Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Bere a Wo Ba Adu ne Mmabunbere Mu

Bere a Wo Ba Adu ne Mmabunbere Mu

ƆHAW NO

Ebia a wobɛka sɛ, “Nnɛra yi ara na na abofra yi da me nan so.” Ɛyɛ nokware, nanso seesei ɔrekeka kɔ ne mmabunbere mu.

Sɛ wo ba du ne mmabunbere mu a, ɛnna fam efisɛ wadu bere a obetumi awo, na nsakrae pii ba ne nipadua mu. Ɛnde, dɛn na wobɛyɛ aboa abofra a ɔte saa?

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Ɛwɔ ne bere. Ebi deɛ hyɛ ase ntɛm, ebi nso deɛ gye bere kakra. Obi wɔ hɔ a, mfe nwɔtwe na ne deɛ afi ase, obi nso wɔ hɔ a, ɛbɛba no na wadi bɛyɛ mfe dunum. Nhoma a wɔato din Letting Go With Love and Confidence kaa sɛ, “Ɛsono bere a obiara deɛ hyɛ ase.”

Ɛma ebinom yɛ basaa. Mmofra bi wɔ hɔ a, sɛ wodu wɔn mmabunbere mu a, wɔyɛ basaa. Abarimaa bi a yɛfrɛ no Jared * kaa sɛ, “Nsakrae a ɛbaa me ho no maa meyɛɛ basaa. Sɛ me ne me mfɛfo wɔ hɔ a, ɛyɛ a ɛyɛ me sɛ matom.” Sɛ nsaansaa anaa pimpɔs san gugu wɔn a, na asɛe asɛm no koraa. Kellie yɛ ababaa a wadi mfe 17, na ɔkaa sɛ: “Ná ɛyɛ me sɛ nkurɔfo hwɛ me dodo. M’adwene yɛɛ me sɛ me ho nyɛ fɛ, enti daa na ato su.”

Wɔn a wɔn deɛ ba ntɛm. Sɛ abaayewa bi du ne mmabunbere mu a, otumi hyia paa. Sɛ ne nufu fi ase bobɔ, na ne sisi trɛw a, nkurɔfo tumi serew no. Nhoma bi a wɔato din A Parent’s Guide to the Teen Years kaa sɛ, “Mmaayewa du saa bere no a, wɔn ho taa yɛ mmerante akɔnnɔ, enti ɛyɛ a wɔhaw wɔn.”

Obi du saa bere no a, ɛnkyerɛ sɛ wanyin. Mmebusɛm 22:15 ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” Obi yɛ ɔbabun a ɛnkyerɛ sɛ saa asɛm no mfa ne ho. Nhoma bi a wɔato din You and Your Adolescent kaa sɛ, “Abofra bi wɔ hɔ a, wuhu no a asɛ wanyin, nanso ɛnkyerɛ sɛ obetumi asisi gyinae akɛse, anaa ɔbɛyɛ n’ade sɛ panyin, anaa obetumi adi ne ho so.”

NEA WUBETUMI AYƐ

Ka ho asɛm kyerɛ wo ba ansa na wadu hɔ. Sɛ ɔyɛ ɔbea a, ma onhu nneɛma a ɔyɛ bra a ɔbɛfa mu. Ɔyɛ barima nso a ma onhu sɛ ɛwom ara a ne ho bɛba. Wei ba putupuru; ɛmmɔ nkae. Etumi ma wɔn adwene tu fra na ebinom koraa deɛ, etumi bɔ wɔn hu paa. Sɛ wo ne wo ba resusuw ho a, mmɔ no hu na mmom ma onhu sɛ nyin na ɔrenyin.—Bible mu asɛm: Dwom 139:14.

Mfa biribiara nsie. Aberante bi a wɔfrɛ no John kaa sɛ: “Bere a m’awofo ne me reka nsakrae a ɛkɔ so mmabunbere mu no, wɔantumi anyi anim. Ɛkaa me nko a, anka wɔkaa no tẽẽ.” Alana nso yɛ ababaa a wadi mfe 17, na ɔkaa sɛ: “Me maame maa metee nsakrae a na ɛrekɔ so wɔ me nipadua mu no ase, nanso me yam a anka otumi kyerɛɛ me nea mɛyɛ wɔ ho.” Dɛn na awofo betumi asua afi mu? Ɛwom sɛ nsɛm a ɛte saa ka nna fam, nanso ɛsɛ sɛ awofo mia wɔn ani bue nsɛm ani so kyerɛ wɔn mma.—Bible mu asɛm: Asomafo Nnwuma 20:20.

Bisa nsɛm a ɛbɛma wo ba no akasa. Ebia wo ba reyɛ adu ne mmabunbere mu, na wopɛ sɛ wo ne no bɔ nkɔmmɔ ma ohu nea ɔbɛfa mu. Wobɛyɛ no sɛn? Sɛ ɔyɛ ɔbea a, wubetumi abisa no sɛ, “Woate sɛ wo sukuufo no bi ayɛ bra?” “Wɔn a wɔahyɛ ase rebobɔ nufu no, ɛyɛ a sukuufo no di wɔn ho fɛw?” Ɔyɛ abarimaa nso a, wubetumi abisa no sɛ, “Mmofra bi wɔ mo sukuu mu a wɔanyin apua?” “Ɛyɛ a sukuufo no serew wɔn anaa?” Sɛ wo ne wo ba taa bɔ nkɔmmɔ ma ɔka nea ne mfɛfo refa mu a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ obebue ne koma mu akyerɛ wo. Wo ba no rekasa a, fa Bible mu afotu yi yɛ adwuma: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.”—Yakobo 1:19.

Boa wo ba na ‘ɔnkora nyansa ne adwempa.’ (Mmebusɛm 3:21) Sɛ abofra du ne mmabunbere mu a, ɛnyɛ ne nipadua anaa ne nneyɛe nko ara na ɛsesa. Saa bere no nso, osua sɛnea obesi gyinae pa daakye. Enti wo ba du saa bere no a, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wunya adagyew tete no paa ma ohu sɛnea ɔbɛbɔ ne bra.—Bible mu asɛm: Hebrifo 5:14.

Mma w’abam mmu. Ɛyɛ den ma mmabun bebree sɛ wɔbɛka wɔn asɛm akyerɛ obi, nanso mma ɛnhaw wo sɛ wo ne wo ba bɛbɔ nkɔmmɔ ama no ahu nea ɔbɛfa mu. Nhoma a wɔato din You and Your Adolescent kaa sɛ: “Ɛtɔ da a mmofra bi yɛ wɔn ho sɛ wɔn ani nnye saa nkɔmmɔ no ho, nanso wobɛhwɛ na wɔredwen nea woreka no ho paa.”

^ nky. 8 Yɛasesa din no bi.