Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | DEBORA

“Mesɔree sɛ Ɔbaatan wɔ Israel”

“Mesɔree sɛ Ɔbaatan wɔ Israel”

DEBORA too n’ani hwɛɛ asraafo a na wɔahyiam wɔ Bepɔ Tabor so no. Sɛ ɔhwɛ sɛnea wɔahyiam no a, na ɛyɛ no fɛ kɛkɛ. Saa anɔpa no, ɔdwendwenee sɛnea asraafo no ne wɔn sahene Barak daa akokoduru ne gyidi adi no ho. Ɛwom sɛ na wɔyɛ asraafo 10,000 deɛ, nanso na wɔrebɛhyia wɔn gyidi ne wɔn akokoduru ho sɔhwɛ kɛse saa da no. Ná wɔne atamfo a wɔn ho yɛ hu de rekɔsi ani. Afei nso sɛ wohwɛ atamfo no dodow a, sɛ na Israelfo no yɛ nkyene a na wɔayera mu, na na wɔnni akode titiriw biara nso. Nanso ɔbaa yi nkuranhyɛ nti, na asraafo no nyinaa abɛhyiam wɔ bepɔ no so.

Wo deɛ, fa w’adwene bu sɛ Debora gyina baabi na mframa rebɔ fa n’atade mu hoohoo. Ɔne Barak gyina bepɔ bi so rehwɛ asase tɛtrɛɛ a ɛda hɔ no. Bepɔ Tabor yɛ bepɔ kɛse a atifi paa no yɛ tratra. Bepɔ no tenten bɛyɛ mita 400, na sɛ wogyina atifi hɔ a, wohu Esdraelon Asasetaw a ɛda anafo fam atɔe no. Kison Asubɔnten no nwonnwan fa sare asasetam no so, na ɛtene kɔgu Po Kɛse no mu wɔ Bepɔ Karmel ho. Saa anɔpa no, ɛbɛyɛ sɛ na nsuo nni subɔnka no mu, nanso na biribi foforo rehyerɛn wɔ hɔ. Ná Sisera asraafo no rebɔ pini wɔn, na na wɔn nkrante ne wɔn mpeaw rete yerɛwyerɛw wɔ hɔ, wohwɛ a na ɛyɛ hu yie. Ná Sisera asraafo no aben wɔ akodi mu yie, na na wɔwɔ nteaseɛnam 900 a ne ntwahonan no yɛ nnade. Ná sekan a ano yɛ nam hyehyɛ ntwahonan no mu. Sisera yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtwa Israelfo a wɔnni akode titiriw biara no sɛ atokoɔ!

Ná Debora nim sɛ Barak ne ne mmarima no retwɛn sɛ ɔbɛka biribi akyerɛ wɔn. Ɔno nkutoo ne ɔbaa a na ɔwɔ hɔ? Ná Debora bɛte nka sɛn wɔ adwuma kɛse a ɛda n’anim no ho? Wohwɛ a ɔbisaa sɛ, ‘Ɛha deɛ mebɛyɛɛ dɛn?’ Ɛda adi sɛ amma ne tirim saa da! Efisɛ na Yehowa, ne Nyankopɔn no aka akyerɛ no sɛ wɔne atamfo no mfa nkɔsi ani; na na wayi akyerɛ no nso sɛ ɔnam ɔbaa bi so na ɔko no bɛba awiei. (Atemmufoɔ 4:9) Gyidi ho ade bɛn na yɛbɛtumi asua afi Debora ne saa asraafo akokodurufo yi hɔ?

“KƆ BEPƆ TABOR SO”

Bere a ɛdi kan a Bible kaa Debora ho asɛm no, ɛkaa sɛ ɔyɛ “odiyifoɔbaa.” Wɔfrɛɛ Debora sɛ “odiyifoɔbaa,” nanso ɛnyɛ ɔno nko ara ne ɔbaa a Bible de saa abodin no frɛ no. * Ná Debora wɔ asɛyɛde foforo nso. Sɛ nsɛmnsɛm bi sɔre wɔ ɔman no mu a, na ɔbu wɔn atɛn; ná ɔde Yehowa akwankyerɛ ma wɔn.Atemmufoɔ 4:4, 5.

Ná Debora te Efraim bepɔ so baabi a ɛda Betel ne Rama ntam. Ná ɔtaa tena abedua bi ase, na ɛhɔ na na ɔbu ɔman no atɛn wɔ Yehowa akwankyerɛ ase. Debora adwuma no, na ɛnna fam nanso wamma ɛno ammɔ ne hu. Na wɔhia ne mmoa paa. Akyiri yi, ɔboa ma wɔhyehyɛɛ dwom a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no. Ná emu nsɛm no bi fa asoɔden a ne nkurɔfo yɛe no ho. Ɛka sɛ: “Wɔyii anyame foforɔ. Afei dɔm bɛto hyɛɛ wɔn so wɔ kuro apono ano.” (Atemmufoɔ 5:8) Esiane sɛ Israelfo no gyaa Yehowa hɔ kɔsom anyame foforo nti, Yehowa nso gyaa wɔn maa wɔn atamfo. Kanaanfo hene Yabin ne ne sahene Sisera dii wɔn so.

Sɛ Israelfo no te Sisera din a, na wɔrepɛ bɔn bi awura mu! Ná atirimɔdensɛm ahyɛ Kanaanfo amanne ne wɔn som mu ma; na wɔde mmofra bɔ afɔre na na wɔbɔ adwamman wɔ wɔn asɔrefie hɔ. Kanaanfo sahene ne n’asraafo a na wɔredi asase no so no maa Israelfo no tee nka sɛn? Debora dwom no ma yɛhu sɛ na ɛyɛ den sɛ obi bɛtu kwan akɔ baabi, na nkuraase mpo deɛ na obiara afiri hɔ. (Atemmufoɔ 5:6, 7) Wo deɛ hwɛ sɛ nkurɔfo adwane akɔhyɛ wuram ne mmepɔ mu. Ehu a akyekyere wɔn nti na wɔntumi nyɛ kua, na na wɔmpɛ sɛ wɔbɛtena nkuraa a afasu nni ho mu. Na wɔsuro mpo sɛ wɔbɛfa akwantempɔn so atu kwan, efisɛ anhwɛ a na asraafo no ato ahyɛ wɔn so afa wɔn mma, anaa wɔato mmaa a wɔka wɔn ho no mmonnaa. *

Ehu kɔɔ so kyekyeree Israelfo no bɛyɛ mfe 20 kɔsii sɛ Yehowa huu sɛ afei deɛ ne nkurɔfo asobrakyefo no pɛ sɛ wɔsesa wɔn suban, anaa sɛnea Debora ne Barak kaa wɔ wɔn dwom no mu no: “Kɔsii sɛ me Debora, mesɔreeɛ, kɔsii sɛ mesɔree sɛ ɔbaatan wɔ Israel.” Sɛ na Lapidot yere Debora wɔ mma deɛ a, yɛnnim. Nanso nea yɛnim ne sɛ saa asɛm no yɛ kasakoa. Ɛkyerɛ sɛ, Yehowa maa Debora bɔɔ ɔman no ho ban sɛnea ɔbaatan bɔ ne mma ho ban no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma Ɔtemmufo Barak, ɔbarima a ne gyidi yɛ den no nsɔre nkɔto nhyɛ Sisera so.Atemmufoɔ 4:3, 6, 7; 5:7.

Debora hyɛɛ Barak nkuran sɛ ɔnnyina pintinn na ɔnnye Onyankopɔn nkurɔfo

Yehowa nam Debora so ka kyerɛɛ Barak sɛ: “Kɔ Bepɔ Tabor so.” Ná Barak bɛboaboa mmarima 10,000 ano afi Israel mmusuakuo mmienu mu. Debora kaa nea Onyankopɔn kae no kyerɛɛ Barak sɛ, wɔbɛdi ɔsahene Sisera ne ne nteaseɛnam 900 no so nkonim! Asɛm no yɛɛ Barak nwonwa, efisɛ na Israelfo no nni asraafodɔm ne akode titiriw biara. Ne nyinaa mu no Barak kɔɔ ɔko no, nanso ɔkaa sɛ gye sɛ Debora ka ne ho kɔ Bepɔ Tabor so.Atemmufoɔ 4:6-8; 5:6-8.

Ebinom ka sɛ na Barak nni gyidi nti na ɔkaa saa, nanso ɛnte saa koraa. Efisɛ, wammisa Onyankopɔn sɛ ɔmma no akode pii nka ho. Mmom no, Barak gyidi nti, ɔhuu sɛ ɛho hia sɛ ɔnya Yehowa nanmusifo a ɔbɛtumi ahyɛ ɔne ne mmarima no nyinaa den. (Hebrifoɔ 11:32, 33) Yehowa tiee Barak, na Debora ne no kɔe. Nanso Yehowa maa no hyɛɛ nkɔm sɛ anuonyam a ɛbɛfi ɔko no mu aba no renyɛ ɔbarima dea. (Atemmufoɔ 4:9) Ná Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbaa na ɔbɛma wakum Sisera, ɔtirimɔdenfoɔ no!

Ɛnnɛ, yɛte wiase bi a wɔmfa mmaa nyɛ hwee mu; wɔdi wɔn ani, wɔsisi wɔn, na wɔyɛ wɔn ayayade nso. Wɔmmu wɔn, enti ama obu a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔnya no abɔ wɔn. Nanso, sɛnea Onyankopɔn bu mmarima no saa ara na ɔbu mmaa; wɔn nyinaa bɛtumi anya n’anim dom. (Romafoɔ 2:11; Galatifoɔ 3:28) Sɛnea Onyankopɔn de Debora dii dwuma no ma yɛhu sɛ ɔdom mmaa, na wɔbɛtumi anya n’anim dom. Enti ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene a wiase no wɔ wɔ mmaa ho no bi da.

“ASASE WOSOEƐ, ƆSORO ASUSƆ TUEEƐ”

Barak kɔboaboaa n’asraafo ano. Ɔfaa mmarima 10,000 a wɔwɔ akokoduru a na wɔbɛtumi ne Sisera asraafodɔm no de asi ani. Barak dii ne mmarima no anim kɔduu Bepɔ Tabor so, na n’ani gyee sɛ wanya ho kwan a ɔde bɛhyɛ wɔn nkuran. Yɛkenkan sɛ: “Debora nso kaa ne ho kɔeɛ.” (Atemmufoɔ 4:10) Ná Debora wɔ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi paa, na bere a asraafo no huu sɛ ɔbaa kokodurufo yi de ne nkwa ato asiane mu abɛka wɔn ho wɔ Bepɔ Tabor so no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran paa!

Bere a Sisera huu sɛ Israelfo no asoa asraafo sɛ wɔrebɛto ahyɛ wɔn so no, ɔkekaa ne ho ntɛm. Ɛbɛyɛ sɛ na Ɔhene Yabin wɔ tumi paa, enti Kanaan ahemfo dodow bi de wɔn ntoma kɔbɔɔ ne deɛ ano. Afei Sisera asraafodɔm no tenaa wɔn nteaseɛnam mu de wɔn ani kyerɛɛ baabi a Israelfo abɔ nsra no, na mmirika kirikirikiri a na wɔretu no wosoo asase no. Ná Kanaanfo no gyidi paa sɛ wɔbɛfa Israel asraafo a wɔnni akode titiriw biara no fo sɛ nwa.Atemmufoɔ 4:12, 13; 5:19.

Dɛn na na Barak ne Debora bɛyɛ bere a wɔhuu sɛ atamfo no rebɔ pini wɔn no? Sɛ wɔkɔɔ so gyinaa Bepɔ Tabor so a, anka ɛbɛyɛ den ama Kanaan asraafo no, ɛfiri sɛ na wɔn nteaseɛnam no ntumi mforo bepɔ no. Nanso, nea na Yehowa aka nko ara na na Barak bɛyɛ, enti ɔtwɛnee sɛ ɔbɛte Debora anom asɛm. Afei, Debora kasae. Ɔkaa sɛ: “Sɔre! Ɛnnɛ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ wo nsa. Wonnim sɛ Yehowa adi w’anim dada?” Ɛtoa so ka sɛ: “Barak de mmarima mpem du dii n’akyi siane firii Bepɔ Tabor so.”Atemmufoɔ 4:14. *

Israelfo mmarima no siane firii bepɔ no so baa asase tamaa a ɛda hɔ no so, na wɔbɔ pinii Sisera asraafo a wɔn ho yɛ hu na wɔaben akodi mu no. Yehowa dii wɔn anim sɛnea ɔhyɛɛ Debora bɔ no anaa? Nea ɛsii bere tiaa bi akyi no maa wɔnyaa asɛm yi ho mmuaeɛ. Bible ka sɛ: “Asase wosoeɛ, ɔsoro asusɔ tueeɛ.” Sisera asraafo a na wɔgye wɔn ho di paa no adwene tu frae. Nsuo no tɔe! Na ɛtɔe! Bere tiaa bi mu no, ɛyiri faa asase no so nyinaa. Afei deɛ, na wɔn nteaseɛnam akɛse no abɛyɛ wɔn so adesoa. Ɛfam a na ayɛ mmerɛ nti, wɔtu a na wɔremem; wɔn na wɔaka yi!Atemmufoɔ 4:14, 15; 5:4.

Nsuo kɛse a ɛtɔe no anhaw Barak ne ne mmarima no koraa. Ná wɔnim Onii a ɔtaa akyi. Wɔbɔɔ kirididi kɔto hyɛɛ Kanaan asraafo no so. Onyankopɔn de Israelfo no dii dwuma sɛ n’abrafo, na wɔtɔree Sisera asraafo no nyinaa ase. Kison Asubɔnten no nso yirii, na ɛsoaa wɔn afunu no nyinaa kɔguu Po Kɛse no mu.Atemmufoɔ 4:16; 5:21.

Yehowa ko maa ne nkurɔfo sɛnea Debora kae no, na wɔdii Sisera asraafodɔm no so nkonim

Ɛnnɛ, Yehowa mma n’asomfo kwan sɛ wɔnni ako. Nanso, ɔka kyerɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnko wɔ honhom fam. (Mateo 26:52; 2 Korintofoɔ 10:4) Ɛnnɛ, sɛ yɛtie Onyankopɔn a, na ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ saa ɔko no mu. Yɛhia akokoduru, efisɛ ɛnnɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn afã bɛtumi ahyia ɔsɔretia. Nanso Yehowa di boa ne nkurɔfo efisɛ ɔnsesae. Ɔda so ara di boa wɔn a wɔyɛ wɔn ade te sɛ Debora, Barak ne tete Israel asraafo akokodurufo a wɔnyaa ne mu gyidi no.

“WƆBƐHYIRA NO MMAA MU”

Kanaanfo a wɔyɛ atamfo no mu baako a ne ho yɛ hu paa no nyaa ne ho teteeɛ! Sisera, nea ɔdii Onyankopɔn nkurɔfo ani paa no dwane firii akono. Ɔgyaa ne nkurɔfo no wɔ atɛkyɛ no mu ma wɔwuwuiɛ, na ɔyi faa Israel asraafo no ho dwane kɔɔ baabi pa. Ɔde n’ani kyerɛɛ kuro a ɛbɛn hɔ a wɔtaa n’akyi no. Ɔde mmirikatɛntɛ faa kwayow no so. Ná ɔsuro sɛ anhwɛ a Israel asraafo no bɛhu no, enti ɔkɔɔ Kenini bi a wɔfrɛ no Heber ntomadan mu. Ná Heber ate ne ho afi ne nkurɔfo a wɔwɔ anafo fam no ho de ne ho akɔbɔ Ɔhene Yabin ma ɔne no ayɛ apam.Atemmufoɔ 4:11, 17.

Sisera kɔduu Heber fie no, na wabrɛ paa. Ɔduruiɛ no, na Heber nni fie, nanso na ne yere Yael wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ Sisera nyaa adwene sɛ Yael bɛdi no ni esiane apam a ne kunu ne Ɔhene Yabin ayɛ no nti. Ebia Sisera anka bi anhyɛ mu da sɛ ɔbaa no bɛtumi ayɛ biribi anaa ɔbɛsusu biribi a ne kunu nna nsoo ho dae mpo da. Nokwasɛm ni, na Sisera nnim Yael! Ɛnyɛ dɛn ara a na ɔbaa no ahu sɛnea Kanaanfo nhyɛso no ama ɔman no rehu amane; ebia ɔbaa no san huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔsi gyinae bi. Ɛne sɛ, ɔde ne ho bɛkɔ akɔbɔ ɔbarima ɔtirimɔdenfoɔ yi, anaa ɔde ne ho bɛbata Yehowa ho na wama mako akɔ Sisera a ɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo tamfo no ani. Nanso, dɛn na na ɔbɛtumi ayɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaa besia atumi adi ɔsahene a waben akodi mu yi so?

Ɛhɔ ara na Yael nyaa adwene bi. Ɔmaa Sisera baabi sɛ ɔnnwudwo ne ho. Sisera ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, sɛ ɛba sɛ obi bɛbisa n’ase a, mma ɔnka. Ɔkyeaa ne ho too hɔ, na ɔbaa no de kuntu kataa ne so, afei bere a ɔkaa sɛ ɔmma no nsuo kakra nnom no, ɔmaa no nufosuo. Ankyɛ koraa na Sisera daa hatee. Afei Yael faa ntomadan mpɛɛwa ne abɔsobaa kurae; ɛyɛ nneɛma a mmaa a wɔte ntomadan mu taa de di dwuma, na wɔnim sɛnea wɔde di dwuma yie. Enti ɔyɛɛ nwaa kɔgyinaa Sisera atifi, afei na nea aka ara ne sɛ ɔbɛyɛ n’ade sɛ Yehowa brafo; na ɛyɛ hu paa sɛ ɔbɛyɛ saa. Sɛ n’adwenem yɛɛ no nãã anaasɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase kakraa bi mpo a, anka asɛm bɛtumi ato no. Yɛmmisa sɛ, ɔdwenee Onyankopɔn nkurɔfo ne sɛnea na ɔbarima yi adi wɔn ani mfe pii no ho anaa? Anaasɛ ɔdwenee hokwan a na wanya sɛ ɔbɛgyina Yehowa afa no ho? Bible no nka ho asɛm. Nanso nea yɛnim ara ne sɛ, ɔbaa no yɛɛ nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no; ɔkum Sisera!Atemmufoɔ 4:18-21; 5:24-27.

Akyiri yi Barak bɛbisaa Sisera ase. Bere a Yael ka kyerɛɛ Barak sɛ Sisera na wawu da hɔ a pɛɛwa tua n’asontɔrem no, ɔhuu sɛ Debora nkɔmhyɛ no aba mu. Ɔbaa na akum Sisera, ɔdɔmmarima kokodurufo no! Ɛnnɛ, wɔn a wɔgye asɛm yi ho akyinnye no mmɔ Yael din pa, nanso Barak ne Debora deɛ, na wɔnim sɛ ɔyɛ onipa pa. Dwom a wɔhyehyɛe no mu no, Onyankopɔn honhom kaa wɔn ma wɔyii Yael ayɛ sɛ, “wɔbɛhyira no mmaa mu” wɔ n’akokoduru ho. (Atemmufoɔ 4:22; 5:24) Hyɛ su a Debora daa no adi no nsow. Anyɛ no yaw sɛ wɔyii Yael ayɛ; mmom no, nea na ɛhia no ara ne sɛ wama Yehowa asɛm aba mu.

Seesei a Sisera nni hɔ no, na Ɔhene Yabin aprɛ abubu anaa ne tumi asã. Afei deɛ, na Kanaanfo nhyɛso no aba awiei. Israelfo nyaa asomdwoe mfe 40. (Atemmufoɔ 4:24; 5:31) Hwɛ sɛnea Yehowa Nyankopɔn hyiraa Debora, Barak, ne Yael sɛ wɔnyaa ne mu gyidi! Sɛ yɛsuasua Debora gyidi na yɛde akokoduru gyina Yehowa afã, na yɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔn nso yɛ saa a, Yehowa bɛhyira yɛn ma yɛadi nkonim; ɔbɛma yɛanya asomdwoe daa.

^ nky. 7 Adiyifo mmaa afoforo a wɔka wɔn ho asɛm nso ne Miriam, Hulda, ne Yesaia yere.Exodus 15:20; 2 Ahemfo 22:14; Yesaia 8:3.

^ nky. 9 Debora dwom no ma yɛhu sɛ sɛ Sisera kɔko na ɔreba a, na ɔde asade ba, na mpɛn pii no na mmabaa ka asade no ho; ɛtɔ da a asraafo no mu biara tumi nya boro ɔbaa baako. (Atemmufoɔ 5:30) Nea asɛmfua “ababaa” a wɔde dii dwuma no kyerɛ ankasa ne “awotwaa.” Saa asɛm no ma yɛhu sɛ ɔbaa ne ɔbarima nna titiriw nti na na mmaa no som bo ma wɔn. Ɛbɛtumi aba sɛ na mmonnaato abu so.

^ nky. 17 Wɔka ɔko yi ho asɛm mprenu wɔ Bible mu. Ɛpue wɔ abakɔsɛm a ɛwɔ Atemmufoɔ ti 4 ne dwom a Debora ne Barak hyehyɛe a ɛwɔ ti 5 no mu. Nsɛm no mmienu nyinaa ho hia ɛfiri sɛ nea ampue wɔ ti 4 no mu no, ɛpue wɔ ti 5 no mu.