Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Apɔtorɔ a Ɔwo Fa N’anom

Apɔtorɔ a Ɔwo Fa N’anom

APƆTORƆ bi wɔ Australia a ɔwo fa n’anom. Efi afe 2002 no, na nkurɔfo adwene ne sɛ wɔn ase ahyew. Sɛ ɔto nkosua a, na wasesaw amene retwɛn sɛ ɛbɛhwane wɔ ne yam. Nkosua no di bɛyɛ nnawɔtwe nsia wɔ ne yam. Sɛ ɔhwane ne mma no a, wobefi n’anom aba no na wɔn nso ayɛ mpɔtorɔ awie.

Nea ɛbɛyɛ na nkosua no renyam wɔ ne yam no, ɛsɛ sɛ ogyae adidi na nsu a ɛma aduan yam no nso gyae ba. Ɛyɛ nkosua ne mpɔtorɔ mma a egu ne yam no ho nsu na ɛma nsu no twa.

Apɔtorɔ no tumi hwane nkosua 24 wɔ ne yam. Ebedu sɛ ɔbɛwo no, ne mma no nti na ne mu duru reyɛ ayɛ mmɔho mmienu. Ɛte sɛ ɔbea a ne mu duru yɛ Kilogram 68 a wanyinsɛn nkwadaa 24. Nkwadaa no biara mu duru yɛ Kilogram 1.8. Hwɛ sɛnea ɔbea no mu bɛyɛ duru afa! Apɔtorɔ mma no ma n’afuru yere tann ma emia n’ahrawa ma enti ebedu baabi no, gye sɛ ɔhome fa ne were mu.

Sɛ edu sɛ ɔbɛwo a, ne mma no nyinaa mma da koro. Ɔde nna dodow bi na ɛwo wɔn wie. Sɛ apɔtorɔ no hu sɛ ne ho reyɛ akam a, otumi fe wɔn nyinaa ba. Bere bi, nyansahufo bi hui sɛ apɔtorɔ bi afe ne mma nsia abom; ɔfee wɔn guu mframa mu kɔɔ akyirikyiri bɛyɛ mita 1.

Sɛnea ebinom kyerɛ no, ɔkwan a apɔtorɔ no fa so wo no, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɛyɛɛ no saa a, anka aboa no bɛsesa sɛnea ɔte ne ɔkwan a ɔfa so wo no nyinaa prɛko pɛ. Michael J. Tyler yɛ nyansahufo a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. N’asɛm a ɔkyerɛwee ne sɛ: “Entumi mma sɛ ɔkwan a apɔtorɔ no fa so wo no, biribi na ɛdannan nkakrankakra bɛyɛɛ saa. Saa na n’awo te; wosesa no a ɛnyɛ yiye.” Enti Tyler kyerɛ sɛ, “nea yebetumi aka ara ne sɛ, obi na otuu ho anammɔn kɛse bi.” Ebinom kyerɛ sɛ saa anammɔn kɛse no na yɛfrɛ no adebɔ. *

Wususuw ho sɛn? Sɛnea apɔtorɔ yi wo fa n’anom no, ɛno ara na ɛbae anaasɛ obi na ɔbɔe?

^ nky. 7 Charles Darwin kae wɔ nhoma bi mu sɛ: “Nneɛma a ɛsesɛ na baako tumi dan kɔyɛ baako; enti entumi mma da sɛ saa apɔtorɔ no nko ara bɛyɛ . . . soronko saa.”