Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Wo Hokafo Afa W’akyi

Bere a Wo Hokafo Afa W’akyi

“Bere a me kunu ka kyerɛɛ me sɛ ɔregyaa me akɔfa ababaa bi no, anka biribi reyɛ ayɛ me. Sɛ mekae brɛ a mabrɛ ne ho a, mete nka sɛ ɔne me anni no yiye koraa.”​—Maria, Spain.

“Bere a me yere gyaa me mpofirim no, asɛm no bubuu me koraa. Yɛn anidaso nyinaa yɛɛ ɔkwa, na nhyehyɛe biara a na yɛayɛ no gye gui. Ɛtɔ da a, na midwen sɛ dadwen biara nna me so bio, nanso wobɛhwɛ na mayɛ basaa a minhu nea menyɛ me ho.”​—Bill, Spain.

SƐ OBI kunu anaa ne yere sɛe aware a, ebetumi ayɛ no yaw pa ara. Ɛwom, awarefo no bi wɔ hɔ a, wɔde wɔn hokafo a wanni nokware nanso wanu ne ho no bɔne kyɛ no, na ɔne no ka bom bio. * Nanso sɛ́ awarefo no bɛsan aka abom anaa wɔrenyɛ saa no, asɛm no tumi haw nea ne ho nni asɛm no pa ara. Ɛbɛyɛ dɛn na nea ne ho nni asɛm no agyina tebea a ɛyɛ yaw saa no ano?

BIBLE MU NSƐM A EBETUMI ABOA WO

Ɛmfa ho sɛ awarefo a wɔn hokafo afa wɔn akyi no fa ateetee pii mu no, Bible no akyekye wɔn mu pii werɛ. Wɔabehu sɛ, nusu a wɔtew ne yaw a wodi nyinaa, Onyankopɔn nim.​—Malaki 2:13-16.

“Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.”​Dwom 94:19.

Bill kaa sɛ: “Bere a merekenkan saa asɛm no, metee nka sɛ Yehowa rekorɔkorɔ me, te sɛ agya bi a ɔdɔ ne ba.”

“Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwaredi mu.”​Dwom 18:25.

Carmen nso, ne kunu faa n’akyi abosome pii. Ɔkaa sɛ: “Me kunu anni me nokware, nanso migye di sɛ Yehowa de, obedi me nokware. Ɔremma me nsa nsi fam da.”

‘Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ho ban.’​Filipifo 4:6, 7.

Sasha kaa sɛ: “Mekenkan kyerɛwsɛm yi mpɛn pii. Bere a mekɔɔ so bɔɔ mpae no, Onyankopɔn maa minyaa akomatɔyam.”

Nnipa a yɛafa wɔn asɛm aka yi nyinaa, eduu baabi no, na wɔn abam reyɛ abu. Nanso wɔde wɔn ho too Yehowa Nyankopɔn so, na wɔmaa n’Asɛm hyɛɛ wɔn den. Bill nso, nea ɔkae ni: “Onyankopɔn a migye no di nti, ɛmfa ho sɛ na ɛte sɛ nea biribiara agye nsam no, minyaa abotɔyam. Ɛwom sɛ eduu mmere bi no, na ‘menam esum kabii bon mu’ de, nanso na Onyankopɔn ka me ho.”​—Dwom 23:4.

^ nky. 4 Nea ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ɛsɛ sɛ wode wo hokafo a wafa w’akyi no bɔne kyɛ no anaa ɛnsɛ sɛ woyɛ saa no, hwɛ asɛm a wɔato din, “Bere a Ɔwarefo Bi Fi Ne Hokafo Akyi” a ɛwɔ Nyan! a ɛbae May 8, 1999 mu no.