Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Adamfofa a Ɛkɔ Akyiri Dodo

Adamfofa a Ɛkɔ Akyiri Dodo

ASƐNNENNEN

Wowɔ adamfo bi a ɛsono ne bɔbeasu a ɔte w’asɛm ase paa. Mo baanu tumi bɔ biribiara ho nkɔmmɔ, na moyɛ saa bere nyinaa. Woka sɛ, ‘yɛyɛ nnamfo kɛkɛ,’—nanso sɛ wo hokafo no hu sɛ mo nkutoo tumi bɔ nkɔmmɔ kyɛ dodo a, ebetumi ama wanya adwene foforo.

Ɛda adi sɛ mo adamfofa no akɔ akyiri dodo na ehia sɛ woyɛ ho biribi. Nanso nea edi kan no, susuw nea enti a mofaa adamfo a ɛte saa no ho.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Abotɔyam. Sɛ yɛbɛka a, sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu nya wo ho adagyew a, ɛma wo koma tɔ wo yam. Ɛma wo tirim yɛ wo dɛ, na ɛma wote nka sɛ wo nso woyɛ obi. Afei bere a woaware mfe bi akyi no, wubehu sɛ woanya obi foforo a ɛsono ne bɔbeasu a wubetumi de wo werɛ ahyɛ ne mu. Nanso hyɛ eyi nsow: Obi a ɔnyɛ wo yere anaa wo kunu a wode wo werɛ bɛhyɛ ne mu saa no betumi de wo ato asiane mu. Sɛ wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu nya ayɔnkofa a ɛte saa a, ebetumi aka w’aware no. Ɔkwan bi so no, woama ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wode ma wo hokafo no abɔ no.

• Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na minya fi ayɔnkofa yi mu a merentumi nnya mfi m’aware mu?’

Nea ɛde ɔhaw ba. Bible ka sɛ wɔn a wɔbɛware no ho “behiahia” wɔn wɔ ɔkwan bi so. (1 Korintofo 7:28) Sɛ nhwɛso, ɛtɔ da a, wobɛte nka sɛ wo hokafo abu n’ani agu wo so anaa n’ani nnye wo ho, anaa wode ne ho asɛm bɛhyɛ wo mu esiane asɛm bi a moantumi ansiesie nti. Ebia wo hokafo no ani nnye ho sɛ mubesusuw nsɛm ahorow bi a ɛte saa ho, na ɛhaw wo araa ma wo ne obi foforo mmom na esusuw ho. Animdefo bi ka sɛ, sɛ wo ne wo hokafo ansusuw mo nsɛnnennen ho a, ebetumi asɛe anigye a ɛwɔ aware no mu—na ebetumi mpo akowie awaregyae mu.

• Bisa wo ho sɛ, ‘So biribi tɔ sin wɔ m’aware mu a ebetumi ama mede me ho akɔhyɛ adamfofa a ɛmfata mu?’

 NEA WUBETUMI AYƐ

Hu asiane no. Bible ka sɛ: “So wubetumi de ogya ahyɛ wo kokom a ɛrenhyew w’atade?” (Mmebusɛm 6:27, Good News Translation) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ woaware, na wunya obi foforo ho dɔ a, ɛyɛ bɔne ankasa. (Yakobo 1:14, 15) Ɛnyɛ nea ebetumi afi mu aba kɛkɛ ne asɛm no. Susuw nea asi dedaw no ho. Sɛ wunya obi foforo ho adagyew saa a, ɛbɛma wode ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wode ma wo hokafo no akame no.

Nnaadaa wo ho. Adamfofa a ɛte saa no betumi ama wasusuw sɛ ebia wowaree onipa a ɔte saa a, anka asetena bɛkɔ yiye. Nanso sɛ woyɛ saa a, na wode nea w’adamfo no bɔ ho mmɔden no retoto wo hokafo no mmerɛwyɛ ho—ɛyɛ ntotoho a enye koraa! Kae nso sɛ, sɛnea sɛ woredwinnwen w’adamfo yi ho a w’ani gye no, saa ara na mfiase no na ɛte wɔ wo ne wo hokafo no ntam.—Bible nnyinasosɛm: Yeremia 17:9.

Ma wo ho anohyeto ahorow. Nkurɔfo de alarm hyɛ wɔn kar anaa wɔn afie mu de bɔ wɔn ho ban fi akorɔmfo ho. Wubetumi ayɛ biribi a ɛte saa de abɔ w’aware ho ban. Bible ka sɛ, “Bɔ wo koma ho ban.” (Mmebusɛm 4:23) Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Sɔ nea edidi so yi hwɛ:

  • Ma ɛnna adi pefee sɛ woaware—ebia wode wo hokafo mfonini bɛbɔ baabi a afoforo behu wɔ w’adwuma mu.—Bible nnyinasosɛm: Genesis 2:24.

  • Di kan hu nea wobɛyɛ ne nea woremma ho kwan bere a wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu redi no. Sɛ nhwɛso no, ɛremfata sɛ wobɛka w’aware mu nsɛm akyerɛ adamfo a ɔte saa anaa wo ne wo yɔnko dwumayɛni a ɛsono ne bɔbeasu bɛkɔ akɔnom nsã.

  • Sɛ wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɔ paa a, twa adamfofa a ɛte saa mu. Sɛ ɛyɛ den dodo ma wo sɛ wobɛyɛ a, bisa wo ho nea enti a ɛte saa. Sɛ́ anka wobɛbɔ mmɔden de nsɛm bi ayiyi wo ho ano no, nyi wo hokafo no mma, na hwehwɛ akwan a wobɛfa so abɔ w’aware ho ban.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 5:18, 19.