Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | WENLONG HE

Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

WENLONG HE dii kan suaa nyansahu ho ade wɔ Suzhou wɔ Jiangsu Mantam mu wɔ China. Ɔyɛ samufo ma nhoma bi. Saa nhoma no kyerɛ nyansahu ho nimdeɛ, na wɔde kɔ aman pii so. Wakyerɛkyerɛw nkrataa bebree ama wɔatintim wɔ nyansahu nhoma mu. Seesei deɛ, Wenlong He yɛ adwuma wɔ Scotland Suapɔn a ɛwɔ Strathclyde no. Bere a ɔyɛ aberante no, na ogye di sɛ nneɛma bi na ɛdannan maa nkwa bae, nanso akyiri yi obehui sɛ Onyankopɔn na ɛbɔɔ ade. Nyan! kyerɛwfo ne no twetwee nkɔmmɔ faa ne gyidi ho.

Ka wo ho asɛm kakra kyerɛ yɛn.

Yɛwoo me afe 1963 mu wɔ China akuraa bi a ɛwɔ Yangtze Asubɔnten no anafo fam wɔ Jiangsu Mantam mu. Ɛhɔ yɛ hyew na nsuo nso tɔ hɔ, enti wodua aduan wɔ hɔ paa. Eyi nti nkurɔfo frɛ hɔ ɛmo ne nnam kurom. Bere a meyɛ akwadaa no, na metaa bisa asɛm bi sɛ: ‘Adɛn nti koraa na nnuan bebree a ɛyɛ dɛ wɔ wiase saa? Ɛno ara na ɛbae anaa? Akokɔ ne kosua koraa, nea ɛwɔ he na ɛbaa kan?’ Wokɔ China a, nnipa dodow no ara nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, enti bere a mekɔ sukuu no, wɔkyerɛɛ me sɛ ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛbɔɔ ade.

Na w’abusuafo nso ɛ?

Ná m’awofo nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ná me maame yɛ okuafo, ɛnna me papa nso yɛ dan plan, na na ɔwɔ osiadan adwuma bi. Yɛnam nkwadaa nnum; yɛn nyinaa yɛ mmarima, na mene ne piesie. Awerɛhosɛm ne sɛ, me nuanom mmienu wui. Ɛmaa me werɛ how paa, enti mibisaa me ho sɛ: ‘Adɛn nti koraa na nnipa wu? Enti mehu me nuanom no bio?’

Adɛn nti na wusuaa nyansahu?

Nea enti a misuaa nyansahu ne sɛ, abɔde a atwa yɛn ho ahyia no, ná ɛyɛ me nwonwa, enti ɛyɛɛ me sɛ misua nyansahu a, nneɛma a na mente ase me nkwadaaberem no nyinaa, mɛte ase.

Nhwehwɛmu bɛn na woyɛe?

Mepɛɛ akwan a mɛfa so ama ahoɔden aba biribi te sɛ batere mu ntɛmntɛm. Ná mepɛ sɛ ɛbɛn  sɛnea kanea hyerɛn ntɛm no. Meyɛɛ saa de suaa atɔm ho ade. Afei nso mepɛɛ kwan a mɛfa so ama hann afa nneɛma mu ntɛm te sɛ microwave ne infrared. Nhwehwɛmu no na na mididi ho, nanso ɛboaa me maa mihuu nea ɛyɛe a ɔsoro ne asase ne emu nneɛma bae.

Dɛn na ɛmaa w’ani begyee Bible ho?

Yehowa Adansefo mmienu bi baa me fie afe 1998 mu. Wɔkae sɛ wɔde Bible bebua nsɛm a mibisaa wɔn no nyinaa. Me yere Huabi a na ɔno nso yɛ nyansahu mu nhwehwɛmu no besuaa Bible no bi. Ná yenhuu Bible da, nanso afotusɛm a ɛwom no, ɛmaa yɛn ho dwiriw yɛn paa. Yehui sɛ Adansefo mmienu a wɔba yɛn nkyɛn no de Bible mmara bɔ wɔn bra ma wɔn ho tɔ wɔn. Ná wɔyɛ awiɛmfoɔ, nso wɔn ani gye. Nanso asɛm a Bible ka fa Onyankopɔn ho no maa medwenee ho bio sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi na ɔbɔɔ wiase ne emu nneɛma nyinaa anaa. Mayɛ nyansahufo yi deɛ, m’adwuma ne sɛ mɛhwehwɛ abɔde mu. Enti nsɛm a mihu fii Bible mu no, medwenee ho yiye.

Mayɛ nyansahufo yi deɛ, m’adwuma ne sɛ mɛhwehwɛ abɔde mu. Enti nsɛm a mihu fii Bible mu no, medwenee ho yiye

Enti nsɛm bɛn na wohwehwɛɛ mu?

Nea edi kan no, mihui sɛ, sɛ wuhu sɛ yɛahyehyɛ nneɛma bi gu baabi a, entumi mma sɛ ɛno ara na ɛhyehyɛɛ ne ho. Sɛnea ɛte biara no, obi na ɛhyehyɛe. Wohwɛ ɔsoro ne asase so a, wutumi hu sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, enti metee ase sɛ Ɔbɔadeɛ bi na ɛyɛe. Ade a ɛtɔ so mmienu a mihui ne sɛ, wohwɛ ɔsoro ne asase ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a, wuhu sɛ Onyankopɔn hyɛɛ da bɔe sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ne nneɛma a nkwa wom betumi atena so.

Dɛn na wuhui a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

Wohwɛ mu a, nneɛma a nkwa wom wɔ asase so nyinaa dan awia. Ahoɔden a efi awia mu no tow ba asase so. Sɛ edu asase so a, ahoɔden no mu kyekyɛ yɛ ahorow ahorow bebree. Nea entumi nkɔ akyiri koraa ne nea edi awu a yɛfrɛ no gamma rays no. Nea edi hɔ ne X-rays, ultraviolet rays, kanea hann, infrared, microwaves, na nea ɛkɔ akyiri paa ne radio waves. Nea ɛyɛ anigye wɔ ho ne sɛ awia mu ahoɔden a ebetumi apira yɛn no, biribi siw no kwan wɔ wim, na nea eye ma yɛn no deɛ, hwee nsiw no kwan enti etumi fa wim ba asase so.

Adɛn nti na saa asɛm no pem wo saa?

Nea Bible ka fa adebɔ ho ne nea ɛka fa hann ho no yɛɛ me nwonwa. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn kae sɛ: ‘Hann mmra.’ Na hann bae.” * Wohwɛ mu a, hann a efi awia mu no, kakraa bi na ɛba asase so ma yehu. Yehia hann na yɛatumi atena nkwa mu. Hann na ɛma nnua nyin; ɛno nso na ɛma yehu ade. Sɛnea hann tumi fa wim ba asase so no, yɛrentumi nka sɛ ɛno ara na ɛbae. Nea ɛyɛ nwonwa koraa ne ultraviolet rays ketewaa bi a ɛba asase so no.

Adɛn nti na ɛno yɛ wo nwonwa?

Ultraviolet rays no bi wɔ hɔ a yehia. Yehia kakra wɔ yɛn were mu na yɛatumi anya vitamin D a ɛma yɛn nnompe mu yɛ den. Ɛno ara nso na ɛbɔ yɛn ho ban na kokoram ne nyarewa bi anyɛ yɛn. Nanso sɛ ɛdɔɔso wɔ yɛn were mu a, ɛma yenya honam ani kokoram na ɛma ɛtɛ nso ba yɛn ani so. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ no no de, ultraviolet rays no kakraa bi na anka ebetumi afa wim aba asase so; kakra no ara nso na yehia. Me deɛ, ɛma migye di sɛ obi na ɛbɔɔ asase sɛ yɛntena so.

Enti nkakrankakra, me ne Huabi bɛtee ase sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ na ɔno na ɔmaa nnipa kyerɛw Bible no. Yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo afe 2005, na seesei yɛn nso yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible.