Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

AspctStyle/stock.adobe.com

BƐKA YƐN HO MA YƐNKAE YESU WU NO

Yesu Bɛma Akokoakoko Agyae

Yesu Bɛma Akokoakoko Agyae

 Yesu wɔ asaase so no, na ɔdɔ nnipa paa. Ná ɔdɔ nnipa ara ma ɔde ne nkwa mpo too hɔ maa yɛn. (Mateo 20:28; Yohane 15:13) Seesei Yesu na odi Onyankopɔn Ahenni no so hene, na ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛsan ayɛ biribi kɛse ama yɛn de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛne sɛ, ɔde ne tumi bɛma ‘akodi agyae wɔ asaase nyinaa so.’—Dwom 46:9.

 Nea Yesu bɛyɛ ama yɛn no, hwɛ sɛnea Bible ka ho asɛm:

  •   “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔwa ne nea onni boafo nso. Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo nkwa. Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12-14.

 Nea Yesu ayɛ ama yɛn dedaw ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ w’ani sɔ? Wohwɛ Luka 22:19 a, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkae ne wu no. Enti afe biara, sɛ da no du so a, Yehowa Adansefo hyiam kae Yesu wu no. Yɛreto nsa afrɛ wo sɛ bɛka yɛn ho Kwasida, March 24, 2024, na yɛnkae Yesu wu no.

Hwehwɛ Baabi a Wubetumi Akɔ Nkaedi No Bi