Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Menyaa Anidasoɔ Berɛ Pa Mu

Menyaa Anidasoɔ Berɛ Pa Mu

Mehunuiɛ ara na m’anim butu nsuo mu. Meyɛɛ sɛ merepagya me ti ahome nanso na me kɔn ayɛ titiritii. M’akoma tuiɛ, enti meyɛɛ sɛ meredane me ho nanso na me nsa ne me nan nyinaa adwodwo. Nsuo firii aseɛ kɔɔ me mu. Esum duruu me saa da no. Asɛm yi sii afe 1991; na ɛyɛ ahuhuro berɛ.

YƐWOO me Szerencs kuro mu, na yɛtetee me akuraa bi a yɛfrɛ no Tiszaladány; ɛwɔ Hungary atifi apueɛ. June 1991 mu no, me ne me nnamfo bi kɔɔ Tisza Asubɔntene no ho baabi. Ná m’adwene yɛ me sɛ nsuo no mu dɔ, enti metoo me ho too mu. Nanso sɛɛ na ɛhɔ nnɔ koraa. Enti me kɔn wɔɔ hɔ maa me kɔn mu nnompe mmiɛnsa bubuiɛ, na ɛkaa m’akyi berɛmo. M’adamfo baako hunuu sɛ meda hɔ kagyaa, enti ɔmaa me so firii nsuo no mu. Anyɛ saa a, anka nsuo no de me kɔeɛ.

Ná m’ani gu so, na na me wedeɛ mu nyɛ me yie koraa. Obi frɛɛ atoyerɛnkyɛm berɛ mu aboafoɔ, na wɔde helikopta bɛfaa me kɔɔ ayaresabea maa adɔkotafoɔ yɛɛ oprehyɛn wɔ m’akyi berɛmo mu. Akyire yi yɛyii me kɔɔ ɔman no ahenkuro Budapest kɔhwɛɛ me yareɛ. Medaa ayeya saa ara abosome mmiɛnsa. Ná metumi ma me ti so, nanso ɛfiri m’abati kɔ me nan ase deɛ, na adwodwo. Medii mfie 20 no, na mentumi nyɛ hwee; mɛsi o, mɛda o, gye sɛ nkurɔfoɔ. Me werɛ hoeɛ araa ma na mepɛ sɛ mewu firi wiase.

Berɛ a yɛyii me kɔɔ fie no, m’awofoɔ kɔgyee nteteeɛ a wɔde bɛhwɛ me. Nanso na adwuma no retwe wɔn mu, na na wɔayɛ basaa. Afe baako akyi no, anka mereyɛ anya adwenemyareɛ. Ɛduruu hɔ no, yareɛ no ho animdefoɔ ne me kasaeɛ enti na mensu me ho mmɔbɔ bio.

Bio nso metenaa ase dinn dweneeɛ. Mebisaa me ho sɛ, Yɛbɛyɛɛ dɛn koraa wɔ wiase? Ɛyɛɛ dɛn koraa na atoyerɛnkyɛm a ɛte sei too me? Mekanee nwoma ahodoɔ hwɛɛ sɛ mɛnya mmuaeɛ anaa. Afei nso mekanee Bible nanso na mente aseɛ, enti mankan bio. Me ne sɔfoɔ bi mpo bɔɔ ho nkɔmmɔ nso mannya asɛmpa biara amfiri ne hɔ.

Mekae sɛ 1994 mu, Yehowa Adansefoɔ mmienu bi baa me papa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra me hɔ. Wɔka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ asase yi paradise na ɔbɛyi yareɛ ne amanehunu ne abɛbrɛsɛ nyinaa afiri so. Meyɛɛ dinn tiee wɔn. Asɛm a wɔka kyerɛɛ me no, na aba wom nanso na mennye nni papa biara. Nanso megyee nwoma mmienu deɛ. Mekan nwoma no wieeɛ no, Adansefoɔ no kaa sɛ wɔne me bɛsua Bible na mepenee so. Wɔsan ka kyerɛɛ me sɛ, ɛyɛ a memmɔ mpaeɛ.

Mebɛhunuu sɛ Onyankopɔn dwene me ho paa

Berɛ a yɛgu adesua no so no, nsɛm a na ɛha me nyinaa, menyaa ho mmuaeɛ firii Bible mu. Mebɛhunuu sɛ Onyankopɔn dwene me ho paa. Mesuaa adeɛ mfie mmienu, na mebɔɔ asu September 13, 1997. Yɛbɔɔ me asu bath mu wɔ me fie. Saa da no, m’ani gyee yie!

Metu kɔtenaa Budapest mmubuafoɔ fie afe 2007 mu. Ɛhɔ a mekɔtenaeɛ no, abue kwan ama maka nneɛma a masua no bi akyerɛ nnipa bebree. Mewɔ mmubuafoɔ moto bi a mede m’abɔdwe na ɛtwi. Da a wiem bɛte no, metumi de kɔ abɔnten kɔka asɛm no bi kyerɛ nkurɔfoɔ.

Ná abusua bi wɔ asafo no mu a biribi wɔ wɔn nsam. Agya, wɔn adaworomma na me nsa kaa kɔmputa bi a mede me ti bɔ. Anuanom kɔ asɛnka a, wɔn a wɔanto wɔn fie no, ɛyɛ a wɔde wɔn telefon nɔma ne adeɛ brɛ me. Kɔmputa no nti, metumi frɛ wɔn telefon so, twerɛtwerɛ nkrataa kɔdi wɔn adanseɛ. Deɛ meyɛ no ama kwan a me ne nkurɔfoɔ di nkitaho akɔ nkan; aboa ama me werɛ afiri me yareɛ mpo.

Mede adeɛ bi ahyɛ me ti; ɛboa ma metumi de me ti bɔ kɔmputa de ka Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfoɔ wɔ Intanɛt so

Metumi kɔ Kristofoɔ nhyiamu mpo. Sɛ meduru Ahennie Asa so a, anuanom pagya me wɔ mmubuafoɔ moto no mu bɔkɔɔ de me kɔ baabi a yɛbɛyɛ adesua no. Sɛ adesua no rekɔ so na sɛ atiefoɔ rema mmuaeɛ a, onua a ɔte me nkyɛn no pagya ne nsa ma me. Afei ɔsɔ me Bible anaa nwoma a yɛresua no mu ma me na ama matumi akasa.

Da biara me ho yɛ me ya enti nkurɔfoɔ na ɛyɛ biribiara ma me, ɛno nti ɛtɔ da a na me werɛ aho. Yehowa Nyankopɔn a mafa no adamfoɔ nti, ɔma me awerɛkyekyerɛ ɛfiri sɛ menim sɛ meka m’asɛm kyerɛ no a, ɔtie. Bio nso Bible a mekan no daa, ne me nuanom mmaa me mmarima hyɛ me den. Ayɔnkofa a ɛda me ne anuanom ntam, wɔn awerɛkyekyerɛ ne wɔn mpaebɔ nti adwendwene nna me so na awerɛhoɔ nhyɛ me so.

Berɛ a mehia awerɛkyekyerɛ biara no, Yehowa de ma me. Wama manya anidasoɔ nso sɛ mɛnya apɔmuden a ɛdi mu wɔ wiase foforɔ mu. Enti m’ani da so sɛ berɛ bi bɛba a ‘mɛhuri agyina anante, na mayi Onyankopɔn ayɛ.’Asomafoɔ Nnwuma 3:6-9.