Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Meyɛ Ɔsotifo De, Nanso Mekyerɛkyerɛ Afoforo

Meyɛ Ɔsotifo De, Nanso Mekyerɛkyerɛ Afoforo

Mebɔɔ asu afe 1941 bere a na madi mfe 12. Nanso, afe 1946 ansa na merete nokware a ɛwɔ Bible mu no ase paa. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Ma menka m’asetenam nsɛm nkyerɛ wo.

M’AWOFO tu fii Tbilisi, Georgia, afe 1910 mfe no mu kɔɔ Canada. Wɔkɔtenaa ofie ketewaa bi mu. Ná ofie no si afuw bi mu wɔ sare so. Ɛhɔ bɛn Pelly, Saskatchewan, wɔ Canada atɔe fam. Wɔwoo me afe 1928. M’awofo mma baasia no, me na na meyɛ kaakyire. Me papa wu akyi asram nsia na wɔwoo me. Me maame nso wui bere a na meda so ara yɛ abadomaa. Ankyɛ koraa na me nuabea panyin paa, Lucy, wui bere a na wadi mfe 17. Ɛno akyi no, me wɔfa Nick bɛfaa me ne me nuanom kɔhwɛɛ yɛn.

Bere a na meyɛ akokoaa no, da koro m’abusuafo no hui sɛ meretwe mpɔnkɔ a wɔwɔ yɛn afuw mu no baako a ɔyɛ pɔnkɔnini dua. Ehu kaa wɔn, efisɛ wohui sɛ anhwɛ a na ɔpɔnkɔ no atu ne nan awɔ me. Enti wɔteɛteɛɛm sɛ minnyae nea mereyɛ no, nanso mannyae. M’akyi na na ɛhwɛ wɔn, na mante wɔn nteɛteɛm no nso. Anigyesɛm ne sɛ, pɔnkɔ no ampira me. Nanso, saa da no na m’abusuafo no hui sɛ meyɛ ɔsotifo.

Ɔbarima bi a ɔbɛn yɛn abusua no kae sɛ, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde me bɛkɔ mmofra a wɔyɛ asotifo sukuu. Enti Wɔfa Nick de me kɔɔ asotifo sukuu a ɛwɔ Saskatoon wɔ Saskatchewan. Ná sukuu no mmɛn yɛn abusua no koraa. Esiane sɛ na madi mfe nnum pɛ nti, ehu kaa me paa. Ahomegye nna ne akwamma bere nkutoo na na mekɔ fie. Awiei koraa no, misuaa mum kasa, na me ne mmofra foforo dii agorɔ maa m’ani gyei.

NEA ƐMA MIHUU NOKWARE A ƐWƆ BIBLE MU

Afe 1939 no, me nuabea panyin a ɔto so mmienu a ne din de Marion, waree Bill Danylchuck. Ɔne ne kunu faa me ne me nuabea Frances kɔtenaa wɔn nkyɛn. Wɔne m’abusuafo a wodii kan ne Yehowa Adansefo suaa ade. Sɛ edu akwamma bere na mekɔ fie a, na wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma mahu nea wɔresua afi Bible mu no. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ na wɔnte mum kasa nti, na ɛyɛ den sɛ mɛte nea wɔreka no ase. Nanso, wohui sɛ m’ani gye Yehowa ho ade a meresua no ho paa. Mihui sɛ, adwuma a na wɔreyɛ no, na egyina Bible mu asɛm so. Enti midii wɔn akyi ne wɔn kɔɔ asɛnka. Ankyɛ na mekae sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu. Enti September 5, 1941 no, Bill bɔɔ me asu wɔ ankora bi a na wɔatwe abura mu nsu agu mu mu. Nokwasɛm ne sɛ, na nsu no yɛ nwini papaapa!

Me ne asotifo bi wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Cleveland, Ohio, afe 1946

Afe 1946, bere a yɛmaa kwan na mebaa fie no, yɛkɔɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ Cleveland, Ohio, U.S.A. Ɔmantam nhyiam no da a edi kan no, me nuabeanom kyerɛkyerɛw ɔkasa ahorow no mu nsɛm bi maa me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte dwumadi no ase. Ɛda a ɛto so mmienu no, mihuu asotifo bi a na wɔrekyerɛ kasa ahorow no ase akɔ mum kasa mu ama wɔn, na ɛmaa m’ani gyei paa. Afei de, metee ɔkasa ahorow no nyinaa ase. M’ani gyei paa sɛ mitumi tee nokware a ɛwɔ Bible mu no ase yiye!

MEDE NOKWARE NO KYERƐKYERƐE

Saa bere no, na Wiase Ko II no baa awiei nkyɛe. Ná nkurɔfo reyɛ nneɛma bi de akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn man paa. Nanso, bere a mifii ɔmantam nhyiam no ase kɔɔ sukuu no, na masi me bo sɛ mekura me gyidi mu pintinn. Enti migyaee frankaakyia, na manto ɔman dwom no nso bio. Migyaee nnapɔnna di, na asɔre a na ɛyɛ nhyɛ sɛ sukuuni biara kɔ bi no nso, migyaee. Sukuu no mpanyimfo ani annye ho, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobehunahuna me. Wɔkekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware kyerɛɛ me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsesa m’adwene. Agyigyesɛm a na ɛrekɔ so no maa me sukuufo no ho dwiriw wɔn, nanso ɛma minyaa hokwan dii wɔn adanse. Awiei koraa no, me mfɛfo sukuufo te sɛ Larry Androsoff, Norman Dittrick, ne Emil Schneider gyee nokware no, na wɔde nokwaredi resom Yehowa de besi nnɛ.

Sɛ mitu kwan kɔ nkurow foforo so a, na mebɔ mmɔden paa sɛ medi asotifo a wɔwɔ hɔ no adanse. Nhwɛso bi ni. Bere a mekɔsraa asotifo kuw bi wɔ Montreal no, midii aberante bi a ne din de Eddie Tager a na ɔyɛ asotifo kuw bi muni adanse. Ná ɔwɔ asafo bi a ɛka mum kasa mu wɔ Laval, Quebec, kosii sɛ owui afe a etwaam no. Mesan nso hyiaa aberante bi a ne din de Juan Ardanez. Ná ɔte sɛ Beroiafo a Bible ka wɔn ho asɛm no. Ɔyɛɛ nhwehwɛmu hwɛe sɛ asɛm a na mereka akyerɛ no no fi Bible mu anaa. (Aso. 17:10, 11) Ɔno nso baa nokware no mu, na ɔde nokwaredi somee sɛ asafo mu panyin wɔ Ottawa, Ontario, kosii sɛ owui.

Meredi adanse wɔ abɔnten so wɔ afe 1950 mfe no mfiase

Afe 1950 no, mitu kɔtenaa Vancouver. Ɛwom sɛ m’ani gye ho sɛ medi asotifo adanse de, nanso me werɛ remfi osuahu bi a minyae bere a midii ɔbea bi a ɔnyɛ ɔsotifo adanse wɔ abɔnten so no da. Ná ɔbea no din de Chris Spicer. Ɔkraa nsɛmma nhoma, na na ɔpɛ sɛ mikohu ne kunu Gary. Enti mekɔɔ wɔn fie, na me ne wɔn kyerɛkyerɛw nsɛm de bɔɔ nkɔmmɔ bere tenteenten. Yɛanhyia bio kosii mfe bi akyi, bere a wohuu me wɔ nnipadɔm bi mu wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Toronto, Ontario. Ɛyɛɛ me nwonwa paa. Ná Gary rebɛbɔ asu saa da no ara. Saa osuahu a ɛyɛ anigye no ma mekaee sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no, efisɛ yennim baabi ne bere a nokware no begye ntini.

Akyiri yi, mesan tu kɔtenaa Saskatoon. Ɛhɔ na mihyiaa maame bi a ɔkae sɛ me ne ne mmabea baanu a wɔyɛ ntaafo nsua Bible no. Ná ne mmabea no yɛ asotifo. Ná wɔfrɛ wɔn Jean ne Joan Rothenberger. Asotifo sukuu a mekɔe no, ɛhɔ ara na na wɔn nso kɔ sukuu. Ankyɛ na mmabaa baanu no kaa nea na wɔresua no ho asɛm kyerɛɛ wɔn sukuufo. Awiei koraa no, wɔn sukuufo no mu baanum bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Wɔn mu baako ne Eunice Colin. Ná madi kan ahyia Eunice wɔ saa asotifo sukuu no mu wɔ afe a na merebewie sukuu no. Bere a edi kan a mihyiaa Eunice no, ɔmaa me tɔfe, na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔfa me adamfo.

Me ne Eunice wɔ afe 1960 ne afe 1989

Bere a Eunice maame hui sɛ Eunice resua Bible no, ɔka kyerɛɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sukuu no so sɛ ɔmma Eunice nnyae adesua no. Ɔpanyin no gyee nhoma a na Eunice de sua ade no mpo. Nanso, na Eunice asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Bere a na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no, n’awofo ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wobɛyɛ Yehowa Dansefo a, ɛnde ɛsɛ sɛ wutu fi yɛn fie ha!” Enti Eunice tu fii n’awofo fie bere a na wadi mfe 17. Adansefo abusua bi a na wɔwɔ kurom hɔ gyee no tenaa wɔn nkyɛn. Eunice kɔɔ so suaa Bible no, na ɛno akyi no, ɔbɔɔ asu. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ onipa titiriw wɔ m’asetenam. Mewaree no! Bere a yɛwaree wɔ afe 1960 mu no, Eunice awofo amma yɛn ayeforohyia no ase. Nanso mfe bi akyi no, yɛn gyidi ne sɛnea yɛtetee yɛn mma no ma wobenyaa obu kɛse maa yɛn.

YEHOWA AHWƐ ME

Me ba Nicholas ne ne yere Deborah resom wɔ London Betel

Ɛwom sɛ yɛyɛ awofo a wɔyɛ asotifo de, nanso yɛtetee mmabarima baason a wɔnyɛ asotifo. Ná wei yɛ adwuma a ɛyɛ den paa. Nanso, yɛyɛɛ nea yebetumi biara boaa wɔn ma wosuaa mum kasa no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ne wɔn adi nkitaho yiye na yɛatumi akyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Anuanom mmarima ne mmea a na yɛne wɔn wɔ asafo mu no boaa yɛn paa. Nhwɛso bi ni. Bere bi a yɛwɔ Ahenni Asa so no, ɔwofo bi kyerɛw maa yɛn sɛ yɛn mma no baako reka kasafĩ. Yetumi dii asɛm no ho dwuma ntɛm ara. Me mmabarima no mu baanan, James, Jerry, Nicholas, ne Steven, ne wɔn yerenom ne wɔn mmusua de nokwaredi resom Yehowa. Wɔn baanan no nyinaa resom sɛ asafo mu mpanyimfo. Afei nso, Nicholas ne ne yere Deborah kyerɛ nsɛm ase kɔ mum kasa mu wɔ Britain baa dwumadibea. Na Steven ne ne yere Shannan nso ka wɔn a wɔkyerɛ nsɛm ase kɔ mum kasa mu wɔ United States baa dwumadibea no ho.

Me mmabarimanom, James, Jerry, ne Steven ne wɔn yerenom reboa asɛnka adwuma no wɔ akwan ahorow so wɔ mum kasa mu

Aka bosome baako ama yɛadi yɛn ayeforohyia afe a ɛto so 40 no na kokoram kum Eunice. Bere a Eunice yare no mu yɛɛ den no, ɔdaa akokoduru adi paa. Owusɔre no mu gyidi a na ɔwɔ no kɔɔ so hyɛɛ no den. Mehwɛ da a mɛsan ahu no bio no kwan paa.

Faye ne James, Jerry ne Evelyn, Shannan ne Steven

February 2012 no, mehwee ase maa me dwonku huanee. Ɛbɛdaa adi pefee sɛ mehia mmoa. Enti mitu kɔtenaa me mmabarima no mu baako ne ne yere nkyɛn. Seesei yɛwɔ Calgary Sign-Language Asafo mu, na meda so ara resom sɛ asafo mu panyin. Nokwasɛm ne sɛ, wei ne bere a edi kan koraa a makɔ asafo a wɔka mum kasa mu. Wo de, hwɛ! Matena asafo a wɔka Borɔfo kasa mu fi afe 1946. Dɛn na ɛmaa me ne Yehowa abusuabɔ mu kɔɔ so yɛɛ den? Yehowa adi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ nnyanka no so. (Dw. 10:14) M’ani sɔ nea wɔn a wɔbɔɔ mmɔden kyerɛkyerɛw nsɛm maa me no yɛe no. Saa ara nso na m’ani sɔ wɔn a wɔboaa me ma misuaa mum kasa, ne wɔn a wɔyɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛkyerɛ kasa ase ama me no paa.

Mekɔɔ akwampaefo sukuu a wɔyɛe wɔ Amerika Mum Kasa (ASL) mu bere a na madi mfe 79

Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a na meyɛ basaa, na na mereyɛ apa abaw efisɛ na mente asɛm a wɔreka no ase anaa na m’adwene yɛ me sɛ asotifo asɛm mfa obiara ho. Nanso ɛba saa a, na midwinnwen asɛm a Petro ka kyerɛɛ Yesu no ho. Petro kae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.” (Yoh. 6:66-68) Sɛnea anuanom mmarima ne mmea pii a wɔyɛ asotifo a wɔne me bɔ tipɛn suae sɛ wobenya abotare no, me nso masua sɛ mɛyɛ saa ara. Masua sɛ mɛtwɛn Yehowa ne n’ahyehyɛde no, na manya mfaso pii sɛ meyɛɛ saa! Seesei manya honhom fam aduan pii wɔ me kasa mu, na minya fekubɔ wɔ asafo nhyiam ne amantam nhyiam a yɛyɛ wɔ ASL (Amerika Mum Kasa) mu ase. Nokwasɛm ne sɛ, manya anigye ne nhyira pii wɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛseɛ no som mu.