔwmuden ne anigye. Sɛ ɔwofo biara a ɔwɔ ɔdɔ no ba wu a, ɔnyae a anka ɔbɛnyane no. Nanso nea ɛma Onyankopɔn da nsow koraa ne sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ nea ɔpɛ no.Dwom 135:6.

Owuo yɛ ade a ɛhaw adwene, nanso Onyankopɔn wɔ ano aduro tatahwe

Yehowa bɛma ne Ba no tumi de anyane awufo, na ama wɔn a wɔdi wɔn adɔfo wuo ho awerɛhow no nyinaa ani agye paa. Sɛn na Yesu te nka fa owusɔreɛ no ho? Ansa na Yesu rebɛnyane Lasaro no, ɔhuu sɛnea Lasaro nua mmaa ne ne nnamfonom redi awerɛhow no, na ɛno maa no “suiɛ.” (Yohane 11:35) Bere bi nso, Yesu hyiaa ɔbaa kunafo bi a ɔfiri Nain a wahwere ne ba a ɔdi no ba koro. Yesu huu no no “ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Gyae su.’” Amonom hɔ ara na ɔnyanee ne ba no. (Luka 7:13) Enti yɛbɛtumi aka sɛ sɛ obi di awerɛhow anaasɛ obi wu a, Yesu nso di yaw paa. Wo deɛ, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ Yesu dɛ sɛ wama awerɛhow a nkurɔfo redi no adan anigye wɔ baabiara!

Asɛm bi ato wo ama wo werɛ ahow pɛn? Ebia wobɛsusu sɛ yɛnni owuo ano aduro. Nanso ano aduro wɔ hɔ; ɛno ne owusɔreɛ a Onyankopɔn nam ne Ba no so de bɛba no. Kae sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ wohu nea ɔbɛyɛ no. Ɔpɛ sɛ wode w’ani hu, bere a wanyane awufo no na woyɛ wɔn awaawaa atuu. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wo ne w’adɔfo bɛbom ayɛ nneɛma daa a mo ntam rentetew da!

Lionel a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa nea ɛboaa no. Ɔse: “Akyiri yi mesuaa owusɔreɛ no ho asɛm. Mfiase no, na ɛyɛ den sɛ mɛgye adi, na na mennye nea na ɔreka saa asɛm no akyerɛ me no nso nni. Nanso mekenkan firii Bible mu, na mehui sɛ ne nyinaa yɛ nokware! Mede ahopere rehwɛ kwan sɛ mehunu me nanabarima bio.”

Wopɛ sɛ wohu owusɔreɛ no ho nsɛm pii? Yehowa Adansefo ani bɛgye sɛ wɔbɛma woahu afiri w’ankasa Bible mu nea enti a wɔgye di paa sɛ owusɔreɛ no bɛba. *

^ nky. 3 Sɛ wopɛ sɛ wohu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu nyanee a, hwɛ nwoma a wɔato din The Bible—God’s Word or Man’s? no kratafa 78-86. Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ.

^ nky. 9 Yɛsrɛ sɛ hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma yi ti 7. Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ.