Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SUASUA WƆN GYIDI

“Wɔnam Nnwuma so Buu No Bem”

“Wɔnam Nnwuma so Buu No Bem”

FA W’ADWENE bu sɛ ade akye anɔpatutuutu na Rahab de n’ani afa ne mpomma mu rehwɛ Yeriko asase pradadaa no so. Ná Israel asraafo aboaboa wɔn ho ano wɔ hɔ rebɛtow ahyɛ Yerikofo so. Asraafo no fii ase sɛ wɔretwa kurow no ho ahyia; bere a wɔnam nyinaa na wɔn nan ase retwa mfuturu, na na wɔrehyɛn mmɛn denneennen nso.

Yeriko yɛ Rahab kurom; ná onim tokuru biara mu; gua akɛse ne nketewa biara nni hɔ a na onnim. Kurom hɔfo koraa na na onim wɔn kɛse. Enti bere a Israelfo gu so retwa kurow no ho hyia pɛnkoro da biara no, Rahab hui sɛ ehu a abɔ ne kuromfo no nyɛ ketewa. Mmɛn a na asraafo no rehyɛn no gyigyee kurom hɔ baabiara maa kurom hɔfo koma tui, nanso Rahab de, wammɔ hu.

Da a ɛto so ason no, asraafo no fii ase sɛ wɔretwa kurow no ho ahyia anɔpatutuutu; ne nyinaa, na Rahab ani tua. Rahab hui sɛ Israel asɔfo ka asraafo no ho rehyɛn mmɛn. Afei nso ohui sɛ asɔfo no so apam adaka a ɛkyerɛ sɛ wɔn Nyankopɔn Yehowa ka wɔn ho. Ná Rahab mpomma hwɛ Yeriko fasu no akyi, na fa w’ani bu sɛ hama kɔkɔɔ bi sɛn mpomma no ano na ne nsa da so. Sɛ Rahab hwɛ hama kɔkɔɔ no a, ɛkae no sɛ, sɛ kurow no sɛe a, ɔwɔ anidaso sɛ ɔne n’abusuafo benya wɔn ti adidi mu. Eyi kyerɛ sɛ na Rahab yɛ ɔmammɔfo anaa? Yehowa amfa no saa koraa; ohuu Rahab sɛ ɔbea a ne gyidi so paa. Sɛn na Rahab asɛm no fii ase? Momma yɛnkɔhwɛ na yenhu nea yebetumi asua afi ne hɔ.

AGUAMAN RAHAB

Ná Rahab yɛ aguaman. Saa asɛm yi ama Bible adwenkyerɛfo binom ho adwiriw wɔn paa ma enti nea wɔka ne sɛ ahɔhodan na na Rahab hwɛ so, na ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ aguaman. Nanso Bible de, ɛnyɛ katasomuamuaso; awae asɛm no anim ama yɛn. (Yosua 2:1; Hebrifo 11:31; Yakobo 2:25) Kanaanfo mu de, na Rahab adwuma no nyɛ aniwu. Nanso sɛ nnipa dodow gye biribi tom a, ɛnkyerɛ sɛ eye, efisɛ Yehowa ama yɛn nyinaa ahonim, na sɛ yɛyɛ biribi a enye a etumi bu yɛn fɔ. (Romafo 2:14, 15) Ebetumi aba sɛ Rahab tee nka paa sɛ ɔrebɔ ahohwibra. Nnipa a ɛnnɛ wɔbɔ saa bra no, pii adwene yɛ wɔn sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ wɔ wɔn tebea no ho, na ebia Rahab nso adwene yɛɛ no sɛ wanyɛ saa adwuma no a, ɔrennya hwee nyɛ mfa nhwɛ n’abusua.

Yebetumi aka sɛ Rahab nyae a, anka n’abrabɔ sesae. Ná awudi ne brabɔne ahyɛ ne kurom hɔ ma twom; ná ebinom ne wɔn abusuafo ne mmoa mpo da. (Leviticus 18:3, 6, 21-24) Ɔsom a na ɛwɔ kurom hɔ no ka ho bi paa na saa nneɛma bɔne no kɔɔ so, efisɛ na aguamammɔ ka wɔn som ho, na na wɔhyew wɔn mma animono ma wɔn abosom te sɛ Baal ne Molek.

Nea ɛkɔɔ so wɔ Kanaan nyinaa, na Yehowa ani tua. Nneyɛe bɔne pii a na ɛrekɔ so wɔ Kanaan no nti, Yehowa kae mpo sɛ: “Asase no so agu fĩ, na mede ne bɔne ho asotwe bɛba ne so, na ɛbɛfe ɛso nnipa agu.” (Leviticus 18:25) Dɛn ne “bɔne ho asotwe” a ɛbaa wɔn so no? Bɔhyɛ a Onyankopɔn  de maa Israel ne sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn bɛpam aman yi afi w’anim nkakrankakra.” (Deuteronomium 7:22) Ná Yehowa adi kan ahyɛ Abraham asefo bɔ sɛ ɔde saa asase no bɛma wɔn, na yenim sɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’Tito 1:2; Genesis 12:7.

Nanso, na Yehowa asan aka sɛ asase no so aman bi de, ɔbɛpopa wɔn afi hɔ koraa. (Deuteronomium 7:1, 2) Yehowa ne “asase nyinaa temmufo,” enti, na wahwɛ wɔn komam ahu sɛ awudisɛm ne ɔbrasɛe adidi wɔn mu. (Genesis 18:25; 1 Beresosɛm 28:9) Sɛ wone Rahab na wote kurow a ɛrebɛdan abutuw yi mu a, anka wobɛte nka sɛn? Bere a Rahab tee Israelfo ho asɛm no, yennim sɛnea ɔtee nka. Onyankopɔn nkurɔfo a na Egyptfo de wɔn ayɛ nkoa mu nkoa no, Rahab tee sɛ Onyankopɔn agye wɔn ama wɔadi Egypt asraafo akukudam a na wɔwɔ wiase saa bere no so nkonim. Seesei de, Yerikofo na Israelfo adu wɔn so! Yɛreka yi, na kurom hɔfo nte gyae; bɔne no ara na wogu so denneennen. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Rahab kuromfo Kanaanfo no, Bible frɛ wɔn “asoɔdenfo.”Hebrifo 11:31.

Rahab de, na ɔnte sɛ ne kuromfo no. Ná wate Israelfo ne wɔn Nyankopɔn Yehowa ho nsɛm mfe pii, enti ɛbɛyɛ sɛ odwinnwen saa nsɛm no ho. Ná Yehowa nte sɛ Kanaanfo anyame no koraa! Efisɛ ɔno de, ɔmfa n’asomfo nyɛ adapaade ngu wɔn ho fĩ; mmom no, ɔko ma wɔn, na ɔma wɔbɔ bra pa. Israelfo Nyankopɔn no de, obu mmaa paa; ommu wɔn sɛ ɛsɛ sɛ mmarima tɔ wɔn gyigye wɔn ani, nkurɔfo tɔn wɔn anaa wɔde wɔn yɛ adapaade wɔ ɔsom mu. Bere a Rahab tee sɛ Israelfo abetwa mpasua wɔ Yordan agya, na wɔrebɛtow ahyɛ Yeriko so no, ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ asɛnkɛse paa na ɛrebɛto ne kuromfo no. Yehowa huu Rahab ne adepa a ɛwɔ ne mu no anaa?

Ɛnnɛ, yɛwɔ nnipa pii a wɔte sɛ Rahab. Wɔakɔhyɛ tebea bi mu ama nidi ne anigye abɔ wɔn na ɛma wɔte nka sɛ obiara mmu wɔn ho akontaa. Rahab asɛm no ma yenya awerɛkyekye sɛ Onyankopɔn de, odwen obiara ho. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛnsɛ hwee mpo a, Onyankopɔn ma yehu sɛ “ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Asomafo Nnwuma 17:27) Ɔbɛn yɛn; wayɛ krado, na wayi ne yam sɛ wɔn a wonya gyidi wɔ ne mu nyinaa, ɔbɛma wɔanya anidaso. Rahab nyaa ne mu gyidi anaa?

OGYEE AKWANSRAFO NO

Ansa na Israelfo no retwa Yeriko ho ahyia no, da koro, Rahab wɔ fie ara na ahɔho baanu bi baa hɔ. Sɛ mmarima baanu no adwene yɛɛ wɔn sɛ obiara anhu sɛ wɔrewura kurom hɔ a, ɛnde wɔboa, efisɛ na ehu atɔ kurom hɔfo so, enti na obiara de n’ani ato fam rehwɛ sɛ Israel akwansrafo bi bɛba hɔ anaa. Ɛbɛyɛ sɛ na Rahab hwɛ ade kɔ akyiri paa, enti, na wahu baabi a wofi dedaadaw. Ɛwom sɛ na mmarima mpa ne fie hɔ de, nanso mmarima baanu yi de, ɛnyɛ aguaman nti na wɔbaa hɔ na mmom baabi a wobenya ada ntia.

Ná mmarima baanu no yɛ akwansrafo a wofi Israel nsraban mu. Israelfo sahene Yosua na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔhwɛ sɛnea Yerikofo ahoɔden te.  Kanaanfo kurow a na wɔabɔ ho ban paa ne Yeriko, na ɛno ne Kanaanfo kurow a edi kan a na Israelfo rebɛsɛe no. Ná Yosua pɛ sɛ ohu nea ɛda wɔn anim. Ɛbɛyɛ sɛ akwansrafo no hyɛɛ da na wɔkɔɔ Rahab fie. Aguaman fie de, nnipa dodow a wodi hɔ ahyemfiri nti, ebia obiara adwene mma ahɔho no so mpo. Ebetumi nso aba sɛ na akwansrafo no rehwɛ sɛ ebia nkurɔfo nkɔmmɔ bi betwa wɔn asom ama wɔanya amanneɛbɔ bi de akɔ.

Bible ka sɛ Rahab ‘gyee abɔfo no fɛw so.’ (Yakobo 2:25) Ebetumi aba sɛ ɔhwɛ ahɔho no a, na otumi hu baabi a wofi ne nea enti a wɔaba hɔ, nanso wampam wɔn. Ebia na ɔpɛ sɛ ɔte wɔn Nyankopɔn, Yehowa no ho nsɛm pii.

Nanso, wɔwɔ hɔ ara na Yeriko hene tuu abɔfo baa hɔ. Ná wɔate sɛ Israel akwansrafo bi abɛhyɛ Rahab fie. Dɛn na Rahab bɛyɛ? Sɛ ɔde ahɔho no sie a, wunnye nni sɛ na ɔrefrɛfrɛ asɛm ama ɔne ne fiefo nyinaa? Anka Yerikofo nkunkum ne fiefo nyinaa sɛ ɔde atamfo asie anaa? Sɛ na Rahab nnim mpo a, afei de na wahu baabi pɔtee a ahɔho no fi. Sɛ na onim dedaw sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ tumi sen ne nyame a, wunhu sɛ saa bere yi de, na wanya kwan a ɔde bɛkyerɛ sɛ ogyina Yehowa afã?

Rahab faa adwene ntɛm. Ná wahata asaawa nnua wɔ ne dan atifi, enti ntɛm ara na ɔmaa akwansrafo no kɔhyɛɛ hɔ. Ɔka kyerɛɛ ɔhene abɔfo no sɛ: “Ampa, mmarima no baa me nkyɛn, nanso minnim baabi a wofi. Na esum durui a wɔrebɛto pon mu no, mmarima no fii adi, nanso minnim baabi a wɔfae. Monyɛ ntɛm ntiw wɔn na mobɛto wɔn.” (Yosua 2:4, 5) Fa w’ani bu sɛ Rahab rehwɛ ɔhene abɔfo no anim. Ebetumi aba sɛ na osuro sɛ wobehu wɔ n’anim sɛ asɛm no atɔ ne so.

Rahab de ne nkwa too ne nsam de Yehowa asomfo baanu siee asaawa nnua mu

Wogyee n’asɛm no dii! Ɔhene nkurɔfo no de mmirika de wɔn ani kyerɛɛ Yordan asutwaree. (Yosua 2:7) Bere a wofii fie hɔ no, hwɛ sɛnea Rahab ho bɛtɔ no. Ná ɔhene nkurɔfo a adwemmɔne aba wɔn tirim no nni kwan sɛ wohu asɛm no mu nokware, enti Rahab de nyansakwan daadaa wɔn de gyee Yehowa asomfo anokwafo no nkwa.

Rahab tuu mmirika kɔɔ soro hɔ kɔkaa nea asi kyerɛɛ akwansrafo baanu no. Afei nso ɔma wohuu biribi a ɛho hia paa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ atamfo a wɔrebɛtow ahyɛ ne kuromfo so nti, ehu abubu wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no maa akwansrafo no ani gyei paa. Enti, na Israel Nyankopɔn Yehowa no tumi ama Kanaanfo amumɔyɛfo no abɔ hu. Afei Rahab kaa asɛm bi a yɛn nso ɛho hia yɛn paa. Ɔkae sɛ: “Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.”  (Yosua 2:11) Nsɛm a na wate afa Yehowa ho no, na ɛno ara dɔɔso ma no sɛ ɔde ne ho bɛto Israel Nyankopɔn no so. Enti onyaa Yehowa mu gyidi.

Rahab de, na onim sɛ nea ɛbɛyɛ biara Yehowa bɛma ne nkurɔfo adi nkonim. Enti ɔsrɛɛ akwansrafo no sɛ ɛyɛ a wonhu no mmɔbɔ na wɔnkora ɔno ne n’abusuafo nkwa so. Akwansrafo no penee so na wɔka kyerɛɛ Rahab sɛ ɔnnka asɛm no nnkyerɛ obiara. Ná Rahab fie wɔ kurow no fasu so, enti akwansrafo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa hama kɔkɔɔ nsɛn ne mpomma ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkora ɔne n’abusuafo nkwa so.Yosua 2:12-14, 18.

Yebetumi anya asuade kɛse bi afi Rahab gyidi no mu. Bible ka sɛ “gyidi nam nea wɔte so.” (Romafo 10:17) Ɔtee Yehowa Nyankopɔn tumi ne n’atɛntrenee ho nokwasɛm, na ɛno ma onyaa ne mu gyidi de ne werɛ hyɛɛ ne mu. Ɛnnɛ mpo de, Yehowa ho nimdeɛ a yebetumi anya no dɔɔso sen saa bere no. Yɛn nso, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sua ne ho ade pii fi n’Asɛm Bible mu na ama yɛanya ne mu gyidi?

ƆFASU A EGYINA NE NNAN SO DWIRIW GUI

Akwansrafo no tiee nea Rahab kae no, enti ɔde hama sɛn ne mpomma ano ma wɔfaa ho yɛɛ nkakrankakra sii fam de wɔn ani kyerɛɛ mmepɔw no so. Ná abodan pii wɔ Yeriko atifi fam mmepɔw no mu, enti, na akwansrafo no betumi anya baabi ahintaw akosi sɛ emu bedwo ama wɔasan akɔ Israelfo nsraban no mu de amanneɛbɔ pa a wonya fii Rahab hɔ no akɔbɔ wɔn.

Rahab nyaa Israel Nyankopɔn mu gyidi

Akyiri yi, sɛ Yerikofo te sɛ Yehowa ayɛ anwonwade apae Yordan Asubɔnten no mu ama Israelfo afa mu a, ɛbɛma ehu no ayɛ kɛse. (Yosua 3:14-17) Rahab de, sɛ ɔte saa asɛm no a, ɛbɛhyɛ no den sɛ watu anammɔn pa sɛ wanya Yehowa mu gyidi.

Afei Israelfo na wɔretwa Yeriko kurow no ho hyia yi! Da biara na wotwa kurow no ho hyia pɛnkoro; wɔyɛɛ saa toaa so nnansia. Da a ɛto so ason no de, na ɛyɛ soronko. Sɛnea yɛadi kan aka no, asraafo no fii ase twaa kurow no ho hyiae anɔpatutuutu, na bere a wotwaa kurow no hyiae biako no, wɔannyae; wotwaa ho hyiae mpɛn pii. (Yosua 6:15) Dɛn na na Israelfo reyɛ yi?

Afei, da a ɛto so ason a wotwaa kurow no ho hyiaa mpɛn ason wiei no, asraafo no gyinae. Wogyaee abɛn no bɔ, na ɛhɔ tɛm dinn. Ɛbɛyɛ sɛ na kurom hɔfo abɔ nnyennyan. Efi bere a wotwaa kurow no ho hyiae nyinaa, na Israelfo no nkasae, afei de Yosua ka kyerɛɛ asraafo no sɛ wɔmma wɔn nne so; enti wɔteɛɛm denneennen. Awɛmfo a wɔwɔ Yeriko fasu so no, sɛ wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ ɛnyɛ nteɛteɛm na wɔde kɔ ko a, ɛnde wɔn nsa sii fam, efisɛ ankyɛ na afasu akɛse a wogyinagyina so no fii ase wosow biribiribiri. Afei nea wɔtee ara ne bumm! Biribiara dwiriw guu fam. Nanso bere a ɔfasu no dwiriw gui a akyi dwoe no, ɔdan biako de, na egyina nea egyina. Rahab gyidi nti ne dan no nko ara ne dan a ɛho anka. Hwɛ sɛnea n’ani begye sɛ Yehowa abɔ ne ho ban! * Ne busuani biara ho antɔ kyima!Yosua 6:10, 16, 20, 21.

Rahab gyidi nti, Yehowa nkurɔfo nso hwɛ dii no ni. Bere a wohui sɛ aka ɔno nko ara fie si hɔ no, wohui sɛ ampa ara Yehowa taa n’akyi. Atemmu a ɛbaa kurow no so no, ebi anka Rahab ne ne fiefo. Ɔko no akyi no, wɔmaa Rahab bɛtenaa baabi a ɛbɛn Israelfo no. Bere bi akyi no, Rahab bɛkaa Yudafo no ho, na ɔwaree barima bi a wɔfrɛ no Salmon. Wɔwoo ɔbabarima too ne din Boas, na onyin bɛyɛɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi kɛse, na ɔwaree Moabni Rut. * (Rut 4:13, 22) Saa gyidifo abusua yi mu na Ɔhene Dawid fi bae. Saa abusua no ara mu na akyiri yi Yesu Kristo, Mesia no, nso fi bae.Yosua 6:22-25; Mateo 1:5, 6, 16.

Rahab asɛm no ma yehu sɛ Yehowa bu obiara sɛ ne ho hia. Yehowa hu yɛn mu biara, ɔhwehwɛ yɛn komam, na sɛ ohu sɛ yɛwɔ gyidi kakra te sɛ nea ɛkanyan Rahab no a, ɛma n’ani gye paa. Rahab tuu ne gyidi ho anammɔn. Bible ka sɛ “wɔnam nnwuma so buu no bem.” (Yakobo 2:25) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa sɛ yebesuasua ne gyidi!

^ nky. 27 Nhyehyɛe a akwansrafo baanu no ne Rahab yɛe no, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ adwuma.

^ nky. 28 Wopɛ sɛ wusua Rut ne Boas ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi” a ɛbaa July 1 ne October 1, 2012 Ɔwɛn-Aban mu no.