Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Ɔwɔ Wedeɛ

Ɔwɔ Wedeɛ

ƆWƆ nni nsa ne nan a ɔde nantew enti ohia wedeɛ a ɛyɛ den na watumi atwe ne ho ase. Ɔwɔ bi tumi foro dua a ɛho wewerɛwewerɛ na ebi nso tu bɔn wɔ anhwea mu. Dɛn na ɛma ɔwɔ wedeɛ yɛ den saa?

Dwene ho: Ɔwɔ gu ahorow, na wɔn wedeɛ nso gu ahorow. Wedeɛ no bi mu yɛ duru sen bi, na ɛsono sɛnea ebiara te. Akyire no yɛ den kyɛn emu. Ɛboa aboa no sɛn? Onimdefo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Biribiara a akyire yɛ den kyɛn emu no, sɛ biribi bɔ so a, entumi nsɛe no ntɛm.” (Marie-Christin Klein) Saa na ɔwɔ wedeɛ te, enti sɛ ɔtwe ne ho ase wɔ fam a, ne honam nyɛ no ya. Sɛ ɔnam abosea mu mpo na sɛ ebi wɔ no a, ne honam no nyinaa gye, enti ne wedeɛ no ntumi nsɛe. Abosome mmienu de rekɔ mmiɛnsa biara, ɔwɔ worɔ ne ho baako pɛ, enti sɛ ne wedeɛ no nyɛ den a, anka ne ho betwitwa.

Nneɛma bi wɔ hɔ a, ɔwɔ wedeɛ mu nneɛma bi wom, na wotumi de yɛ adwuma wɔ ayaresa mu. Ebi ne nnade ne rɔba a wɔde hyehyɛ nnipa wedeɛ mu; etumi hyɛ hɔ yiye na ɛnsɛe ntɛm. Mfidie bi a ɛwɔ biribi te sɛ conveyor bɛlt a yɛayɛ no sɛ ɔwɔ wedeɛ no, enhia sɛ yɛde ngo gugu mu bebree.

Wususu ho sɛn? Ɔwɔ wedeɛ no, wugye di sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?