Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | GUILLERMO PEREZ

Oduruyɛfo Nimdefo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Oduruyɛfo Nimdefo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Guillermo Perez yɛ dɔkota a ɔyɛɛ adwuma wɔ South Africa ayaresabea kɛse bi mu. Ɔno na na ɔda adɔkotafoɔ a na wɔyɛ oprehyɛn no ano. Nnansa yi ara na wakɔ pɛnhyen. Ná ɔgye di sɛ nneɛma bi na ɛdanedanee maa nkwa bae. Ɔnyaa saa gyidie no kyɛe. Nanso akyire yi ɔbɛgye dii sɛ Onyankopɔn na ɛbɔɔ nnipa. Nyan! kyerɛwfo ne no twetwee nkɔmmɔ faa ne gyidie ho.

Yɛsrɛ wo, kyerɛ yɛn nea enti a kane no na wogye di sɛ nneɛma bi na ɛdanedanee maa nkwa bae?

M’awofoɔ de Katoleksom na ɛtetee me, nanso na m’adwene nsi pi Nyankopɔn ho, efisɛ Onyankopɔn a ɔhye nkurɔfo wɔ egya mu deɛ, na ɛyɛ den sɛ mɛgye no adi. Enti bere a suapɔn mu akyerɛkyerɛfo kyerɛɛ me sɛ ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛbɔɔ adeɛ na mmom biribi na ɛdanedane maa nkwa bae no, megye dii. Mefaa no sɛ ɛwɔ nnyinasoɔ. Asɔre a mekɔ no nso, na wɔgye di sɛ bibiri na ɛdanedane maa nkwa bae nanso ɛfiri Nyankopɔn.

Ɛyɛɛ dɛn na w’ani bɛgyee Bible ho?

Me yere Susana firii aseɛ ne Yehowa Adansefoɔ suaa Bible. Wɔde Bible kyerɛɛ no sɛ Nyankopɔn nhye nnipa wɔ egya mu. * Bio nso wɔkyerɛɛ no sɛ Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma asase yi adane paradise. * Enti yɛhunuu sɛ nkyerɛkyerɛ wei deɛ ntease wom. Afe 1989 mu no, Yehowa Danseni a yɛfrɛ no Nick firii aseɛ srasraa me. Da bi na yɛresua nea ɛyɛe a yɛn nipadua bae. Asɛm a ɛwɔ Hebrifo 3:4 no tɔɔ m’asom paa. Ɛka sɛ: “Ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.”

Bere a wusuaa nipadua ho adeɛ no, wugye dii sɛ obi na ɛbɔɔ adeɛ?

Aane. Mehwɛ sɛnea nipadua no ara siesie ne ho a, mihu sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛe. Mɛyɛ ho nhwɛso a, sɛ ekuro tu obi a, nneɛma nnan bi kɔ so wɔ nipadua no mu ansa na ekuro no awu. Wei nyinaa maa mehunuu sɛ oprehyɛn a meyɛ no, nipadua no ara na edi boa me.

Biribi twa yɛn a, deɛn na ɛkɔ so wɔ yɛn nipadua mu?

Biribi twa wo a, ɛhɔ ara adeɛ a edi kan no hyɛ aseɛ yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a mogya no bɛtwa. Sɛnea nneɛma keka bom yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no yɛ nwanwa paa. Adeɛ baako a mentumi mmu m’ani ngu so ne  sɛ, ntini a mogya fa mu no tenten bɛyɛ akwansin 60,000 (kilomita 100,000). Deɛ ɛyɛ nwanwa wɔ ho ne sɛ ɛno ara tumi ma mogya twa ma ekuro no nso wu. Saa adeɛ yi plɔmbafoɔ animdefoɔ mpo ntumi nte aseɛ.

Adeɛ a ɛtɔ so mmienu no adwuma ne sɛn?

Ebedi nnɔnhwere kakra no, na mogya no atwa ama ɛhɔ ahon. Ansa na ɛhɔ bɛhon no, na nneɛma a ɛyɛ nwanwa pii akɔ so. Deɛ edi kan no, ntini a ɛka twom maa mogya no twaeɛ no, afei deɛ emu buebue. Sɛ emu bue saa a, etumi ma mogya pii fa mu kɔ baabi a atwa no. Deɛ edi hɔ no, nsuo a protein wom kɔgyina baabi a atwa no ma ɛhɔ hon. Nsuo no adwuma ne sɛ, ɛmma kuro no mporɔ, eyi borɔ na ɛhohoro kuro no anim. Deɛ ɛbɛkɔ so biara no, ehia nkwammoaa pepeankoma soronko bi. Nneɛma a ɛkɔ so no bi bɔ kwan ma deɛ edi hɔ; ɛno akyi no na awie n’adwuma.

Dɛn bio na ɛkɔ so ansa na kuro no awu?

Edi nna kakra a, nneɛma a ɛbɛma kuro no awu ba nipadua no mu, na ɛno na efi adeɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no ase; ebedi bɛyɛ nnawɔtwe mmienu no na nipadua no anya nea ehia nyinaa. Nkwammoaa a ɛma kuro no ka twom no yi wɔn ti wɔ baabi a kuro no wɔ no, na akyire yi nkwammoaa no yɛ bebree. Afei nso, mogya ntini nketenkete bi ba ekuro no ho beyi mu efĩ na epu nnuro soronko bi gu mu siesie kuro no anim. Ɛno akyi no, adeɛ bi a ɛyɛ nwanwa kɔ so. Nkwammoaa soronko bi ba bɛka kuro no twom.

Adwuma a ɛkɔ so no nyɛ agorɔ koraa! Enti edi nna sɛn ansa na ekuro no awu koraa?

Nea etwa toɔ no tumi di abosome bi. Saa bere no, dompe toãtoã, na honam koro fa so. Woka ne nyinaa bom a, wutumi hu sɛ nneɛma bi a ɛyɛ nwanwa bebree keka bom wɔ nipadua mu ansa na ekuro no atumi awu.

Enti wubetumi akae asɛm bi a epusuu wo paa?

Sɛ mihu sɛnea nipadua no sa ne ho yareɛ a, etumi yɛ me nwanwa dodo!

Aane. Mekae sɛ meyɛɛ mfe 16 abaayewa bi a onyaa kar akwanhyia ho adwuma. Ná ne tan mu atwa ama mogya renwunu gu ne mu; ná baabi a ɔda nyɛ koraa. Kane no a, anka yɛbɛyɛ no oprehyɛn ayɛ tan no ho adwuma anaa yɛayi atwene. Nanso nnɛ deɛ adɔkotafoɔ pɛ sɛ nipadua no ara sa ne ho yareɛ. Enti memaa no aduro a ɛmma kuro no mporɔ, de nsuo sii ne so maa no mogyaduro ne aduro a ɛmma ɔnte yaw. Akyire yi yɛtwaa skan hunuu sɛ tan no asa ne ho yareɛ. Sɛ mihu sɛnea nipadua no sa ne ho yareɛ a, etumi yɛ me nwanwa dodo! Ɛno ma me gyidie si pi sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn.

Dɛn na ɛmaa w’ani bɛgyee Yehowa Adansefoɔ ho?

Mehunuu sɛ wɔpɛ nnipa, na wɔn nsɛm nyinaa firi Bible mu. Bio nso, akokoduru a wɔde ka wɔn gyidie ho asɛm kyerɛ nkurɔfo na wɔboa nkurɔfo ma wɔsua Onyankopɔn ho adeɛ no yɛɛ me fɛ.

Yehowa Danseni a wobɛyɛe no, ɛboaa wo w’adwumayɛ mu?

Aane. Adeɛ baako ne sɛ, ɛboa maa m’awerɛhoɔ so tee. Ɛne sɛn? Ɛne sɛ, adɔkotafoɔ ne anɛɛsefoɔ nyinaa, sɛ wɔyɛ obi a ɔyare anaa wapira ho adwuma a, etumi gya wɔn awerɛhoɔ, na ɛno mu na ɛboaa me. Bio nso, sɛ eduru baabi na ayarefo no bi pɛ sɛ wɔne me bɔ nkɔmmɔ a, na mekyerɛkyerɛ wɔn sɛ Ɔbɔadeɛ no ahyɛ bɔ sɛ obeyi yareɛ ne amanehunu * afiri hɔ de wiase foforɔ bi aba a ɛhɔ deɛ, obiara renka sɛ, “meyare.” *