Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Brazil

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Brazil

MFE bi a atwam no, onuawa bi a wɔfrɛ no Rúbia, a seesei wadi mfe 30 kɔsraa Sandra, a ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ asafo ketewa bi mu wɔ Brazil anafo fam. Rúbia wɔ hɔ no, biribi sii ma ɛkaa ne koma paa, na ɛsesaa n’asetena. Dɛn na esii? Yɛmma Rúbia ankasa mmɔ yɛn mu ɛ.

“ASƐM YI MAA ME HO DWIRIW ME”

Rúbia kae sɛ: “Sandra ne me kɔɔ ɔbea bi a na ɔne no sua Bible hɔ. Bere a yɛresua ade no, ɔbea no ka twaam sɛ: ‘Sandra, mmabaa baasa wɔ m’adwumam a wɔpɛ sɛ wosua Bible, nanso minim sɛ afe yi de nnipa gu wo so, enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ gye sɛ wɔtwɛn kosi sɛ ebedu wɔn so.’ Asɛm yi maa me ho dwiriw me. Ampa ara sɛ nkurɔfo ani abere sɛ wobesua Yehowa ho ade a, wose wɔntwɛn kosi sɛ  ebedu wɔn so ansa! Baabi a mifi bae de, onipa biako a menya no ne no asua ade mpo na ɛyɛ den. Enti Bible suani no fie hɔ ara na ɛkaa me koma ma misii gyinae sɛ mɛboa nnipa a wɔwɔ ne kurow ketewa no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mitu fii kurow kɛse a mete mu no kɔɔ baabi a Sandra yɛ akwampae adwuma no.”

Nneɛma kɔɔ dɛn maa Rúbia? Ɔkae sɛ: “Mitu kɔɔ hɔ no, asram abien a edi hɔ no ara minyaa nnipa 15 ne wɔn suaa Bible. Ampa-ne-ampa ara me na afei nkurɔfo gu me so a wɔretwɛn ma me ne wɔn asua ade te sɛ Sandra yi!”

BIRIBI KAA NO MA ƆSAN SUSUW NE SOM ADWUMA HO

Onua bi a wɔfrɛ no Diego, a seesei wadi mfe 20 ne kakra kɔsraa akwampaefo bi wɔ Prudentópolis. Ɛyɛ kurow ketewa bi wɔ Brazil anafo fam. Ɛhɔ a ɔkɔe no boa no paa; nokwasɛm ni, ɛkaa no ma ɔsan susuw ne som adwuma ho. Ɔkae sɛ: “Ná menenam asafo no mu; ɔsram biara na makɔ asɛnka nnɔnhwerew abien bi. Nanso bere a mekɔsraa saa akwampaefo no, wɔkaa wɔn suahu kyerɛɛ me, na sɛ mede anigye a wɔde yɛ ɔsom adwuma no toto sɛnea meyɛ me de biara-biara no ho a, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mikentene me ho. Mitumi hu sɛ wɔn ani gye paa, na me yam a anka mete sɛ wɔn.” Diego fi hɔ kɔe no, ɔno nso kɔyɛɛ akwampae adwuma.

Woyɛ Ɔdansefo aberante anaa ababaa a wokɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam ahorow nanso wuhu sɛ womfa anigye ne ahokeka nyɛ ɔsom adwuma no, na mmom woyɛ no biara-biara te sɛ Diego? Sɛ saa na wuhu no a, wubetumi ayɛ nsakrae akɔsom wɔ baabi a Ahenni adawurubɔfo nnɔɔso ma wo nso w’ani agye anaa? Ebia ɛrenyɛ mmerɛw mma wo sɛ wubetu afi baabi a wo ho dwo wo na wunya biribiara a wopɛ. Nanso mmerante ne mmabaa pii ayɛ saa. Wɔde botae a esisi wɔn ani so ne nneɛma a wɔn ani gye ho ato baabi na wɔatumi asom Yehowa yiye. Obi a ɔno nso ayɛ saa ne Bruno; ma yɛnhwɛ n’asɛm no.

ODWONTOFO KUKUDAM ANAA ONYANKOPƆN SOMFO?

Mfe bi a atwam no, Bruno, a seesei wadi mfe 28 kɔɔ sukuu bi a agye din kosuaa nnwonto. Ná ne botae  ne sɛ obedi nnwontofo kuw bi anim. Nokwasɛm ni, na ɔbɔ mmɔden paa, enti na ɛtɔ da bi a wɔma odi nnwontofo kuw bi anim. Ná anka Bruno bɛba abɛyɛ odwontofo kukudam nanso ɔkae sɛ: “Mihui sɛ na biribi atoto wɔ m’asetenam. Ná mahyira me ho so ama Yehowa nanso me ara mihui sɛ ɛnyɛ m’ahoɔden nyinaa na mede resom no, na eyi haw me. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu, na me ne anuanom a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu bɔɔ ho nkɔmmɔ. Misusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri, na misii gyinae sɛ mede nnwonto no bɛto nkyɛn na mahwɛ m’anim ayɛ ɔsom adwuma no. Enti migyaee nnwonto sukuu no kɔsomee wɔ baabi a Ahenni adawurubɔfo nnɔɔso koraa.” Gyinae a osii no kowiee dɛn?

Bruno tu kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Guapiara; (nnipa bɛyɛ 7,000 na wɔwɔ hɔ). Efi hɔ kɔ São Paulo yɛ kilomita 260 (akwansin 160). Ná ɛyɛ nsakrae kɛse. Ɔkae sɛ: “Mekɔtenaa ofie ketewa bi mu; na frigye ne TV nni hɔ, na Intanɛt de, menna nka mpo. Nanso na biribi foforo wɔ fie hɔ a minnyaa bi da—na atosode ne nnuaba afuw wɔ afikyiri hɔ.” Bere a Bruno resom wɔ asafo ketewa a ɛwɔ hɔ mu no, dapɛn biara na oyi da koro kɔka asɛm no wɔ nkuraase. Sɛ ɔrekɔ a na ɔde aduan, nsu, ne nhoma hyɛ ne bag mu to ne moto akyi. Ná nnipa pii ntee asɛmpa no da wɔ mpɔtam hɔ. Ɔkae sɛ: “Me ne nnipa 18 suaa Bible. Sɛ mehwɛ nsakrae a saa asuafo yi yɛe a, ɛma m’ani gyei paa!” Ɔde kaa ho sɛ: “Saa bere no na mihuu nea na atoto wɔ m’asetenam no. Ɛne sɛ na memfa Ahenni nneɛma nni kan. Nanso seesei a mama Ahenni nneɛma ho ahia me no, manya akomatɔyam kɛse. Sɛ midii wiase ahonyade akyi a, anka merennya akomatɔyam saa.” Adwuma bɛn na Bruno yɛ de hwɛɛ ne ho wɔ Guapiara? Ɔserew kae sɛ: “Mekyerɛɛ nkurɔfo sanku bɔ.” Ɔkwan bi so no, na ɔda so ara yɛ odwontofo kukudam.

“NEA NA ƐSƐ SƐ MEYƐ ARA NE SƐ MƐTENA HƆ”

Mariana, a seesei a ɔrekonya mfe 30 no nso tebea te sɛ Bruno de no ara pɛ. Ná ɔyɛ lɔyani, nanso adwuma a na sika wom yi nyinaa akyi no, na onni akomatɔyam ankasa. Ɔkae sɛ: “Metee nka sɛ meredi ‘adehunu akyi.’” (Ɔsɛnk. 1:17) Anuanom pii hyɛɛ no nkuran sɛ onsusuw akwampae adwuma ho.  Mariana susuw ho, na ɔne ne nnamfo a wɔfrɛ wɔn Bianca, Caroline, ne Juliana, twaa kwansin mpempem pii kɔboaa asafo bi a ɛwɔ Barra do Bugres. Ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Bolivia. Wɔkɔe no, dɛn na esii?

Mariana kae sɛ: “Ná m’adwene ne sɛ merekotwa asram abiɛsa. Nanso bere a asram abiɛsa no soe no na me ne nnipa mmiako mmiako 15 na esua Bible! Ná asuafo no hia mmoa pii na wɔatumi anya nkɔso wɔ nokware no mu. Enti mantumi anhwɛ wɔn anim anka ankyerɛ wɔn sɛ merefi hɔ akɔ. Nea na ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛtena hɔ.” Enti anuanom mmea baanan yi nyinaa tenaa hɔ. So Mariana adwuma foforo yi kɔɔ yiye maa no? Ɔkae sɛ: “Yehowa nam me so reboa nkurɔfo ma wɔasesa wɔn asetena, na ɛno ma me koma tɔ me yam. Seesei mede me bere ne m’ahoɔden reyɛ biribi a mfaso wɔ so paa, na ɛyɛ nhyira.” Caroline kaa asɛm bi a ɛma yehu sɛnea anuanom mmea baanan no nyinaa te nka. Ɔkae sɛ: “Sɛ edu anadwo na mekɔ mpa so a, mihu sɛ me koma atɔ me yam paa efisɛ mikum me ho yɛ Ahenni no ho adwuma. Nea midwen ho wɔ asetenam ara ne sɛ mɛboa me Bible asuafo. Mihu sɛ wɔrenya nkɔso a, na m’ani agye. Mahu sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware ampa: ‘Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye.’”—Dw. 34:8.

Sɛ Yehowa hu sɛ anuanom mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ wiase baabiara ‘atu wɔn ho ama koraa’ reka n’Ahenni no ho asɛmpa wɔ nkuraase a, ne koma tɔ ne yam paa! (Dw. 110:3; Mmeb. 27:11) Saa anuanom yi nyinaa nya Yehowa nhyira pii.—Mmeb. 10:22.