Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Sɛnea Aketekyire Aso Te Nnyigyei ma Ɛyɛ Nwonwa

Sɛnea Aketekyire Aso Te Nnyigyei ma Ɛyɛ Nwonwa

AKETEKYIRE a wɔwɔ Amerika Anafo Fam no aso susua, nanso ɛyɛ adwuma te sɛ onipa aso. Akoekoeboa no betumi ate nnyigyei ahorow afi akyirikyiri. Sɛ mfatoho no, ebetumi akyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ aketekyire foforo bi sũ ne ampan a ɔrepɛ no akyere no no sũ mu.

AKETEKYIRE ASO

Susuw ho hwɛ: Aketekyire aso abien no tuatua ne nan abien a ɛwɔ anim no ho. Ɛte sɛ onipa aso a etumi kyere nnyigyei, yɛ ho adwuma, na ehu sɛnea ano den te no. Nanso nyansahufo ahu akwaa soronko bi wɔ akoekoeboa yi aso mu—biribi a nsu gyina mu a ɛte sɛ baluu teaa bi. Akwaa yi a ɛboa ma akoekoeboa yi te nnyigyei no te sɛ nea ɛhyɛ onipa aso mu no ara pɛ, nanso sɛ wode toto nnipa de no ho a, esua koraa. Saa akwaa yi na ɛma aketekyire tumi te nnyigyei yiye saa no.

Ɔbenfo Daniel Robert, a ɔwɔ Bristol Nyansahu Sukuupɔn wɔ United Kingdom no ka sɛ, ade a wɔahu yi bɛboa mfiridwumayɛfo ma “wɔayɛ mfiri nketenkete a wɔde tie asɛm a etumi te nnyigyei yiye sen afiri biara a wɔayɛ pɛn.” Nhwehwɛmufo gye di sɛ ɛbɛboa ma wɔatumi anya mfiri a wɔde tie nnyigyei yiye, a nea wɔde yɛ adwuma wɔ ayaresabea ahorow nso ka ho.

Wususuw ho dɛn? So aketekyire aso a ɛte nnyigyei ma ɛyɛ nwonwa yi nam adannandi so na ɛbae? Anaa wɔbɔe?